< 申命記 33 >

1 神の人モーセは死ぬ前にイスラエルの人々を祝福した。祝福の言葉は次のとおりである。
Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu:
2 「主はシナイからこられ、セイルからわれわれにむかってのぼられ、パランの山から光を放たれ、ちよろずの聖者の中からこられた。その右の手には燃える火があった。
Ɔkaa sɛ, “Awurade firi Sinai ba bɛpuee yɛn so firii Seir; ɔhran firii Paran bepɔ so. Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.
3 まことに主はその民を愛される。すべて主に聖別されたものは、み手のうちにある。彼らはあなたの足もとに座して、教をうける。
Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no, akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam. Wɔkoto wo nan ase, na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;
4 モーセはわれわれに律法を授けて、ヤコブの会衆の所有とさせた。
mmara a Mose de maa yɛn no: Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.
5 民のかしらたちが集まり、イスラエルの部族がみな集まった時、主はエシュルンのうちに王となられた」。
Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa Israel mmusuakuo no.
6 「ルベンは生きる、死にはしない。しかし、その人数は少なくなるであろう」。
“Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre. Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”
7 ユダについては、こう言った、「主よ、ユダの声を聞いて、彼をその民に導きかえしてください。み手をもって、彼のために戦ってください。彼を助けて、敵に当らせてください」。
Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie: “Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ fa no brɛ ne nkurɔfoɔ. Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban. Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”
8 レビについては言った、「あなたのトンミムをレビに与えてください。ウリムをあなたに仕える人に与えてください。かつてあなたはマッサで彼を試み、メリバの水のほとりで彼と争われた。
Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie: “Ao Awurade, wode ade kronkron ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ. Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.
9 彼はその父、その母について言った、『わたしは彼らを顧みない』。彼は自分の兄弟をも認めず、自分の子供をも顧みなかった。彼らはあなたの言葉にしたがい、あなたの契約を守ったからである。
Lewifoɔ tiee wʼasɛm bɔɔ wʼapam no ho ban. Wɔdii wo nokorɛ sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ, wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.
10 彼らはあなたのおきてをヤコブに教え、あなたの律法をイスラエルに教え、薫香をあなたの前に供え、燔祭を祭壇の上にささげる。
Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ. Wɔde aduhwam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.
11 主よ、彼の力を祝福し、彼の手のわざを喜び受けてください。彼に逆らう者と、彼を憎む者との腰を打ち砕いて、立ち上がることのできないようにしてください」。
Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani. Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku; bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”
12 ベニヤミンについては言った、「主に愛される者、彼は安らかに主のそばにおり、主は終日、彼を守り、その肩の間にすまいを営まれるであろう」。
Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie: “Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ na wɔnya banbɔ wɔ ne mu. Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”
13 ヨセフについては言った、「どうぞ主が彼の地を祝福されるように。上なる天の賜物と露、下に横たわる淵の賜物、
Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie: “Awurade nhyira wɔn nsase; ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,
14 日によって産する尊い賜物、月によって生ずる尊い賜物、
ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;
15 いにしえの山々の産する賜物、とこしえの丘の尊い賜物、
ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu
16 地とそれに満ちる尊い賜物、しばの中におられた者の恵みが、ヨセフの頭に臨み、その兄弟たちの君たる者の頭の頂にくだるように。
ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu, ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu. Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.
17 彼の牛のういごは威厳があり、その角は野牛の角のよう、これをもって国々の民をことごとく突き倒し、地のはてにまで及ぶ。このような者はエフライムに幾万とあり、またこのような者はマナセに幾千とある」。
Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba. Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman, apamo wɔn akɔ asase ano. Yei ne me nhyira a mede rema Efraim bebrebe ne Manase mpempem no.”
18 ゼブルンについては言った、「ゼブルンよ、あなたは外に出て楽しみを得よ。イッサカルよ、あなたは天幕にいて楽しみを得よ。
Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie: “Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu. Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.
19 彼らは国々の民を山に招き、その所で正しい犠牲をささげるであろう。彼らは海の富を吸い、砂に隠れた宝を取るからである」。
Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ. Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”
20 ガドについては言った、「ガドを大きくする者は、ほむべきかな。ガドは、ししのように伏し、腕や頭の頂をかき裂くであろう。
Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie: “Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu! Gad ayɛ krado sɛ gyata a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.
21 彼は初穂の地を自分のために選んだ。そこには将軍の分も取り置かれていた。彼は民のかしらたちと共にきて、イスラエルと共に主の正義と審判とを行った」。
Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho; ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn. Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no, wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma, na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”
22 ダンについては言った、「ダンはししの子であって、バシャンからおどりでる」。
Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie: “Dan yɛ gyata ba a ɔrehurihuri firi Basan.”
23 ナフタリについては言った、「ナフタリよ、あなたは恵みに満たされ、主の祝福に満ちて、湖とその南の地を所有する」。
Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie: “Ao Naftali, wowɔ adom bebree na Awurade nhyira ayɛ wo ma; atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”
24 アセルについては言った、「アセルは他の子らにまさって祝福される。彼はその兄弟たちに愛せられ、その足を油にひたすことができるように。
Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie: “Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim; ne nuanom mfa anidie mma no; wɔmfa ngo nsra ne nan ho.
25 あなたの貫の木は鉄と青銅、あなたの力はあなたの年と共に続くであろう」。
Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ; Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.
26 「エシュルンよ、神に並ぶ者はほかにない。あなたを助けるために天に乗り、威光をもって空を通られる。
“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn; Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo, ɔde ne tumi nante omununkum mu.
27 とこしえにいます神はあなたのすみかであり、下には永遠の腕がある。敵をあなたの前から追い払って、『滅ぼせ』と言われた。
Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea; nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo. Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim; Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’
28 イスラエルは安らかに住み、ヤコブの泉は穀物とぶどう酒の地に、ひとりいるであろう。また天は露をくだすであろう。
Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu; Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so, na ɔsoro tɔ bosuo gu so.
29 イスラエルよ、あなたはしあわせである。だれがあなたのように、主に救われた民があるであろうか。主はあなたを助ける盾、あなたの威光のつるぎ、あなたの敵はあなたにへつらい服し、あなたは彼らの高き所を踏み進むであろう」。
Nhyira nka mo, Ao Israel! Hwan na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ ne mo nkonimdie akofena! Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim, na moatiatia wɔn so.”

< 申命記 33 >