< ゼパニヤ書 1 >

1 アモンの子ユダの王ヨシヤの世にゼパニヤに臨めるヱホバの言 ゼパニヤはクシの子 クシはゲダリアの子 ゲダリアはアマリヤの子 アマリヤはヒゼキヤの子なり
Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.
2 ヱホバ言たまふ われ地の面よりすべての物をはらひのぞかん
“Mɛpra biribiara afi asase so” nea Awurade se ni,
3 われ人と獣畜をほろぼし空の鳥 海の魚および躓礙になる者と惡人とを滅さん 我かならず地の面より人をほろぼし絶ん ヱホバこれを言ふ
“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa. Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara, sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,” nea Awurade se ni.
4 我ユダとエルサレムの一切の居民との上に手を伸ん 我 この處よりかの漏のこれるバアルを絶ちケマリムの名を祭司と與に絶ち
“Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din
5 また屋上にて天の衆軍を拜む者ヱホバに誓を立てて拜みながらも亦おのれの王を指て誓ふことをする者
wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi, de sɔre abɔde a ɛwɔ wim, wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam na wɔde Molek nso ka ntam,
6 ヱホバに悖り離るる者ヱホバを求めず尋ねざる者を絶ん
wɔn nso a wogyae Awurade akyidi na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.”
7 汝 主ヱホバの前に默せよ そはヱホバの日近づきヱホバすでに犠牲を備へその招くべき者をさだめ給ひたればなり
Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim, efisɛ, Awurade da no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔde; wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.
8 ヱホバの犠牲の日に我もろもろの牧伯と王の子等および凡て異邦の衣服を着る者を罰すべし
“Awurade afɔrebɔ da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma ne wɔn a wɔhyehyɛ ananafo ntade nyinaa aso.
9 その日には我また凡て閾をとびこえ強暴と詭譎をもて獲たる物をおのが主の家に滿す者等を罰せん
Saa da no mɛtwe wɔn a wɔkwati apongua no nyinaa aso. Wɔn a wɔde akakabensɛm ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.
10 ヱホバ曰たまはく その日には魚の門より號呼の聲おこり下邑より喚く聲おこり山々より大なる敗壞おこらん
“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni, “Osu befi Mpataa Pon ano, agyaadwotwa befi Atenae Foforo na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.
11 マクテシの民よ汝ら叫べ 其は商賣する民 悉くほろび銀を擔ふ者 悉く絶たればなり
Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase, dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.
12 その時はわれ燈をもちてエルサレムの中を尋ねん 而して滓の上に居着て心の中にヱホバは福をもなさず災をもなさずといふものを罰すべし
Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no, a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’
13 かれらの財寳は掠められ彼らの家は荒果ん かれら家を造るともその中に住ことを得ず 葡萄を植るともその葡萄酒を飮ことを得ざるべし
Wɔbɛfom wɔn ahonyade, na wɔabubu wɔn afi agu. Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuw nanso wɔrennom mu nsa.”
14 ヱホバの大なる日近づけり 近づきて速かに來る 聽よ是ヱホバの日なるぞ 彼處に勇士のいたく叫ぶあり
Awurade da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm so. Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw, ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.
15 その日は忿怒の日 患難および痛苦の日 荒かつ亡ぶるの日 黑暗またをぐらき日 濃き雲および黑雲の日
Saa da no bɛyɛ abufuw da, ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da; ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da, ɛyɛ esum ne kusukuukuu da ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,
16 箛をふき鯨聲をつくり堅き城を攻め高き櫓を攻るの日なり
ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ ne ntwɔtwɔw so abantenten da.
17 われ人々に患難を蒙らせて盲者のごとくに惑ひあるかしめん 彼らヱホバにむかひて罪を犯したればなり 彼らの血は流されて塵のごとくになり彼らの肉は捨られて糞土のごとくなるべし
“Mede awerɛhow bɛba nnipa no so na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo, efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma, na wɔn ayamde nso sɛ atantanne.
18 かれらの銀も金もヱホバの烈き怒の日には彼らを救ふことあたはず 全地その嫉妬の火に呑るべし 即ちヱホバ地の民をことごとく滅したまはん 其事まことに速なるべし
Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuw da no.” Ne ninkutwe mu gya no bɛhyew ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa aba awiei mpofirim.

< ゼパニヤ書 1 >