< ローマ人への手紙 12 >

1 されば兄弟よ、われ神のもろもろの慈悲によりて汝らに勸む、己が身を神の悦びたまふ潔き活ける供物として献げよ、これ靈の祭なり。
Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu.
2 又この世に效ふな、神の御意の善にして悦ぶべく、かつ全きことを辨へ知らんために、心を更へて新にせよ。 (aiōn g165)
Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ. (aiōn g165)
3 われ與へられし恩惠によりて汝 等おのおのに告ぐ、思ふべき所を超えて自己を高しとすな。神のおのおのに分ち給ひし信仰の量にしたがひ愼みて思ふべし。
Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka kyerɛ mo nyinaa se, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ modwene, na mmom monnwene mo ho ahobrɛase mu, na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so.
4 人は一つ體におほくの肢あれども、凡ての肢その運用を同じうせぬ如く、
Sɛnea yɛn mu biara wɔ nipadua a ho akwaa yɛ bebree, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a edi no,
5 我らも多くあれど、キリストに在りて一つ體にして、各人たがひに肢たるなり。
saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea.
6 われらが有てる賜物はおのおの與へられし恩惠によりて異なる故に、或は預言あらば信仰の量にしたがひて預言をなし、
Yɛwɔ akyɛde ahorow sɛnea wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛde yɛ nkɔmhyɛ a, ma onnyina ne gyidi so mfa nyɛ adwuma.
7 或は務あらば務をなし、或は教をなす者は教をなし、
Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ.
8 或は勸をなす者は勸をなし、施す者はをしみなく施し、治むる者は心を盡して治め、憐憫をなす者は喜びて憐憫をなすべし。
Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforo a, ma omfi koma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamye a, ma ɔmfa anigye nyɛ.
9 愛には虚僞あらざれ、惡はにくみ、善はしたしみ、
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Mommata nea eye ho.
10 兄弟の愛をもて互に愛しみ、禮儀をもて相 讓り、
Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho mo ho. Munni afoforo ni nsen mo ho.
11 勤めて怠らず、心を熱くし、主につかへ、
Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hyew wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛw nsom Awurade.
12 望みて喜び、患難にたへ、祈を恆にし、
Munnya anidaso mu anigye, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidi mmɔ mpae.
13 聖徒の缺乏を賑し、旅人を懇ろに待せ、
Mone Onyankopɔn nkurɔfo a ahia wɔn no nkyɛ nea mowɔ. Mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden.
14 汝らを責むる者を祝し、これを祝して詛ふな。
Munhyira wɔn a wɔtaa mo no. Munhyira wɔn, na monnnome wɔn.
15 喜ぶ者と共によろこび、泣く者と共になけ。
Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.
16 相 互に心を同じうし、高ぶりたる思をなさず、反つて卑きに附け。なんぢら己を聰しとすな。
Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo.
17 惡をもて惡に報いず、凡ての人のまへに善からんことを圖り、
Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo.
18 汝らの爲し得るかぎり力めて凡ての人と相 和げ。
Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu.
19 愛する者よ、自ら復讐すな、ただ神の怒に任せまつれ。録して『主いひ給ふ、復讐するは我にあり、我これに報いん』とあり。
Monntɔ were me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuw ho kwan efisɛ wɔakyerɛw se, “Me na aweretɔ wɔ me, metua ka,” Awurade na ose.
20 『もし汝の仇 飢ゑなば之に食はせ、渇かば之に飮ませよ、なんぢ斯するは熱き火を彼の頭に積むなり』
Nanso, “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansramma ano gu nʼatifi.”
21 惡に勝たるることなく、善をもて惡に勝て。
Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.

< ローマ人への手紙 12 >