< サムエル記Ⅱ 16 >
1 ダビデが山の頂を過ぎて、すこし行った時、メピボセテのしもべヂバは、くらを置いた二頭のろばを引き、その上にパン二百個、干ぶどう百ふさ、夏のくだもの一百、ぶどう酒一袋を載せてきてダビデを迎えた。
Dawid sianee bepɔ no pɛ na ɔne Mefiboset ɔsomfoɔ Siba hyiaeɛ. Na ɔdi mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ burodo mua ahanu, bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ɔha ne nsã nwoma kotokuo ma wɔ wɔn so.
2 王はヂバに言った、「あなたはどうしてこれらのものを持ってきたのですか」。ヂバは答えた、「ろばは王の家族が乗るため、パンと夏のくだものは若者たちが食べるため、ぶどう酒は荒野で弱った者が飲むためです」。
Ɔhene no bisaa Siba sɛ, “Na yeinom nso ɛ?” Na Siba buaa sɛ, “Mfunumu no, mo nkurɔfoɔ ntena wɔn so, na burodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmeranteɛ no na wɔnni. Na nsã no nso, momfa nkɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ enti wɔbɛtɔ baha no, anom.”
3 王は言った、「あなたの主人の子はどこにおるのですか」。ヂバは王に言った、「エルサレムにとどまっています。彼は、『イスラエルの家はきょう、わたしの父の国をわたしに返すであろう』と思ったのです」。
Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkaa sɛ, ‘Ɛnnɛ, mɛsane agye me nana Saulo ahemman no.’”
4 王はヂバに言った、「見よ、メピボセテのものはことごとくあなたのものです」。ヂバは言った、「わたしは敬意を表します。わが主、王よ、あなたの前にいつまでも恵みを得させてください」。
Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no mema wo.” Siba buaa sɛ, “Meda wo ase awura. Ɛberɛ biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
5 ダビデ王がバホリムにきた時、サウルの家の一族の者がひとりそこから出てきた。その名をシメイといい、ゲラの子である。彼は出てきながら絶えずのろった。
Ɛberɛ a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfoɔ retwam wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue firii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima.
6 そして彼はダビデとダビデ王のもろもろの家来に向かって石を投げた。その時、民と勇士たちはみな王の左右にいた。
Ɔpaa Dawid ne ne mpanimfoɔ ne akodɔm a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa aboɔ.
7 シメイはのろう時にこう言った、「血を流す人よ、よこしまな人よ、立ち去れ、立ち去れ。
Ɔteaam guu Dawid so sɛ, “Firi hanom kɔ! Mogyapɛfoɔ a ɔte sɛ woɔ! Ɔsansani!
8 あなたが代って王となったサウルの家の血をすべて主があなたに報いられたのだ。主は王国をあなたの子アブサロムの手に渡された。見よ、あなたは血を流す人だから、災に会うのだ」。
Awurade atua wo ka sɛ wohwiee Saulo ne ne fiefoɔ mogya guiɛ. Wowiaa nʼahennwa, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa aduro, wo mogyapɛfoɔ.”
9 時にゼルヤの子アビシャイは王に言った、「この死んだ犬がどうしてわが主、王をのろってよかろうか。わたしに、行って彼の首を取らせてください」。
Ɛnna Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura, ɔhene? Ma menkɔ na menkɔtwa ne ti.”
10 しかし王は言った、「ゼルヤの子たちよ、あなたがたと、なんのかかわりがあるのか。彼がのろうのは、主が彼に、『ダビデをのろえ』と言われたからであるならば、だれが、『あなたはどうしてこういうことをするのか』と言ってよいであろうか」。
Nanso, ɔhene no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mmammarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no sɛ, ɔnnome me a, me ne hwan a mɛtumi aka akyerɛ no sɛ ɔnnyae?”
11 ダビデはまたアビシャイと自分のすべての家来とに言った、「わたしの身から出たわが子がわたしの命を求めている。今、このベニヤミンびととしてはなおさらだ。彼を許してのろわせておきなさい。主が彼に命じられたのだ。
Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ sɛ, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri sɛ, Awurade na waka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ saa.
12 主はわたしの悩みを顧みてくださるかもしれない。また主はきょう彼ののろいにかえて、わたしに善を報いてくださるかも知れない」。
Ebia, Awurade bɛhunu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no ɛnnɛ yi no so ka.”
13 こうしてダビデとその従者たちとは道を行ったが、シメイはダビデに並んで向かいの山の中腹を行き、行きながらのろい、また彼に向かって石や、ちりを投げつけた。
Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem.
14 王および共にいる民はみな疲れてヨルダンに着き、彼はその所で息をついだ。
Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ wɔ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome.
15 さてアブサロムとすべての民、イスラエルの人々はエルサレムにきた。アヒトペルもアブサロムと共にいた。
Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho.
16 ダビデの友であるアルキびとホシャイがアブサロムのもとにきた時、ホシャイはアブサロムに「王万歳、王万歳」と言った。
Na Husai a ɔfiri Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!”
17 アブサロムはホシャイに言った、「これはあなたがその友に示す真実なのか。あなたはどうしてあなたの友と一緒に行かなかったのか」。
Na Absalom bisaa Husai sɛ, “Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
18 ホシャイはアブサロムに言った、「いいえ、主とこの民とイスラエルのすべての人々が選んだ者にわたしは属し、かつその人と一緒におります。
Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mewɔ ha ɛfiri sɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no.
19 かつまたわたしはだれに仕えるべきですか。その子の前に仕えるべきではありませんか。あなたの父の前に仕えたように、わたしはあなたの前に仕えます」。
Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, hwan na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛdeɛ mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”
20 そこでアブサロムはアヒトペルに言った、「あなたがたは、われわれがどうしたらよいのか、計りごとを述べなさい」。
Ɛnna Absalom danee ne ho bisaa Ahitofel sɛ, “Ɛdeɛn bio na menyɛ?”
21 アヒトペルはアブサロムに言った、「あなたの父が家を守るために残された、めかけたちの所にはいりなさい。そうすればイスラエルは皆あなたが父上に憎まれることを聞くでしょう。そしてあなたと一緒にいる者の手は強くなるでしょう」。
Ahitofel buaa no sɛ, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenafoɔ no nna, ɛfiri sɛ, wagya wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfie hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahunu sɛ, woabu no animtia a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.”
22 こうして彼らがアブサロムのために屋上に天幕を張ったので、アブサロムは全イスラエルの目の前で父のめかけたちの所にはいった。
Enti, wɔsii ntomadan wɔ ahemfie no atifi baabi a obiara bɛhunu, na Absalom kɔɔ ntomadan no mu, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no daeɛ.
23 そのころアヒトペルが授ける計りごとは人が神のみ告げを伺うようであった。アヒトペルの計りごとは皆ダビデにもアブサロムにも共にそのように思われた。
Absalom tiee Ahitofel afotuo sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a ɛfiri Ahitofel anom baeɛ no mu nyansa no, yɛɛ sɛdeɛ ɛfiri Onyankopɔn anom.