< 列王記Ⅰ 5 >

1 さてツロの王ヒラムは、ソロモンが油を注がれ、その父に代って、王となったのを聞いて、家来をソロモンにつかわした。ヒラムは常にダビデを愛したからである。
Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafoɔ, enti ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ ɔnni nʼagya Dawid adeɛ no, ɔsomaa nʼasomafoɔ kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tiri nkwa.
2 そこでソロモンはヒラムに人をつかわして言った、
Salomo too saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Huram sɛ,
3 「あなたの知られるとおり、父ダビデはその周囲にあった敵との戦いのゆえに、彼の神、主の名のために宮を建てることができず、主が彼らをその足の裏の下に置かれるのを待ちました。
“Wo ara wonim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Onyankopɔn din animuonyam, ɛsiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no diiɛ enti. Wantumi anyɛ kɔsii sɛ Awurade de nʼatamfoɔ hyɛɛ ne nan ase.
4 ところが今わが神、主はわたしに四方の太平を賜わって、敵もなく、災もなくなったので、
Nanso, seesei, Awurade, me Onyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie.
5 主が父ダビデに『おまえに代って、おまえの位に、わたしがつかせるおまえの子、その人がわが名のために宮を建てるであろう』と言われたように、わが神、主の名のために宮を建てようと思います。
Ne saa enti, mayɛ adwene sɛ mɛsi asɔredan ama Awurade, me Onyankopɔn sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mʼagya Dawid sɛ me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahennwa so, asi wʼananmu no bɛsi asɔredan ahyɛ me din animuonyam.’
6 それゆえ、あなたは命令を下して、レバノンの香柏をわたしのために切り出させてください。わたしのしもべたちをあなたのしもべたちと一緒に働かせます。またわたしはすべてあなたのおっしゃるとおり、あなたのしもべたちの賃銀をあなたに払います。あなたの知られるとおり、わたしたちのうちにはシドンびとのように木を切るに巧みな人がないからです」。
“Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfoɔ wɔ nnuabuo mu.”
7 ヒラムはソロモンの言葉を聞いて大いに喜び、「きょう、主はあがむべきかな。主はこのおびただしい民を治める賢い子をダビデに賜わった」と言った。
Ɛberɛ a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yie kaa sɛ, “Ayɛyie nka Awurade ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, wama Dawid ɔba nyansafoɔ sɛ ɔmmɛdi saa ɔman kɛseɛ Israel yi so.”
8 そしてヒラムはソロモンに人をつかわして言った、「わたしはあなたが申しおくられたことを聞きました。香柏の材木と、いとすぎの材木については、すべてお望みのようにいたします。
Enti, Huram soma maa wɔde saa nkra yi kɔmaa Salomo sɛ, “Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisadeɛ a ɛfa nnua no ho no. Mɛtumi de ntweneduro nnua ne pepeaa nnua abrɛ wo.
9 わたしのしもべどもにそれをレバノンから海に運びおろさせましょう。わたしはそれをいかだに組んで、海路、あなたの指示される場所まで送り、そこでそれをくずしましょう。あなたはそれを受け取ってください。また、あなたはわたしの家のために食物を供給して、わたしの望みをかなえてください」。
Mʼasomfoɔ de nnua no bɛfiri Lebanon mmepɔ so aba Po Kɛseɛ so, na wɔakyekyere abobɔ mu sɛ mpata. Afei wɔde bɛfa nsuo no ani de akɔ baabiara wobɛkyerɛ. Ɛno akyi yɛbɛsane mu, na yɛde nnua no abrɛ wo. Wode aduane a me fiefoɔ bɛdi bɛtua me ka.”
10 こうしてヒラムはソロモンにすべて望みのように香柏の材木と、いとすぎの材木を与えた。
Enti, Huram maa Salomo ntweneduro ne pepeaa nnua sɛdeɛ ɔpɛ.
11 またソロモンはヒラムにその家の食物として小麦二万コルを与え、またオリブをつぶして取った油二万コルを与えた。このようにソロモンは年々ヒラムに与えた。
Na Salomo maa Huram atokoɔ afeduane akatua tɔno 3,600 de maa ne fidua ne ngo kronkron galɔn 120,000.
12 主は約束されたようにソロモンに知恵を賜わった。またヒラムとソロモンの間は平和であって、彼らふたりは条約を結んだ。
Na Awurade maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoeɛ apam.
13 ソロモン王はイスラエルの全地から強制的に労働者を徴募した。その徴募人員は三万人であった。
Na ɔhene Salomo twerɛɛ adwumayɛfoɔ ɔpeduasa a wɔfiri Israel nyinaa din.
14 ソロモンは彼らを一か月交代に一万人ずつレバノンにつかわした。すなわち一か月レバノンに、二か月家にあり、アドニラムは徴募の監督であった。
Ɔsomaa wɔn akuakuo kɔɔ Lebanon, bosome biara mu, nnipa ɔpedu kɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bɛdi bosome baako wɔ Lebanon, na wadi abosome mmienu wɔ efie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfoɔ yi so.
15 ソロモンにはまた荷を負う者が七万人、山で石を切る者が八万人あった。
Salomo nso faa nnesoasoafoɔ ɔpeduɔson; faa abopaefoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ asase no so
16 ほかにソロモンには工事を監督する上役の官吏が三千三百人あって、工事に働く民を監督した。
ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so.
17 王は命じて大きい高価な石を切り出させ、切り石をもって宮の基をすえさせた。
Ɔhene no hyɛeɛ ma abotwafoɔ no paeeɛ, twaa aboɔdenboɔ no, yiyii ho sɛdeɛ wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem.
18 こうしてソロモンの建築者と、ヒラムの建築者およびゲバルびとは石を切り、材木と石とを宮を建てるために備えた。
Mmarima a wɔfiri Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifoɔ no, ma wɔsiesiee nnua ne aboɔ no maa Asɔredan no sie.

< 列王記Ⅰ 5 >