< サムエル記Ⅱ 17 >

1 時にアヒトペルはアブサロムに言った、「わたしに一万二千の人を選び出させてください。わたしは立って、今夜ダビデのあとを追い、
Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mɛyi akodɔm mpem dumienu, na mafiri ha anadwo yi akɔtaa Dawid so.
2 彼が疲れて手が弱くなっているところを襲って、彼をあわてさせましょう。そして彼と共にいる民がみな逃げるとき、わたしは王ひとりを撃ち取り、
Mɛto no wɔ ɛberɛ a wabrɛ na nʼaba mu abu. Ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛbɔ hu na wɔadwane. Ɔhene no nko ara na mɛbɔ no ahwe,
3 すべての民を花嫁がその夫のもとに帰るようにあなたに帰らせましょう。あなたが求めておられるのはただひとりの命だけですから、民はみな穏やかになるでしょう」。
na mede nnipa no asane abrɛ wo, sɛdeɛ ayeforɔ kɔ ne kunu nkyɛn. Saa onipa yi nkwa nko ara na worehwehwɛ. Afei nnipa no nyinaa bɛka a wɔrenha obiara.”
4 この言葉はアブサロムとイスラエルのすべての長老の心にかなった。
Saa nhyehyɛeɛ yi sɔɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa ani.
5 そこでアブサロムは言った、「アルキびとホシャイをも呼びよせなさい。われわれは彼の言うことを聞きましょう」。
Nanso, Absalom kaa sɛ, “Momfrɛ Husai a ɔfiri Arki no mmra na yɛntie deɛ ɔwɔ ka.”
6 ホシャイがアブサロムのもとにきた時、アブサロムは彼に言った、「アヒトペルはこのように言った。われわれは彼の言葉のように行うべきか。いけないのであれば、言いなさい」。
Husai baeɛ no, Absalom kaa deɛ Ahitofel aka no kyerɛɛ no. Afei ɔbisaa no sɛ, “Wʼadwene ne sɛn? Yɛmfa Ahitofel afotuo no anaa? Na sɛ ɛnte saa a, kyerɛ yɛn wʼadwene.”
7 ホシャイはアブサロムに言った、「このたびアヒトペルが授けた計りごとは良くありません」。
Husai buaa Absalom sɛ, “Mʼadwene ne sɛ saa ɛberɛ yi deɛ Ahitofel ayɛ mfomsoɔ.
8 ホシャイはまた言った、「ごぞんじのように、あなたの父とその従者たちとは勇士です。その上彼らは、野で子を奪われた熊のように、ひどく怒っています。また、あなたの父はいくさびとですから、民と共に宿らないでしょう。
Wonim wʼagya ne ne dɔm; wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ. Saa ɛberɛ yi, wɔn ani abre sɛ sisire a wɔawia ne mma wɔ wiram. Ɛno da nkyɛn a, wʼagya nim de wɔ akodie mu. Ɔne nʼakodɔm no rentena anadwo yi.
9 彼は今でも穴の中か、どこかほかの所にかくれています。もし民のうちの幾人かが手始めに倒れるならば、それを聞く者はだれでも、『アブサロムに従う民のうちに戦死者があった』と言うでしょう。
Sɛ merekasa yi, wakɔtɛ ɔbodan bi mu anaa baabi foforɔ. Na sɛ ɔdi ɛkan to hyɛ mo so na mo mu kakra bi mpo totɔ a, ehu bɛtɔ wo dɔm no so na obiara bɛteam sɛ wɔrekunkum wo dɔm no.
10 そうすれば、ししの心のような心のある勇ましい人であっても、恐れて消え去ってしまうでしょう。それはイスラエルのすべての人が、あなたの父の勇士であること、また彼と共にいる者が、勇ましい人々であることを知っているからです。
Na sɛ ɛba saa a, ɔsraani a ɔyɛ nnam a nʼakoma te sɛ gyata no koraa, ehu bɛma wabɔ hu. Na Israel nyinaa nim sɛ wʼagya yɛ ɔkofoɔ, na wɔn a wɔka ne ho no nso bo yɛ duru.
11 ところでわたしの計りごとは、イスラエルをダンからベエルシバまで、海べの砂のように多くあなたのもとに集めて、あなたみずから戦いに臨むことです。
“Enti, metu wo fo sɛ, boa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba. Woyɛ saa a wobɛnya akodɔm a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea. Na megye medi sɛ wʼankasa bɛdi akodɔm no anim.
12 こうしてわれわれは彼の見つかる場所で彼を襲い、つゆが地におりるように彼の上に下る。そして彼および彼と共にいるすべての人をひとりも残さないでしょう。
Na sɛ yɛhunu Dawid a, yɛbɛto ahyɛ no so, sɛdeɛ bosuo gu asase so, a ɔno ne mmarima no mu baako mpo nka.
13 もし彼がいずれかの町に退くならば、全イスラエルはその町になわをかけ、われわれはそれを谷に引き倒して、そこに一つの小石も見られないようにするでしょう」。
Na sɛ Dawid adwane kɔ kuropɔn bi so a, wode Israel akodɔm nyinaa bɛkɔ hɔ. Afei, yɛbɛtumi afa ntampehoma de atwe kuro no afasuo, akɔgu bɔnhwa a ɛbɛn mu, kɔsi sɛ ɛboɔ biara a ɛwɔ mu no bɛyam.”
14 アブサロムとイスラエルの人々はみな、「アルキびとホシャイの計りごとは、アヒトペルの計りごとよりもよい」と言った。それは主がアブサロムに災を下そうとして、アヒトペルの良い計りごとを破ることを定められたからである。
Afei, Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa sɛ, “Husai afotuo no yɛ sene Ahitofel deɛ no.” Ɛfiri sɛ, Awurade ahyehyɛ sɛ Ahitofel afotuo pa a ɔde ama no bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛba Absalom so.
15 そこでホシャイは祭司たち、ザドクとアビヤタルとに言った、「アヒトペルはアブサロムとイスラエルの長老たちのためにこういう計りごとをした。またわたしはこういう計りごとをした。
Na Husai kɔkaa asɛm a Ahitofel aka ne ɔno ankasa adwenkyerɛ no kyerɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar.
16 それゆえ、あなたがたはすみやかに人をつかわしてダビデに告げ、『今夜、荒野の渡し場に宿らないで、必ず渡って行きなさい。さもないと王および共にいる民はみな、滅ぼされるでしょう』と言いなさい」。
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ntɛm! Monkɔhwehwɛ Dawid, na monka nkyerɛ no sɛ, ɔnntena Asubɔnten Yordan aworɔso hɔ anadwo yi. Ɛsɛ sɛ ɔtwa kɔ ɛserɛ no so akyi, anyɛ saa a, ɔne nʼakodɔm nyinaa bɛwuwu.”
17 時に、ヨナタンとアヒマアズはエンロゲルで待っていた。ひとりのつかえめが行って彼らに告げ、彼らは行ってダビデ王に告げるのが常であった。それは彼らが町にはいるのを見られないようにするためである。
Yonatan ne Ahimaas tenaa En-Rogel, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrenkɔ kuro no mu na wɔnnsane mpue. Na wɔayɛ nhyehyɛeɛ bi sɛ abaawa bi de nkra a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔhene Dawid no bɛbrɛ wɔn.
18 ところがひとりの若者が彼らを見てアブサロムに告げたので、彼らふたりは急いで去り、バホリムの、あるひとりの人の家にきた。その人の庭に井戸があって、彼らはその中に下ったので、
Nanso abarimaa bi hunuu wɔn sɛ wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu.
19 女はおおいを取ってきて井戸の口の上にひろげ、麦をその上にまき散らした。それゆえその事は何も知れなかった。
Ɔbarima no yere de ntoma hataa abura no so, de atokoɔ guu so te sɛ deɛ ɔrehata no awia so, na obiara ansusu sɛ nnipa hyɛ abura no mu.
20 アブサロムのしもべたちはその女の家にきて言った、「アヒマアズとヨナタンはどこにいますか」。女は彼らに言った、「あの人々は小川を渡って行きました」。彼らは尋ねたが見当らなかったのでエルサレムに帰った。
Ɛberɛ a Absalom mmarima no duruu hɔ no, wɔbisaa ɔbaa no sɛ, “Woahunu Ahimaas ne Yonatan anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Na wɔwɔ ha deɛ, nanso wɔatwa asuwa no kɔ.” Absalom mmarima no hwehwɛɛ wɔn, nanso wɔanhunu wɔn enti, wɔsane kɔɔ Yerusalem.
21 彼らが去った後、人々は井戸から上り、行ってダビデ王に告げた。すなわち彼らはダビデに言った、「立って、すみやかに川を渡りなさい。アヒトペルがあなたがたに対してこういう計りごとをしたからです」。
Afei mmarima baanu no firii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Firi ha tware asuo no ntɛm so anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotuo a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no.
22 そこでダビデは立って、共にいるすべての民と一緒にヨルダンを渡った。夜明けには、ヨルダンを渡らない者はひとりもなかった。
Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya.
23 アヒトペルは、自分の計りごとが行われないのを見て、ろばにくらを置き、立って自分の町に行き、その家に帰った。そして家の人に遺言してみずからくびれて死に、その父の墓に葬られた。
Ahitofel hunuu sɛ nʼanim agu ase, ɛfiri sɛ wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ nʼagya da mu.
24 ダビデはマハナイムにきた。またアブサロムは自分と共にいるイスラエルのすべての人々と一緒にヨルダンを渡った。
Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan.
25 アブサロムはアマサをヨアブの代りに軍の長とした。アマサはかのナハシの娘でヨアブの母ゼルヤの妹であるアビガルをめとったイシマエルびと、名はイトラという人の子である。
Absalom yii Amasa de no tuaa akodɔm no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no ananmu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babaa, na ɔyɛ Seruia nuabaa, a ɔyɛ Yoab na no ba.
26 そしてイスラエルとアブサロムはギレアデの地に陣取った。
Israelfoɔ no ne Absalom tenaa Gilead asase so.
27 ダビデがマハナイムにきた時、アンモンの人々のうちのラバのナハシの子ショビと、ロ・デバルのアンミエルの子マキル、およびロゲリムのギレアデびとバルジライは、
Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas a ɔfiri Raba babarima Sobi Amonni no, kyeaa no fɛ so. Saa ara na Amiel a ɔfiri Lo-debar babarima Makir ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim nso gyee no fɛ so.
28 寝床と鉢、土器、小麦、大麦、粉、いり麦、豆、レンズ豆、
Wɔbrɛɛ no kɛtɛ, nkuku ne nkaka, atokoɔ, asikyiresiam, nkyeweɛ, asɛ ne asɛdua,
29 蜜、凝乳、羊、乾酪をダビデおよび共にいる民が食べるために持ってきた。それは彼らが、「民は荒野で飢え疲れかわいている」と思ったからである。
ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ ne anantwie nufosuo a akyenkyene mua. Wɔde brɛɛ Dawid ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no. Na wɔkaa sɛ, “Mo nyinaa moabrɛbrɛ, na ɛkɔm ne sukɔm de mo ɛfiri sɛ moanante ɛkwan tenten wɔ ɛserɛ so.”

< サムエル記Ⅱ 17 >