< サムエル記Ⅰ 29 >

1 さてペリシテびとは、その軍勢をことごとくアペクに集めた。イスラエルびとはエズレルにある泉のかたわらに陣を取った。
Filistifoɔ no boaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfoɔ nso kɔkyeree sraban wɔ asutire bi ho wɔ Yesreel.
2 ペリシテびとの君たちは、あるいは百人、あるいは千人を率いて進み、ダビデとその従者たちはアキシと共に、しんがりになって進んだ。
Ɛberɛ a Filistifoɔ ntuanofoɔ de wɔn nsraadɔm akuakuo ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu sa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho.
3 その時、ペリシテびとの君たちは言った、「これらのヘブルびとはここで何をしているのか」。アキシはペリシテびとたちに言った、「これはイスラエルの王サウルのしもべダビデではないか。彼はこの日ごろ、この年ごろ、わたしと共にいたが、逃げ落ちてきた日からきょうまで、わたしは彼にあやまちがあったのを見たことがない」。
Filistifoɔ asahene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na Hebrifoɔ yi reyɛ wɔ ha?” Akis buaa sɛ, “Ɔyi ne Dawid, ɔbarima a ɔdwane firii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe nie. Na ɛfiri ɛberɛ a ɔgyaa Saulo hɔ bɛsi ɛnnɛ yi, menhunuu ne ho mfomsoɔ biara.”
4 しかしペリシテびとの君たちは彼に向かって怒った。そしてペリシテびとの君たちは彼に言った、「この人を帰らせて、あなたが彼を置いたもとの所へ行かせなさい。われわれと一緒に彼を戦いに下らせてはならない。戦いの時、彼がわれわれの敵となるかも知れないからである。この者は何をもってその主君とやわらぐことができようか。ここにいる人々の首をもってするほかはあるまい。
Na Filistifoɔ asahene no bo fuu no kaa sɛ, “Ma ɔbarima no nsane nkɔ, sɛdeɛ ɔbɛkɔ baabi a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, ɛfiri sɛ, sɛ anhwɛ a, ɔbɛdane nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɛkwan foforɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛsene sɛ ɔbɛko atia yɛn anaa?
5 これは、かつて人々が踊りのうちに歌いかわして、『サウルは千を撃ち殺し、ダビデは万を撃ち殺した』と言った、あのダビデではないか」。
Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asa mu sɛ: “Saulo akum ne mpempem na Dawid deɛ, wakum ɔpedu ɔpedu no?”
6 そこでアキシはダビデを呼んで言った、「主は生きておられる。あなたは正しい人である。あなたがわたしと一緒に戦いに出入りすることをわたしは良いと思っている。それはあなたがわたしの所にきた日からこの日まで、わたしは、あなたに悪い事があったのを見たことがないからである。しかしペリシテびとの君たちはあなたを良く言わない。
Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, menhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifoɔ sodifoɔ a aka no mpene so.
7 それゆえ今安らかに帰って行きなさい。彼らが悪いと思うことはしないがよかろう」。
Enti, sane wʼakyi na kɔ no asomdwoeɛ mu. Ɛno enti, nyɛ biribiara a ɛbɛha Filistifoɔ no.”
8 ダビデはアキシに言った、「しかしわたしが何をしたというのですか。わたしがあなたに仕えはじめた日からこの日までに、あなたはしもべの身に何を見られたので、わたしは行って、わたしの主君である王の敵と戦うことができないのですか」。
Dawid bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɛkwan yi so? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfoɔ?”
9 アキシはダビデに答えた、「わたしは見て、あなたが神の使のようにりっぱな人であることを知っている。しかし、ペリシテびとの君たちは、『われわれと一緒に彼を戦いに上らせてはならない』と言っている。
Nanso, Akis gyinaa mu pintinn kaa sɛ, “Me nko ara me fa mu deɛ, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ. Nanso, asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu.
10 それで、あなたは、一緒にきたあなたの主君のしもべたちと共に朝早く起きなさい。そして朝早く起き、夜が明けてから去りなさい」。
Enti, sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ ɛberɛ a animu retete no.”
11 こうしてダビデとその従者たちとは共にペリシテびとの地へ帰ろうと、朝早く起きて出立したが、ペリシテびとはエズレルへ上って行った。
Na Dawid sane kɔɔ Filistifoɔ asase so, na Filistifoɔ akodɔm no nso kɔɔ Yesreel.

< サムエル記Ⅰ 29 >