< 歴代誌Ⅰ 24 >

1 アロンの子孫の組は次のとおりである。すなわちアロンの子らはナダブ、アビウ、エレアザル、イタマル。
Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
2 ナダブとアビウはその父に先だって死に、子がなかったので、エレアザルとイタマルが祭司となった。
Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.
3 ダビデはエレアザルの子孫ザドクとイタマルの子孫アヒメレクの助けによって彼らを分けて、それぞれの勤めにつけた。
Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasa aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boaa no enti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefoɔ mu akuakuo sɛdeɛ wɔn dwumadie teɛ.
4 エレアザルの子孫のうちにはイタマルの子孫のうちよりも長たる人々が多かった。それでエレアザルの子孫で氏族の長である十六人と、イタマルの子孫で氏族の長である者八人にこれを分けた。
Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso.
5 このように彼らは皆ひとしく、くじによって分けられた。聖所のつかさ、および神のつかさは、ともにエレアザルの子孫とイタマルの子孫から出たからである。
Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.
6 レビびとネタネルの子である書記シマヤは、王とつかさたちと祭司ザドクとアビヤタルの子アヒメレクと祭司およびレビびとの氏族の長たちの前で、これを書きしるした。すなわちエレアザルのために氏族一つを取れば、イタマルのためにも一つを取った。
Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:
7 第一のくじはヨアリブに当り、第二はエダヤに当り、
Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Yedaia.
8 第三はハリムに、第四はセオリムに、
Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Harim. Ntonto a ɛtɔ so ɛnan no bɔɔ Seorim.
9 第五はマルキヤに、第六はミヤミンに、
Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Malkia. Ntonto a ɛtɔ so nsia no bɔɔ Miyamin.
10 第七はハッコヅに、第八はアビヤに、
Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Hakos. Ntonto a ɛtɔ so nwɔtwe no bɔɔ Abia.
11 第九はエシュアに、第十はシカニヤに、
Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Yesua. Ntonto a ɛtɔ so edu no bɔɔ Sekania.
12 第十一はエリアシブに、第十二はヤキムに、
Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Eliasib. Ntonto a ɛtɔ so dumienu no bɔɔ Yakim.
13 第十三はホッパに、第十四はエシバブに、
Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa. Ntonto a ɛtɔ so dunan no bɔɔ Yesebeab.
14 第十五はビルガに、第十六はインメルに、
Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Bilga. Ntonto a ɛtɔ so dunsia no bɔɔ Imer.
15 第十七はヘジルに、第十八はハピセツに、
Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Hesir. Ntonto a ɛtɔ so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.
16 第十九はペタヒヤに、第二十はエゼキエルに、
Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Petahia. Ntonto a ɛtɔ so aduonu no bɔɔ Yeheskel.
17 第二十一はヤキンに、第二十二はガムルに、
Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Yakin. Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gamul.
18 第二十三はデラヤに、第二十四はマアジヤに当った。
Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia. Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Maasia.
19 これは、彼らの先祖アロンによって設けられた定めにしたがい、主の家にはいって務をなす順序であって、イスラエルの神、主の彼に命じられたとおりである。
Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
20 このほかのレビの子孫は次のとおりである。すなわちアムラムの子らのうちではシュバエル。シュバエルの子らのうちではエデヤ。
Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ: Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael. Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia.
21 レハビヤについては、レハビヤの子らのうちでは長子イシア。
Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia.
22 イヅハリびとのうちではシロミテ。シロミテの子らのうちではヤハテ。
Yishar asefoɔ ntuanoni ne Selomot. Selomot asefoɔ ntuanoni ne Yahat.
23 ヘブロンの子らは長子はエリヤ、次はアマリヤ、第三はヤハジエル、第四はエカメアム。
Hebron asefoɔ ntuanofoɔ ne: Yeria; Amaria ne nʼabadiakyire, Yahasiel na ɔtɔ so mmiɛnsa na Yekameam tɔ so ɛnan.
24 ウジエルの子らのうちではミカ。ミカの子らのうちではシャミル。
Usiel asefoɔ ntuanoni ne Mika. Mika asefoɔ ntuanoni ne Samir
25 ミカの兄弟はイシア。イシアの子らのうちではゼカリヤ。
ne Mika nuabarima Yisia. Yisia asefoɔ ntuanoni ne Sakaria.
26 メラリの子らはマヘリとムシ。ヤジアの子らはベノ。
Merari asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli ne Musi. Yasia asefoɔ ntuanoni ne Beno.
27 メラリの子孫のヤジアから出た者はベノ、ショハム、ザックル、イブリ。
Merari asefoɔ a wɔfiri Yasia mu no, ntuanofoɔ no ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.
28 マヘリからエレアザルが出た。彼には子がなかった。
Mahli asefoɔ ntuanoni ne Eleasa a na ɔnni mmammarima no.
29 キシについては、キシの子はエラメル。
Kis asefoɔ ntuanoni ne Yerahmeel.
30 ムシの子らはマヘリ、エデル、エリモテ。これらはレビびとの子孫で、その氏族によっていった者である。
Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewi asefoɔ ne sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
31 これらの者もまた氏族の兄もその弟も同様に、ダビデ王と、ザドクと、アヒメレクと、祭司およびレビびとの氏族の長たちの前で、アロンの子孫であるその兄弟たちのようにくじを引いた。
Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim.

< 歴代誌Ⅰ 24 >