< サムエル記Ⅱ 16 >

1 ダビデが山の頂を過ぎて、すこし行った時、メピボセテのしもべヂバは、くらを置いた二頭のろばを引き、その上にパン二百個、干ぶどう百ふさ、夏のくだもの一百、ぶどう酒一袋を載せてきてダビデを迎えた。
Dawid sian bepɔw no pɛ na ɔne Mefiboset somfo Siba hyiae. Na ɔwɔ mfurum abien a wɔahyehyɛ brodo mua ahannu, bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne nsa nhoma kotoku ma wɔ wɔn so.
2 王はヂバに言った、「あなたはどうしてこれらのものを持ってきたのですか」。ヂバは答えた、「ろばは王の家族が乗るため、パンと夏のくだものは若者たちが食べるため、ぶどう酒は荒野で弱った者が飲むためです」。
Ɔhene no bisaa Siba se, “Na eyinom nso ɛ?” Na Siba buae se, “Mfurum no, mo nkurɔfo ntena wɔn so, na brodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmerante no na wonni. Na nsa no nso, momfa nkɔ sare so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ nti wɔbɛtɔ beraw no anom.”
3 王は言った、「あなたの主人の子はどこにおるのですか」。ヂバは王に言った、「エルサレムにとどまっています。彼は、『イスラエルの家はきょう、わたしの父の国をわたしに返すであろう』と思ったのです」。
Na ɔhene no bisaa no se, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buae se, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkae se, ‘Nnɛ, mɛsan agye me nena Saulo ahemman no.’”
4 王はヂバに言った、「見よ、メピボセテのものはことごとくあなたのものです」。ヂバは言った、「わたしは敬意を表します。わが主、王よ、あなたの前にいつまでも恵みを得させてください」。
Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba se, “Sɛ saa na ɛte de a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no rema wo.” Siba buae se, “Meda wo ase awura. Bere biara, biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.”
5 ダビデ王がバホリムにきた時、サウルの家の一族の者がひとりそこから出てきた。その名をシメイといい、ゲラの子である。彼は出てきながら絶えずのろった。
Bere a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfo retwa mu wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue fii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima.
6 そして彼はダビデとダビデ王のもろもろの家来に向かって石を投げた。その時、民と勇士たちはみな王の左右にいた。
Ɔpaa Dawid ne ne mpanyimfo ne asraafo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa abo.
7 シメイはのろう時にこう言った、「血を流す人よ、よこしまな人よ、立ち去れ、立ち去れ。
Ɔteɛɛ mu guu Dawid so se, “Fi ha kɔ! Mogyapɛfo a ɔte sɛ wo! Ohuhuni!
8 あなたが代って王となったサウルの家の血をすべて主があなたに報いられたのだ。主は王国をあなたの子アブサロムの手に渡された。見よ、あなたは血を流す人だから、災に会うのだ」。
Awurade atua wo ka sɛ wuhwiee Saulo ne ne fifo mogya gui. Wuwiaa nʼahengua, na afei Awurade de ahemman no ahyɛ wo babarima Absalom nsa. Wobɛnom wʼankasa wʼaduru, mogyapɛfo.”
9 時にゼルヤの子アビシャイは王に言った、「この死んだ犬がどうしてわが主、王をのろってよかろうか。わたしに、行って彼の首を取らせてください」。
Na Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura ɔhene? Ma menkɔ na minkotwa ne ti.”
10 しかし王は言った、「ゼルヤの子たちよ、あなたがたと、なんのかかわりがあるのか。彼がのろうのは、主が彼に、『ダビデをのろえ』と言われたからであるならば、だれが、『あなたはどうしてこういうことをするのか』と言ってよいであろうか」。
Nanso ɔhene no kae se, “Dɛn na me ne mo Seruia mmabarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no se, ɔnnome me a, me ne hena a metumi aka akyerɛ no se onnyae?”
11 ダビデはまたアビシャイと自分のすべての家来とに言った、「わたしの身から出たわが子がわたしの命を求めている。今、このベニヤミンびととしてはなおさらだ。彼を許してのろわせておきなさい。主が彼に命じられたのだ。
Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanyimfo se, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ okum me. Na dɛn na esiw Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Munnyaa no, momma ɔnnome, efisɛ Awurade na waka akyerɛ no se ɔnyɛ saa.
12 主はわたしの悩みを顧みてくださるかもしれない。また主はきょう彼ののろいにかえて、わたしに善を報いてくださるかも知れない」。
Ebia Awurade behu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no nnɛ yi no so ka.”
13 こうしてダビデとその従者たちとは道を行ったが、シメイはダビデに並んで向かいの山の中腹を行き、行きながらのろい、また彼に向かって石や、ちりを投げつけた。
Enti Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn kwan a saa bere no, na Simei nso nam bepɔw bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, totow abo bɔ Dawid, tu mfutuma gu wim.
14 王および共にいる民はみな疲れてヨルダンに着き、彼はその所で息をついだ。
Ɔhene ne ne nkurɔfo nyinaa brɛɛ wɔ ɔkwan so nti, woduu Asubɔnten Yordan ho no, wogyee wɔn ahome.
15 さてアブサロムとすべての民、イスラエルの人々はエルサレムにきた。アヒトペルもアブサロムと共にいた。
Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho.
16 ダビデの友であるアルキびとホシャイがアブサロムのもとにきた時、ホシャイはアブサロムに「王万歳、王万歳」と言った。
Na Husai a ofi Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!”
17 アブサロムはホシャイに言った、「これはあなたがその友に示す真実なのか。あなたはどうしてあなたの友と一緒に行かなかったのか」。
Na Absalom bisaa Husai se, “Eyi ne ɔkwan a wode wʼadamfo Dawid fa so? Adɛn nti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
18 ホシャイはアブサロムに言った、「いいえ、主とこの民とイスラエルのすべての人々が選んだ者にわたしは属し、かつその人と一緒におります。
Husai ka kyerɛɛ Absalom se, “Mewɔ ha efisɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no.
19 かつまたわたしはだれに仕えるべきですか。その子の前に仕えるべきではありませんか。あなたの父の前に仕えたように、わたしはあなたの前に仕えます」。
Nea ɛka ho bio ne sɛ, hena na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛnea mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”
20 そこでアブサロムはアヒトペルに言った、「あなたがたは、われわれがどうしたらよいのか、計りごとを述べなさい」。
Absalom dan ne ho bisaa Ahitofel se, “Dɛn bio na menyɛ?”
21 アヒトペルはアブサロムに言った、「あなたの父が家を守るために残された、めかけたちの所にはいりなさい。そうすればイスラエルは皆あなたが父上に憎まれることを聞くでしょう。そしてあなたと一緒にいる者の手は強くなるでしょう」。
Ahitofel buaa no se, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenanom no nna, efisɛ wagyaw wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfi hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahu sɛ, woabu no animtiaa a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.”
22 こうして彼らがアブサロムのために屋上に天幕を張ったので、アブサロムは全イスラエルの目の前で父のめかけたちの所にはいった。
Enti wosii ntamadan wɔ ahemfi no atifi baabi a obiara behu, na Absalom kɔɔ ntamadan no mu, na ɔne nʼagya mpenanom no dae.
23 そのころアヒトペルが授ける計りごとは人が神のみ告げを伺うようであった。アヒトペルの計りごとは皆ダビデにもアブサロムにも共にそのように思われた。
Absalom tiee Ahitofel afotu sɛnea Dawid yɛe no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a efi Ahitofel anom bae no mu nyansa no yɛɛ sɛnea efi Onyankopɔn anom.

< サムエル記Ⅱ 16 >