< サムエル記Ⅱ 10 >

1 この後アンモンの人々の王が死んで、その子ハヌンがこれに代って王となった。
Akyire no, Amonhene Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
2 そのときダビデは言った、「わたしはナハシの子ハヌンに、その父がわたしに恵みを施したように、恵みを施そう」。そしてダビデは彼を、その父のゆえに慰めようと、しもべをつかわした。ダビデのしもべたちはアンモンの人々の地に行ったが、
Dawid kaa sɛ, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ nʼagya yɛɛ me adɔeɛ no.” Nʼagya wuo enti, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden. Ɛberɛ a Dawid abɔfoɔ baa Amonfoɔ asase so no,
3 アンモンの人々のつかさたちはその主君ハヌンに言った、「ダビデが慰める者をあなたのもとにつかわしたのは彼があなたの父を尊ぶためだと思われますか。ダビデがあなたのもとに、しもべたちをつかわしたのは、この町をうかがい、それを探って、滅ぼすためではありませんか」。
Amonfoɔ atitire no kɔbisaa wɔn wura Hanun sɛ, “Wogye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfoɔ baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ anidie ampa ara anaa? Wonnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabɛtu agu?”
4 そこでハヌンはダビデのしもべたちを捕え、おのおの、ひげの半ばをそり落し、その着物を中ほどから断ち切り腰の所までにして、彼らを帰らせた。
Ɛno enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, yii obiara abɔgyesɛ fa, twitwaa wɔn ntadeɛ to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wɔgyaa wɔn ɛkwan, maa wɔde animguaseɛ kɔeɛ.
5 人々がこれをダビデに告げたので、ダビデは人をつかわして彼らを迎えさせた。その人々はひじょうに恥じたからである。そこで王は言った、「ひげがのびるまでエリコにとどまって、その後、帰りなさい」。
Ɛberɛ a wɔbɔɔ Dawid amaneɛ no, ɔtuu abɔfoɔ ma wɔkɔhyiaa mmarima no, ɛfiri sɛ, wɔguu wɔn anim ase yie. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena Yeriko kɔsi sɛ mo abɔgyesɛ bɛfu ansa na moasane aba.”
6 アンモンの人々は自分たちがダビデに憎まれていることがわかったので、人をつかわして、ベテ・レホブのスリヤびととゾバのスリヤびととの歩兵二万人およびマアカの王とその一千人、トブの人一万二千人を雇い入れた。
Ɛberɛ a Amonfoɔ hunuu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo no, wɔkɔbɔɔ Aramfoɔ asraafoɔ ɔpeduonu paa firii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem firii ne nkyɛn, na Tob nso wɔnyaa mmarima mpem dumienu.
7 ダビデはそれを聞いて、ヨアブと勇士の全軍をつかわしたので、
Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko.
8 アンモンの人々は出て、門の入口に戦いの備えをした。ゾバとレホブとのスリヤびと、およびトブとマアカの人々は別に野にいた。
Amonfoɔ no gyinaa wɔn kuro no ɛpono ano. Saa ɛberɛ no na Aramfoɔ a wɔfiri Soba ne Rehob ne mmarima a wɔfiri Tob ne Maaka no wɔ mfikyire baabiara retwɛn ɔtamfoɔ no.
9 ヨアブは戦いが前後から自分に迫ってくるのを見て、イスラエルのえり抜きの兵士のうちから選んで、これをスリヤびとに対して備え、
Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no wɔ mfikyire hɔ.
10 そのほかの民を自分の兄弟アビシャイの手にわたして、アンモンの人々に対して備えさせ、
Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so.
11 そして言った、「もしスリヤびとがわたしに手ごわいときは、わたしを助けてください。もしアンモンの人々があなたに手ごわいときは、行ってあなたを助けましょう。
Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfoɔ no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo.
12 勇ましくしてください。われわれの民のため、われわれの神の町々のため、勇ましくしましょう。どうぞ主が良いと思われることをされるように」。
Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
13 ヨアブが自分と一緒にいる民と共に、スリヤびとに向かって戦おうとして近づいたとき、スリヤびとは彼の前から逃げた。
Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ no so no, wɔhyɛɛ aseɛ dwaneeɛ.
14 アンモンの人々はスリヤびとが逃げるのを見て、彼らもまたアビシャイの前から逃げて町にはいった。そこでヨアブはアンモンの人々を撃つことをやめてエルサレムに帰った。
Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firii Abisai ho kɔhyɛɛ kuro no mu. Ɔko no guiɛ no, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.
15 しかしスリヤびとは自分たちのイスラエルに打ち敗られたのを見て、共に集まった。
Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ. Enti, wɔboaa wɔn ho ano bio no.
16 そしてハダデゼルは人をつかわし、ユフラテ川の向こう側にいるスリヤびとを率いてヘラムにこさせた。ハダデゼルの軍の長ショバクがこれを率いた。
Aram akodɔm foforɔ bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn firii Asubɔnten Eufrate fa nohoa baeɛ. Saa akodɔm yi bɛduruu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a ɔtua Hadadeser akodɔm nyinaa ano nso.
17 この事がダビデに聞えたので、彼はイスラエルをことごとく集め、ヨルダンを渡ってヘラムにきた。スリヤびとはダビデに向かって備えをして彼と戦った。
Ɛberɛ a Dawid tee deɛ ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii akodɔm no anim, kɔduruu Helam. Ɛhɔ na Aramfoɔ no fifirii wɔn mpasua so to hyɛɛ Dawid so.
18 しかしスリヤびとがイスラエルの前から逃げたので、ダビデはスリヤびとの戦車の兵七百、騎兵四万を殺し、またその軍の長ショバクを撃ったので、彼はその所で死んだ。
Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.
19 ハダデゼルの家来であった王たちはみな、自分たちがイスラエルに打ち敗られたのを見て、イスラエルと和を講じ、これに仕えた。こうしてスリヤびとは恐れて再びアンモンの人々を助けることをしなかった。
Hadadeser ne nʼadɔmfoɔ Aramfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfoɔ nkoa. Ɛno akyi, Aramfoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ.

< サムエル記Ⅱ 10 >