< ゼカリヤ書 1 >

1 ダリヨスの二年八月のヱホバの言イドの子ベレキヤの子なる預言者ゼカリヤに臨めり云く
Ɔbosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso yɛ Ido babarima nkyɛn sɛ:
2 ヱホバいたく汝らの父等を怒りたまへり
“Awurade bo fuu mo tete agyanom.
3 萬軍のヱホバかく言ふと汝かれらに告よ萬軍のヱホバ言ふ汝ら我に歸れ萬軍のヱホバいふ我も汝らに歸らん
Enti, ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane aba mo nkyɛn,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.
4 汝らの父等のごとくならざれ前の預言者等かれらに向ひて呼はりて言り萬軍のヱホバかく言たまふ請ふ汝らその惡き道を離れその惡き行を棄てて歸れと然るに彼等は聽ず耳を我に傾けざりきヱホバこれを言ふ
Monnyɛ sɛ mo tete agyanom, a adiyifoɔ a wɔdii ɛkan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Asafo Awurade seɛ: Monnane mfiri mo akwammɔne ne nneyɛeɛ bɔne ho,’ nanso wɔantie no na wɔanyɛ aso amma no.
5 汝らの父等は何處にありや預言者たち永遠に生んや
Mo tete agyanom wɔ he seesei? Na adiyifoɔ no, wɔte ase daa anaa?
6 然ながら我僕なる預言者等に我が命じたる吾言とわが法度とは汝らの父等に追及たるに非ずや然ゆゑに彼らかへりて言り萬軍のヱホバ我らの道に循ひ我らの行に循ひて我らに爲んと思ひたまひし事を我らに爲たまへりと
Na me nsɛm a menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ so kaeɛ no, amma mo tete agyanom no so anaa? “Afei wɔnuu wɔn ho na wɔkaa sɛ, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn deɛ ɛfata yɛn akwan ne nneyɛeɛ, sɛdeɛ ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’”
7 ダリヨスの二年十一月すなはちセバテといふ月の二十四日にヱホバの言イドの子ベレキヤの子なる預言者ゼカリヤに臨めり云く
Na ɛda a ɛtɔ so aduonu ɛnan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, wɔ ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn.
8 我夜觀しに一箇の人赤馬に乗て谷の裏なる鳥拈樹の中に立ちその後に赤馬駁馬白馬をる
Anadwo no menyaa anisoadehunu, mehunuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ɔgyina ohwam nnua bi ntam wɔ bɔnhwa tiaa a emu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoeɛ ne fitaa wɔ nʼakyi.
9 我わが主よ是等は何ぞやと問けるに我と語ふ天の使われにむかひて是等の何なるをわれ汝に示さんと言り
Mebisaa sɛ, “Yeinom ase ne sɛn, me wura?” Ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no buaa sɛ, “Mɛkyerɛ wo adekodeɛ a wɔyɛ.”
10 鳥拈樹の中に立る人答へて言けるは是等は地上を遍く歩かしめんとてヱホバの遣したまひし者なりと
Enti, ɔbarima a ɔgyina ohwam nnua ntam mu no kyerɛɛ aseɛ sɛ, “Wɔyɛ wɔn a Awurade asoma wɔn sɛ wɔnkɔ ewiase afanan nyinaa no.”
11 彼ら答へて鳥拈樹の中に立るヱホバの使に言けるは我ら地上を行めぐり觀しに全地は穩にして安し
Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ a ɔgyina ohwam nnua no mu no sɛ, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yɛhunuu sɛ ewiase nyinaa wɔ ahomegyeɛ ne asomdwoeɛ.”
12 ヱホバの使こたへて言ふ萬軍のヱホバよ汝いつまでヱルサレムとユダの邑々を恤みたまはざるか汝はこれを怒りたまひてすでに七十年になりぬと
Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Asafo Awurade, ɛnkɔsi da bɛn na wobɛyi wʼahummɔborɔ afiri Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson yi so?”
13 ヱホバ我と語ふ天の使に嘉事慰事をもて答へたまへり
Enti, Awurade kaa abodwosɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.
14 かくて我と語ふ天の使我に言けるは汝呼はりて言へ萬軍のヱホバかく言たまふ我ヱルサレムのためシオンのために甚だしく心を熱して嫉妬おもひ
Afei ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no kaa sɛ, “Pae mu ka saa asɛm yi: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yie,
15 安居せる國々の民を太く怒る其は我すこしく怒りしに彼ら力を出して之に害を加へたればなり
nanso, me bo afu aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfu wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.’
16 ヱホバかく言ふ是故に我憐憫をもてヱルサレムに歸る萬軍のヱホバのたまふ我室その中に建られ量繩ヱルサレムに張られん
“Enti, deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu wɔ Yerusalem so,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.
17 汝また呼はりて言へ萬軍のヱホバかく宣ふ我邑々には再び嘉物あふれんヱホバふたたびシオンを慰め再びヱルサレムを簡びたまふべしと
“Kɔ so pae mu ka sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Nnepa bɛbu so wɔ me nkuro yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’”
18 かくて我目を擧て觀しに四の角ありければ
Afei, memaa mʼani so, na mehunuu mmɛn ɛnan!
19 我に語ふ天の使に是等は何なるやと問しに彼われに答へけるは是等はユダ、イスラエルおよびヱルサレムを散したる角なりと
Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa me sɛ, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.”
20 時にヱホバ四箇の鍛冶を我に見し給へり
Na Awurade kyerɛɛ me adwumfoɔ ɛnan.
21 我是等は何を爲んとて來れるやと問しに斯こたへ給へり是等の角はユダを散して人にその頭を擧しめざりし者なるが今この四箇の者來りて之を威しかのユダの地にむかひて角を擧て之を散せし諸國の角を擲たんとす
Mebisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yeinom rebɛyɛ?” Ɔbuaa sɛ, “Mmɛn ɛnan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne tiri so, nanso adwumfoɔ yi aba sɛ wɔrebɛhunahuna wɔn, na woatutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no peteeɛ no.”

< ゼカリヤ書 1 >