< 歴代誌Ⅱ 34 >

1 ヨシヤは八歳のとき王となり、エルサレムで三十一年の間世を治めた。
Yosia bedii ade no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduasa baako.
2 彼は主の良しと見られることをなし、その父ダビデの道を歩んで、右にも左にも曲らなかった。
Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.
3 彼はまだ若かったが、その治世の第八年に父ダビデの神を求めることを始め、その十二年には高き所、アシラ像、刻んだ像、鋳た像などを除いて、ユダとエルサレムを清めることを始め、
Yosia fii ase hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Nyankopɔn akyi kwan bere a na ɔda so yɛ abofra a wadi ade mfe awotwe no. Ne mfe dumien so no, odwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom nsɔree so nyinaa, Asera nnua, ahoni a wɔasen ne nsɛsode a wɔagu no nyinaa.
4 もろもろのバアルの祭壇を、自分の前で打ちこわさせ、その上に立っていた香の祭壇を切り倒し、アシラ像、刻んだ像、鋳た像を打ち砕いて粉々にし、これらの像に犠牲をささげた者どもの墓の上にそれをまき散らし、
Ɔhwɛ ma wobubuu Baal afɔremuka no ne nnuhuam afɔremuka no nyinaa gui. Ɔma wɔdwerɛw Asera nnua ne ahoni nyinaa, na wɔtow petee awufo a wɔbɔɔ saa afɔre no nna so.
5 祭司らの骨をそのもろもろの祭壇の上で焼き、こうしてユダとエルサレムを清めた。
Ɔhyew akɔmfo no nnompe no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem.
6 またマナセ、エフライム、シメオンおよびナフタリの荒れた町々にもこのようにし、
Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkurow so de koduu Naftali.
7 もろもろの祭壇をこわし、アシラ像およびもろもろの刻んだ像を粉々に打ち砕き、イスラエル全国の香の祭壇をことごとく切り倒して、エルサレムに帰った。
Ɔsɛee abosonsomfo afɔremuka, Asera nnua, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Odwiriw nnuhuam afɔremuka a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsan kɔɔ Yerusalem.
8 ヨシヤはその治世の十八年に、国と宮とを清めた時、その神、主の宮を繕わせようと、アザリヤの子シャパン、町のつかさマアセヤおよびヨアハズの子史官ヨアをつかわした。
Nʼadedi mfe dunwɔtwe so no a owiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehye abakɔsɛm kyerɛwfo, sɛ wonsiesie Awurade, ne Nyankopɔn asɔredan no.
9 彼らは大祭司ヒルキヤのもとへ行って、神の宮にはいった金を渡した。これは門を守るレビびとがマナセ、エフライムおよびその他のすべてのイスラエル、ならびにユダとベニヤミンのすべての人、およびエルサレムの住民の手から集めたものである。
Wɔde sika a Lewifo a wɔsom sɛ aponanohwɛfo agyigyee wɔ Onyankopɔn Asɔredan ho no maa ɔsɔfopanyin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfo ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfo na wɔde akyɛde no bae.
10 彼らはこれを主の宮を監督する職工らの手に渡したので、主の宮で働く職工らは、これを宮を繕い直すために支払った。
Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ, nsiesie Awurade Asɔredan no. Na wotuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka.
11 すなわち、大工および建築者にこれを渡して、ユダの王たちが破った建物のために、切り石および骨組の材木を買わせ、梁材を整えさせた。
Wɔbɔɔ nnuadwumfo ne adansifo paa, tɔɔ abo a wɔatwa a wɔde besiesie afasu no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsɛmso ne mpuran. Wosiesie nea anka Yuda ahemfo a wodii kan no rema asɛe no.
12 その人々は忠実に仕事をした。その監督者はメラリの子孫であるレビびとヤハテとオバデヤ、およびコハテびとの子孫であるゼカリヤとメシュラムであって、工事をつかさどった。また楽器に巧みなレビびとがこれに伴った。
Adwumayɛfo no de nokwaredi yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifo a wofi Merarifo abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifo a wofi Kohatfo abusua mu na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so. Lewifo a wɔaka a wɔn nyinaa wɔ nnwontode ho nimdeɛ no,
13 彼らはまた荷を負う者を監督し、様々の仕事に働くすべての者をつかさどった。また他のレビびとは書記となり、役人となり、また門衛となった。
wɔma wɔhwɛɛ adwumayɛfo akuw ahorow no so. Na afoforo bi nso yɛɛ adwuma sɛ akyerɛwfo, mpanyimfo ne aponanohwɛfo.
14 さて彼らが主の宮にはいった金を取りだした時、祭司ヒルキヤはモーセの伝えた主の律法の書を発見した。
Na ɔsɔfopanyin Hilkia rekyerɛkyerɛw sika a wɔagyigye wɔ Awurade Asɔredan no ho no, ohuu Awurade mmara nhoma a wɔnam Mose so de mae no.
15 そこでヒルキヤは書記官シャパンに言った、「わたしは主の宮で律法の書を発見しました」と。そしてヒルキヤはその書をシャパンに渡した。
Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asennii kyerɛwfo no se, “Mahu mmara nhoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan.
16 シャパンはその書を王のもとに持って行き、さらに王に復命して言った、「しもべらはゆだねられた事をことごとくなし、
Safan de nhoma mmobɔwee no kɔmaa ɔhene kae se, “Wo mpanyimfo no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
17 主の宮にあった金をあけて、監督者の手および職工の手に渡しました」。
Wɔatua sika a wogyigyee wɔ Awurade Asɔredan no mu no na wɔde ahyɛ wɔn a wɔhwɛ so no ne adwumayɛfo no nsa.”
18 書記官シャパンはまた王に告げて、「祭司ヒルキヤはわたしに一つの書物を渡しました」と言い、シャパンはそれを王の前で読んだ。
Safan ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfopanyin Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene.
19 王はその律法の言葉を聞いて衣を裂いた。
Bere a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu.
20 そして王はヒルキヤおよびシャパンの子アヒカムとミカの子アブドンと書記官シャパンと王の家来アサヤとに命じて言った、
Ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se,
21 「あなたがたは行って、この発見された書物の言葉についてわたしのために、またイスラエルとユダの残りの者のために主に問いなさい。われわれの先祖たちが主の言葉を守らず、すべてこの書物にしるされていることを行わなかったので、主はわれわれに大いなる怒りを注がれるからです」。
“Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne Awurade nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkae nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma mmobɔwee a wɔahu no mu ho nsɛm. Awurade abufuw aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni Awurade asɛm so. Yɛnyɛ nea nhoma mmobɔwee yi ka sɛ yɛnyɛ no.”
22 そこでヒルキヤおよび王のつかわした人々は、シャルムの妻である女預言者ホルダのもとへ行った。シャルムはハスラの子であるトクハテの子で、衣装を守る者である。時にホルダは、エルサレムの第二区に住んでいた。彼らはホルダにその趣意を語ったので、
Hilkia ne mmarima a wɔaka no kɔɔ odiyifobea Hulda a na ɔyɛ Tikwat babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nena nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ se Misne.
23 ホルダは彼らに言った、「イスラエルの神、主はこう仰せられます、『あなたがたをわたしにつかわした人に告げなさい。
Ɔbea no ka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se,
24 主はこう仰せられます。見よ、わたしはユダの王の前で読んだ書物にしるされているもろもろののろい、すなわち災をこの所と、ここに住む者に下す。
‘Sɛnea Awurade se ni: Akyinnye biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kurow yi ne emu nnipa. Nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a moakenkan yi mu nyinaa bɛba mu.
25 彼らはわたしを捨てて、他の神々に香をたき、自分の手で造ったもろもろの物をもって、わたしの怒りを引き起そうとしたからである。それゆえ、わたしの怒りは、この所に注がれて消えない。
Efisɛ nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfo anyame. Ɛno nti, me bo afuw wɔn yiye wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuw behwie agu saa beae ha, na biribiara rentumi nsiw ano.’
26 しかしあなたがたをつかわして、主に問わせるユダの王にはこう言いなさい。イスラエルの神、主はこう仰せられる。あなたが聞いた言葉については、
Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho.
27 この所と、ここに住む者を責める神の言葉を、あなたが聞いた時、心に悔い、神の前に身をひくくし、わたしの前にへりくだり、衣を裂いて、わたしの前に泣いたので、わたしもまた、あなたに聞いた、と主は言われる。
Bere a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne mu nnipa no, ɛhaw wo ma wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometew sunsuan wʼatade mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti nokware, mate wo nne, Awurade na ose.
28 見よ、わたしはあなたを先祖たちのもとに集める。あなたは安らかにあなたの墓に集められる。あなたはわたしがこの所と、ここに住む者に下すもろもろの災を目に見ることがない』と」。彼らは王に復命した。
Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kosi sɛ wubewu na wɔasie wo asomdwoe mu. Worenhu amane a mede bɛba beae yi so.’” Enti wɔsan de ɔbea no nkra kɔmaa ɔhene no.
29 そこで王は人をつかわしてユダとエルサレムの長老をことごとく集め、
Na ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem ntuanofo nyinaa.
30 そして王は主の宮に上って行った。ユダのすべての人々、エルサレムの住民、祭司、レビびと、およびすべての民は、老いた者も若い者もことごとく彼に従った。そこで王は主の宮で発見した契約の書の言葉を、ことごとく彼らの耳に読み聞かせ、
Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo nyinaa ne asɔfo ne Lewifo, nnipa no nyinaa, fi ɔkɛse so kosi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan apam nhoma a wohuu wɔ Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn.
31 そして王は自分の所に立って、主の前に契約を立て、主に従って歩み、心をつくし、精神をつくして、その戒めと、あかしと定めとをまもり、この書にしるされた契約の言葉を行おうと言い、
Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na otii apam no mu wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi Awurade mmaransɛm, ahyɛde ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, obedi apam no mu nhyehyɛe a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu no so.
32 エルサレムおよびベニヤミンの人々を皆これに加わらせた。エルサレムの住民は先祖の神であるその神の契約にしたがって行った。
Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no se, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no mu.
33 ヨシヤはイスラエルの人々に属するすべての地から、憎むべきものをことごとく取り除き、イスラエルにいるすべての人をその神、主に仕えさせた。ヨシヤが世にある日の間は、彼らは先祖の神、主に従って離れなかった。
Enti Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwade no fii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom Awurade, wɔn Nyankopɔn. Na ne nkwanna a aka no mu no nyinaa, wɔannan wɔn akyi ankyerɛ Awurade wɔn agyanom Nyankopɔn no da.

< 歴代誌Ⅱ 34 >