< ゼパニヤ書 2 >

1 汝等羞恥を知ぬ民早く自ら内に省みよ
Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, Ao, animguaseɛ ɔman,
2 夫日は糠粃の如く過ぎさる 然ば詔言のいまだ行はれざる先ヱホバの烈き怒のいまだ汝等に臨まざる先ヱホバの忿怒の日のいまだ汝等にきたらざるさきに自ら省みるべし
ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru, na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuhyeɛ no aba mo so, ansa na Awurade abufuo ɛda no aba mo so.
3 すべてヱホバの律法を行ふ斯地の遜るものよ 汝等ヱホバを求め公義を求め謙遜を求めよ 然すれば汝等ヱホバの忿怒の日に或は匿さるることあらん
Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ. Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ; ebia ɔbɛkora mo Awurade abufuo ɛda no.
4 夫ガザは棄られアシケロンは荒はてアシドドは白晝に逐はらはれエクロンは抜さらるべし
Wɔbɛgya Gasa na wɔagya Askelon sɛ kurofo. Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam na wɔatutu Ekron ase.
5 海邊に住る者およびケレテの國民は禍なるかな ベリシテ人の國カナンよ ヱホバの言なんぢらを攻む 我なんぢを滅して住者なきに至らしむべし
Monnue mo a mote mpoano, Ao, mo Keretifoɔ; Awurade asɛm tia mo. Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka.
6 海邊は必ず牧塲となり牧者の洞および羊の牢そこに在ん
Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwammuo.
7 此地はユダの家の殘餘れる者に歸せん 彼ら其處にて草飼ひ暮に至ればアシケロンの家に臥ん そは彼らの神ヱホバかれらを顧みその俘囚を歸したまふべければなり
Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea; ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea. Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ Askelon afie mu. Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.
8 我すでにモアブの嘲弄とアンモンの子孫の罵言を聞けり 彼らはわが民を嘲り自ら誇りて之が境界を侵せしなり
“Mate Moab nsopa ne Amonfoɔ atweetweɛ; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.
9 是故に萬軍のヱホバ、イスラエルの神 言たまふ 我は活く 必ずモアブはソドムのごとくになりアンモンの子孫はゴモラのごとくにならん 是は共に蕁麻の蔓延る處となり鹽坑の地となりて長久に荒はつべし 我民の遺れる者かれらを掠めわが國民の餘されたる者かれらを獲ん
Enti, sɛ mete ase yi,” sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora, baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ, asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa; me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”
10 この事の彼らに臨むはその傲慢による 即ち彼ら萬軍のヱホバの民を嘲りて自ら誇りたればなり
Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie, sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.
11 ヱホバは彼等に對ひては畏ろしくましまし地の諸の神や饑し滅したまふなり 諸の國の民おのおのその處より出てヱホバを拜まん
Awurade ho suro bɛba wɔn so ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.
12 エテオピア人よ汝等もまたわが劍にかかりて殺さる
“Mo Etiopiafoɔ nso, mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”
13 ヱホバ北に手を伸てアッスリヤを滅したまはん 亦ニネベを荒して荒野のごとき旱地となしたまはん
Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.
14 而して畜の群もろもろの類の生物その中に伏し鸅鸕および刺猬其柱の頂に住み囀る者の聲窓の内にきこえ荒落たる物閾の上に積り香柏の板の細工露顯になるべし
Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su bɛgyegye mpomma mu, mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan, mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.
15 是邑は驕り傲ぶりて安泰に立をり 唯我あり 我の外には誰もなしと心の中に言つつありし者なるが斯も荒はてて畜獣の臥す處となる者かな 此を過る者はみな嘶きて手をふるはん
Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie na ɛte asomdwoeɛ mu. Ɔhoahoa ne ho sɛ, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛ deɛ atete apansam, na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ! Obiara a ɔtwam hɔ no sere no, hugya ne nsa fɛdie so.

< ゼパニヤ書 2 >