< 歴代誌Ⅰ 4 >

1 ユダの子らはペレヅ、ヘヅロン、カルミ、ホル、ショバルである。
Yuda asefoɔ no bi edin de Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
2 ショバルの子レアヤはヤハテを生み、ヤハテはアホマイとラハデを生んだ。これらはザレアびとの一族である。
Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Yeinom na na wɔyɛ Sorafoɔ mmusua.
3 エタムの子らはエズレル、イシマおよびイデバシ、彼らの姉妹の名はハゼレルポニである。
Na Etam asefoɔ no ne Yesreel, Yisma, Yidbas, ɛnna Haslelponi a na ɔyɛ ne babaa,
4 ゲドルの父はペヌエル、ホシャの父はエゼルである。これらはベツレヘムの父エフラタの長子ホルの子らである。
Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Yeinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefoɔ.
5 テコアの父アシュルにはふたりの妻ヘラとナアラとがあった。
Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.
6 ナアラはアシュルによってアホザム、ヘペル、テメニおよびアハシタリを産んだ。これらはナアラの子である。
Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.
7 ヘラの子らはゼレテ、エゾアル、エテナンである。
Hela woo Seret, Sohar, Etnan,
8 コヅはアヌブとゾベバを生んだ。またハルムの子アハルヘルの氏族も彼から出た。
ne Kos a nʼasefoɔ ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.
9 ヤベヅはその兄弟のうちで最も尊ばれた者であった。その母が「わたしは苦しんでこの子を産んだから」と言ってその名をヤベヅと名づけたのである。
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛseɛ sene ne nuammarima nyinaa. Ne maame too no edin Yabes, ɛfiri sɛ, ɔnyaa ɔyea wɔ nʼawoɔ mu.
10 ヤベヅはイスラエルの神に呼ばわって言った、「どうか、あなたが豊かにわたしを恵み、わたしの国境を広げ、あなたの手がわたしとともにあって、わたしを災から免れさせ、苦しみをうけさせられないように」。神は彼の求めるところをゆるされた。
Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.
11 シュワの兄弟ケルブはメヒルを生んだ。メヒルはエシトンの父、
Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston.
12 エシトンはベテラパ、パセアおよびイルナハシの父テヒンナを生んだ。これらはレカの人々である。
Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Yeinom ne Reka asefoɔ.
13 ケナズの子らはオテニエルとセラヤ。オテニエルの子らはハタテとメオノタイ。
Kenas mmammarima ne Otniel ne Seraia. Otniel mmammarima ne Hatat ne Meonotai.
14 メオノタイはオフラを生み、セラヤはゲハラシムの父ヨアブを生んだ。彼らは工人であったのでゲハラシムと呼ばれたのである。
Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab a ɔhyɛɛ Adwumfoɔ Bɔnhwa ase, ɛfiri sɛ, na adwumfoɔ pii tete hɔ.
15 エフンネの子カレブの子らはイル、エラおよびナアム。エラの子はケナズ。
Na Yefune babarima Kaleb mmammarima yɛ Iru, Ela ne Naam. Na Ela babarima yɛ Kenas.
16 エハレレルの子らはジフ、ジバ、テリア、アサレルである。
Yehalelel mmammarima ne Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
17 エズラの子らはエテル、メレデ、エペル、ヤロン。次のものはメレデがめとったパロの娘ビテヤの子らである。すなわち彼女はみごもってミリアム、シャンマイおよびイシバを産んだ。イシバはエシテモアの父である。
Ɛsra mmammarima yɛ Yeter, Mered, Efer ne Yalon. Mered waree Misraimni baa ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no.
18 彼の妻はユダヤ人で、ゲドルの父エレデとソコの父ヘベルとザノアの父エクテエルを産んだ。
Mered nso waree ɔbaa a ɔfiri Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa.
19 ナハムの姉妹であるホデヤの妻の子らはガルムびとケイラの父およびマアカびとエシテモアである。
Na Hodia yere yɛ Naham nuabaa. Ne mmammarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
20 シモンの子らはアムノン、リンナ、ベネハナン、テロンである。イシの子らはゾヘテとベネゾヘテである。
Simon mmammarima ne Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon. Na Yisi asefoɔ no ne Sohet ne Ben-Sohet.
21 ユダの子シラの子らはレカの父エル、マレシャの父ラダおよびベテアシベアの亜麻布織の家の一族、
Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako. Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
22 ならびにモアブを治めてレヘムに帰ったヨキム、コゼバの人々、ヨアシおよびサラフである。その記録は古い。
Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a na wɔdi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa edin yi nyinaa, wɔnya firii tete atwerɛ a na wɔatwerɛ agu hɔ mu.
23 これらの者は陶器を造る人で、ネタイムおよびゲデラに住み、王の用をするため、王とともに、そこに住んだ。
Na wɔyɛ nkukuonwomfoɔ a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.
24 シメオンの子らはネムエル、ヤミン、ヤリブ、ゼラ、シャウル。
Na Simeon mmammarima no edin de Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
25 シャウルの子はシャルム、その子はミブサム、その子はミシマ。
Na Saulo asefoɔ yɛ Salum, Mibsam ne Misma.
26 ミシマの子孫は、その子はハムエル、その子はザックル、その子はシメイ。
Na Misma asefoɔ yɛ Hamuel, Sakur ne Simei.
27 シメイには男の子十六人、女の子六人あったが、その兄弟たちには多くの子はなかった。またその氏族の者はすべてユダの子孫ほどにはふえなかった。
Simei woo mmammarima dunsia ne mmammaa baasia. Ne nuammarima no deɛ, na wɔn mu biara nni abusua kɛseɛ saa. Ɛno enti, Simeon abusua annɔre te sɛ Yuda abusua no.
28 彼らの住んだ所はベエルシバ、モラダ、ハザル・シュアル、
Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual,
29 ビルハ、エゼム、トラデ、
Bilha, Esem ne Tolad,
30 ベトエル、ホルマ、チクラグ、
Betuel, Horma ne Siklag,
31 ベテ・マルカボテ、ハザル・スシム、ベテ・ビリ、およびシャライムである。これらはダビデの世に至るまで彼らの町であった。
Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkuro yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kɔsii ɔhene Dawid berɛ so.
32 その村里はエタム、アイン、リンモン、トケン、アシャンの五つの町である。
Wɔn asefoɔ nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurotoɔ enum yi so,
33 またこれらの町々の周囲に多くの村があって、バアルまでおよんだ。彼らのすみかは以上のとおりで、彼らはおのおの系図をもっていた。
ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia no kɔsii Baal. Na wɔn atenaeɛ nie, na wɔahyehyɛ saa edin yi nyinaa wɔ wɔn abusuadua nkrataa mu.
34 メショバブ、ヤムレク、アマジヤの子ヨシャ、
Wɔn a wɔka Simeon asefoɔ ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek ne Amasia babarima Yosa,
35 ヨエル、アシエルのひこ、セラヤの孫、ヨシビアの子エヒウ。
Yoɛl, Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
36 エリオエナイ、ヤコバ、エショハヤ、アサヤ、アデエル、エシミエル、ベナヤ、
Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia,
37 およびシピの子ジザ。シピはアロンの子、アロンはエダヤの子、エダヤはシムリの子、シムリはシマヤの子である。
Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia.
38 ここに名をあげた者どもはその氏族の長であって、それらの氏族は大いにふえ広がった。
Edin a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofoɔ a wɔdeda Simeon mmusuakuo a wɔyɛ adefoɔ no ano no bi.
39 彼らは群れのために牧場を求めてゲドルの入口に行き、谷の東の方まで進み、
Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ bɔnhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so.
40 ついに豊かな良い牧場を見いだした。その地は広く穏やかで、安らかであった。その地の前の住民はハムびとであったからである。
Wɔnyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefoɔ no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dada.
41 これらの名をしるした者どもはユダの王ヒゼキヤの世に行って、彼らの天幕と、そこにいたメウニびとを撃ち破り、彼らをことごとく滅ぼして今日に至っている。そこには、群れのための牧場があったので、彼らはそこに住んだ。
Yudahene Hesekia ɛberɛ so no, Simeon ntuanofoɔ no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Maonfoɔ afie pasaa. Wɔkumm obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, ɛfiri sɛ, na wɔpɛ sɛ wɔnya mmoa didibea pa no.
42 またシメオンびとのうちの五百人はイシの子らペラテヤ、ネアリヤ、レパヤ、ウジエルをかしらとしてセイル山に行き、
Akofoɔ no mu ahanum a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no kɔɔ bepɔ Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmammarima no na na wɔdi wɔn anim.
43 アマレクびとで、のがれて残っていた者を撃ち滅ぼして、今日までそこに住んでいる。
Amalekfoɔ kakra a wɔkaeɛ no, wɔkunkumm wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.

< 歴代誌Ⅰ 4 >