< 歴代誌Ⅱ 27 >

1 ヨタムは王となった時二十五歳で、十六年の間エルサレムで世を治めた。その母はザドクの娘で名をエルシャといった。
Yotam dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa.
2 ヨタムはその父ウジヤがしたように主の良しと見られることをした。しかし主の宮には、はいらなかった。民はなお悪を行った。
Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no. Yotam deɛ, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Nanso, ɔmanfoɔ no toaa wɔn nnebɔneyɛ so.
3 彼は主の宮の上の門を建て、オペルの石がきを多く築き増し、
Yotam sane yɛɛ Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, ɛnna ɔsane yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasuo a ɛwɔ Ofel bepɔ so no.
4 またユダの山地に数個の町を建て、林の間に城とやぐらを築いた。
Ɔkyekyeree nkuro wɔ Yuda mmepɔ asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeammea a wɔadua nnua.
5 彼はアンモンびとの王と戦ってこれに勝った。その年アンモンの人々は銀百タラント、小麦一万コル、大麦一万コルを彼に贈った。アンモンの人々は第二年にも第三年にも同じように彼に納めた。
Yotam tuu Amonfoɔ so sa, dii wɔn so nkonim. Mfeɛ mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no deɛ, ɔgyee wɔn apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno 3.4, ayuo susukora ɔpeduonum ne atokoɔ susukora ɔpeduonum.
6 ヨタムはその神、主の前にその行いを堅くしたので力ある者となった。
Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔde ahwɛyie yɛɛ ɔsetie maa Awurade, ne Onyankopɔn.
7 ヨタムのその他の行為、そのすべての戦いおよびその行いなどは、イスラエルとユダの列王の書にしるされている。
Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ a nʼakodie ne ne nneyɛeɛ ahodoɔ ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nwoma mu.
8 彼は王となった時、二十五歳で、十六年の間エルサレムで世を治めた。
Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia.
9 ヨタムはその先祖と共に眠ったので、ダビデの町に葬られ、その子アハズが彼に代って王となった。
Yotam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kurom na ne babarima Ahas, na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 歴代誌Ⅱ 27 >