< 歴代誌Ⅱ 14 >

1 アビヤはその先祖たちと共に眠って、ダビデの町に葬られ、その子アサが代って王となった。アサの治世に国は十年の間、穏やかであった。
Ɛberɛ a Abia wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Asomdwoeɛ baa asase no so mfeɛ edu,
2 アサはその神、主の目に良しと見え、また正しと見えることを行った。
ɛfiri sɛ, Asa yɛɛ deɛ ɛfata na ɛyɛ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn, ani so.
3 彼は異なる祭壇と、もろもろの高き所を取り除き、石柱をこわし、アシラ像を切り倒し、
Ɔtutuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia ne wɔn abosonnan nyinaa guiɛ. Ɔdwirii wɔn afadum, twitwaa Asera afɔrebukyia nyinaa.
4 ユダに命じてその先祖たちの神、主を求めさせ、おきてと戒めとを行わせ、
Ɔhyɛɛ ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda sɛ, wɔnhwehwɛ Awurade wɔn agyanom Onyankopɔn na wɔnni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so.
5 ユダのすべての町々から、高き所と香の祭壇とを取り除いた。そして国は彼のもとに穏やかであった。
Asa sane bubuu abosonnan ne nnuhwam afɔrebukyia firii Yuda nkuro nyinaa mu. Ɛno enti, wɔnyaa asomdwoeɛ wɔ Asa ahennie mu.
6 彼は国が穏やかであったので、要害の町数個をユダに建てた。また主が彼に平安を賜わったので、この年ごろ戦争がなかった。
Saa asomdwoeɛ mfeɛ no mu no, ɔtumi siesiee banbɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa ɛberɛ yi, ɛfiri sɛ, na Awurade rema no ahomegyeɛ wɔ nʼatamfoɔ nsam.
7 彼はユダに言った、「われわれはこれらの町を建て、その周囲に石がきを築き、やぐらを建て、門と貫の木を設けよう。われわれがわれわれの神、主を求めたので、この国はなおわれわれのものであり、われわれが彼を求めたので、四方において、われわれに平安を賜わった」。こうして彼らは滞りなく建て終った。
Asa ka kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ, “Momma yɛnkyekyere nkuro, na yɛntwa afasuo mfa ho, mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apono, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, ɛfiri sɛ, yɛbisaa Awurade yɛn Onyankopɔn, na wama yɛn ahomegyeɛ wɔ yɛn atamfoɔ nsam.” Enti, wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awieeɛ.
8 アサの軍隊はユダから出た者三十万人あって、盾とやりをとり、ベニヤミンから出た者二十八万人あって、小盾をとり、弓を引いた。これはみな大勇士であった。
Na ɔhene Asa wɔ akofoɔ ɔpehasa a wɔfiri Yuda abusuakuo mu a wɔwɔ akokyɛm ne mpea akɛseɛ. Afei, na ɔwɔ akofoɔ ɔpehanu aduɔwɔtwe a wɔfiri Benyamin abusua mu a wɔkurakura akokyɛm ne agyan nketewa. Na akofoɔ akokoɔdurufoɔ wɔ saa akodɔm mmienu yi mu.
9 エチオピヤびとゼラが、百万の軍隊と三百の戦車を率いて、マレシャまで攻めてきた。
Ɛberɛ bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de akodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahasa, kɔto hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ kɔduruu Maresa kuropɔn mu.
10 アサは出て、これを迎え、マレシャのゼパタの谷に戦いの備えをした。
Asa nso boaa nʼakodɔm ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bɔnhwa mu a ɛbɛn Maresa.
11 時にアサはその神、主に向かって呼ばわって言った、「主よ、力のある者を助けることも、力のない者を助けることも、あなたにおいては異なることはありません。われわれの神、主よ、われわれをお助けください。われわれはあなたに寄り頼み、あなたの名によってこの大軍に当ります。主よ、あなたはわれわれの神です。どうぞ人をあなたに勝たせないでください」。
Asa teaam, frɛɛ Awurade ne Onyankopɔn sɛ, “Ao Awurade, wo nko ara na wobɛtumi aboa deɛ ɔyɛ mmrɛ na watumi ako atia ɔhoɔdenfoɔ! Boa yɛn, Ao, Awurade, yɛn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara ne yɛn anidasoɔ. Wo din mu na yɛrehyia ɛdɔm kɛseɛ yi. Ao, Awurade, woyɛ yɛn Onyankopɔn, na mma ɛkwan mma nnipa teta nnsɔre ntia wo!”
12 そこで主はアサの前とユダの前でエチオピヤびとを撃ち敗られたので、エチオピヤびとは逃げ去った。
Na Awurade dii Etiopiafoɔ no so nkonim wɔ Asa ne Yuda akodɔm no anim, na atamfoɔ no dwaneeɛ.
13 アサと彼に従う民は彼らをゲラルまで追撃したので、エチオピヤびとは倒れて、生き残った者はひとりもなかった。主と主の軍勢の前に撃ち破られたからである。ユダの人々の得たぶんどり物は非常に多かった。
Asa ne nʼakodɔm taa wɔn ara kɔsii Gerar, maa Etiopiafoɔ no bebree totɔeɛ a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakodɔm dwerɛɛ wɔn, na Yuda akodɔm no nyaa afodeɛ bebree kɔeɛ.
14 彼らはまた、ゲラルの周囲の町々をことごとく撃ち破った。主の恐れが彼らの上に臨んだからである。そして彼らはそのすべての町をかすめ奪った。その内に多くの物があったからである。
Ɛberɛ a wɔwɔ Gerar no, wɔto hyɛɛ nkuro a ɛwɔ beaeɛ hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awieeɛ no, wɔnyaa afodeɛ bebree wɔ saa nkuro no so nso.
15 また家畜をもっている者の天幕を襲い、多くの羊とらくだを奪い取って、エルサレムに帰った。
Wɔsane to hyɛɛ mmoahwɛfoɔ atenaeɛ, kyekyeree nnwan ne nyoma, ansa na wɔresane akɔ Yerusalem.

< 歴代誌Ⅱ 14 >