< 歴代誌Ⅰ 9 >

1 このようにすべてのイスラエルびとは系図によって数えられた。これらはイスラエルの列王紀にしるされている。ユダはその不信のゆえにバビロンに捕囚となった。
Wɔkyerɛw Israel anato biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nhoma mu. Esiane sɛ na Yudafo no nni Awurade nokware no nti, wotwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
2 その領地の町々に最初に住んだものはイスラエルびと、祭司、レビびとおよび宮に仕えるしもべたちであった。
Wɔn a wɔsan ba bɛfaa wɔn agyapade wɔ wɔn nkurow dedaw mu no yɛ mpapahwekwa. Wɔne asɔfo, Lewifo ne asɔredan mu aboafo no bi na wɔbae.
3 またエルサレムにはユダの子孫、ベニヤミンの子孫およびエフライムとマナセの子孫が住んでいた。
Nnipa a wofi Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuw mu ba bɛtenaa Yerusalem.
4 すなわちユダの子ペレヅの子孫のうちではアミホデの子ウタイ。アミホデはオムリの子、オムリはイムリの子、イムリはバニの子である。
Abusua baako a wɔsan bae no yɛ Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefo.
5 シロびとのうちでは長子アサヤとそのほかの子たち。
Wɔn a wɔsan bae a na wofi Silonfo abusua mu no yɛ: Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmabarima.
6 ゼラの子孫のうちではユエルとその兄弟六百九十人。
Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafo na wɔsan bae. Yuda abusuakuw no mu mmusua ahansia aduɔkron na wɔsan bae.
7 ベニヤミンの子孫のうちではハセヌアの子ホダビヤの子であるメシュラムの子サル、
Wɔn a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔsan bae no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
8 エロハムの子イブニヤ、ミクリの子であるウジの子エラおよびイブニヤの子リウエルの子であるシパテヤの子メシュラム、
Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima, Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima bae.
9 ならびに彼らの兄弟たちで、その系図によれば合わせて九百五十六人。これらの人々は皆その氏族の長であった。
Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofo, na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mmusuakuw anato nhoma mu. Benyamin abusuakuw mu mmusua ahankron ne aduonum asia na wɔsan bae.
10 祭司のうちではエダヤ、ヨアリブ、ヤキン、
Asɔfo a wɔsan bae no bi ne: Yedaia, Yehoriarib, Yakin,
11 およびヒルキヤの子アザリヤ、ヒルキヤはメシュラムの子、メシュラムはザドクの子、ザドクはメラヨテの子、メラヨテはアヒトブの子である。アザリヤは神の宮のつかさである。
Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima a ɔno nso yɛ Mesulam babarima na ɔno nso yɛ Sadok babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fi ahwɛfo so panyin.
12 またエロハムの子アダヤ、エロハムはパシュルの子、パシュルはマルキヤの子である。またアデエルの子はマアセヤ、アデエルはヤゼラの子、ヤゼラはメシュラムの子、メシュラムはメシレモテの子、メシレモテはインメルの子である。
Asɔfo a wɔsan bae no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima a na ɔno nso yɛ Pashur babarima na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima na ɔno nso yɛ Yahsera babarima na ɔno nso yɛ Mesulam babarima a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima na ɔno nso yɛ Imer babarima.
13 そのほかに彼らの兄弟たちもあった。これらはその氏族の長で、合わせて一千七百六十人、みな神の宮の務をするのに、はなはだ力のある人々であった。
Asɔfo a wɔsan bae nyinaa dodow yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a wɔyɛ nsiyɛfo. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fi.
14 レビびとのうちではハシュブの子シマヤ、ハシュブはアズリカムの子、アズリカムはハシャビヤの子で、これらはメラリの子孫である。
Lewifo a wɔsan bae no yɛ: Semaia a ɔyɛ Hasub babarima a na ɔyɛ Asrikam babarima a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima a na ɔyɛ Merari aseni,
15 またバクバッカル、ヘレシ、ガラル、およびアサフの子ジクリの子であるミカの子マッタニヤ、
Bakbakar, Heres, Galal, Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima na ɔno nso yɛ Asaf babarima,
16 ならびにエドトンの子ガラルの子であるシマヤの子オバデヤおよびエルカナの子であるアサの子ベレキヤ、エルカナはネトパびとの村里に住んだ者である。
Obadia a ɔyɛ Semaia babarima a ɔyɛ Galal babarima na ɔno nso yɛ Yedutun babarima ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.
17 門を守るものはシャルム、アックブ、タルモン、アヒマンおよびその兄弟たちで、シャルムはその長であった。
Apon ano hwɛfo a wɔsan bae no yɛ: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn abusuafo. Salum na na ɔyɛ ɔpon ano hwɛfo panyin.
18 彼は今日まで東の方にある王の門を守っている。これらはレビの子孫で営の門を守る者である。
Kan no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene pon a ɛkyerɛ apuei fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifo atenae apon ano ahwɛfo.
19 コラの子エビヤサフの子であるコレの子シャルムおよびその氏族の兄弟たちなどのコラびとは幕屋のもろもろの門を守る務をつかさどった。その先祖たちは主の営をつかさどり、その入口を守る者であった。
Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ofi Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ Korafo no na na wɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛnea na wɔn mpanyimfo wɛn Ahyiae Ntamadan wɔ Awurade atenae hɔ no.
20 エレアザルの子ピネハスが、むかし彼らのつかさであった。主は彼とともにおられた。
Eleasar babarima Pinehas na kan no na ɔhwɛ apon ano ahwɛfo no so, na Awurade ka ne ho.
21 メシレミヤの子ゼカリヤは会見の幕屋の門を守る者であった。
Akyiri no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no ano.
22 これらは皆選ばれて門を守る者で、合わせて二百十二人あった。彼らはその村々で系図によって数えられた者で、ダビデと先見者サムエルが彼らを職に任じたのである。
Ne nyinaa mu, saa bere no, na apon ano ahwɛfo no dodow yɛ ahannu ne dumien a na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nkrataa mu wɔ wɔn nkuraa. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehufo no ama wɔn dibea a ɛsom bo.
23 こうして彼らとその子孫は監守人として、主の家である幕屋の家の門をつかさどった。
Saa apon ano ahwɛfo yi ne wɔn asefo no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Awurade fi, a kan no na ɛyɛ ntamadan no ano.
24 門を守る者は東西南北の四方にいた。
Wɔde apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apuei, atɔe, atifi ne anafo.
25 またその村々にいる兄弟たちは七日ごとに代り、来て彼らを助けた。
Bere ano bere ano, na wɔn abusuafo a wɔwɔ nkuraa no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadi mu.
26 門を守る者の長である四人のレビびとは神の家のもろもろの室と宝とをつかさどった。
Na saa Lewifo apon ano ahwɛfo mpanyimfo baanan no adwuma no yɛ nea ekura asodi kɛse, efisɛ wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fi hɔ no so.
27 彼らは神の家を守る身であるから、そのまわりに宿った。そして朝ごとにこれを開くことをした。
Wɔwɛn Onyankopɔn fi hɔ anadwo, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wobuebue apon no.
28 そのうちに務の器をつかさどる者があった。彼らはその数を調べて携え入り、またその数を調べて携え出した。
Na apon ano ahwɛfo no bi adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nneɛma ahorow a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresan de akogu hɔ no nyinaa, wɔhwɛ sɛ bi renyera.
29 またそのほかの品、すべての聖なる器および麦粉、ぶどう酒、油、乳香、香料をつかさどる者があった。
Afoforo nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikresiam a wɔayam no muhumuhu, nsa, ngo, nnuhuam ne kurobow ahorow so.
30 また祭司のともがらのうちに香料を混ぜる者があった。
Nanso na asɔfo no na wodi nnuhuam no ne kurobow no ho dwuma.
31 コラびとシャルムの長子でレビびとのひとりであるマタテヤはせんべいを造る勤めをつかさどった。
Lewini a wɔfrɛ no Matitia a ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto brodo a wɔde bɔ afɔre no.
32 またコハテびとの子孫であるその兄弟たちのうちに供えのパンをつかさどって、安息日ごとにこれを整える者どもがあった。
Na nnipa bi a wofi Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie brodo a wɔde to pon Homeda no.
33 レビびとの氏族の長であるこれらの者は歌うたう者であって、宮のもろもろの室に住み、ほかの務はしなかった。彼らは日夜自分の務に従ったからである。
Nnwom ho nimdefo a na wɔn nso yɛ Lewifo atitiriw no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ dwuma foforo biara, esiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmere nyinaa nti.
34 これらはレビびとの歴代の氏族の長であって、かしらたる人々であった。彼らはエルサレムに住んだ。
Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifo mmusua no nyinaa ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ wɔn anato krataa mu.
35 ギベオンの父エヒエルはギベオンに住んでいた。その妻の名はマアカといった。
Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka,
36 彼の長子はアブドン、次はツル、キシ、バアル、ネル、ナダブ、
a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
37 ゲドル、アヒオ、ゼカリヤ、ミクロテである。
Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.
38 ミクロテはシメアムを生んだ。彼らもその兄弟たちとともにエルサレムに住んで、その兄弟たちと向かいあっていた。
Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
39 ネルはキシを生み、キシはサウルを生み、サウルはヨナタン、マルキシュア、アビナダブ、エシバアルを生んだ。
Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
40 ヨナタンの子はメリバアルで、メリバアルはミカを生んだ。
Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
41 ミカの子らはピトン、メレク、タレアおよびアハズである。
Mika mmabarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
42 アハズはヤラを生み、ヤラはアレメテ、アズマウテおよびジムリを生み、ジムリはモザを生み、
Ahas woo Yara. Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
43 モザはビネアを生んだ。ビネアの子はレパヤ、その子はエレアサ、その子はアゼルである。
Mosa woo Binea. Binea woo Refaia. Refaia woo Elasa. Elasa woo Asel.
44 アゼルに六人の男の子があった。その名はアズリカム、ボケル、イシマエル、シャリヤ、オバデヤ、ハナン。これらはみなアゼルの子らであった。
Asel woo mmabarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.

< 歴代誌Ⅰ 9 >