< ヨハネの黙示録 8 >
1 第七の封印を解き給ひたれば、凡そ半時のあひだ天 靜なりき。
Ɛberɛ a Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nson no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwereɛ fa.
2 われ神の前に立てる七人の御使を見たり、彼らは七つのラッパを與へられたり。
Afei mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.
3 また他の一人の御使、金の香爐を持ちきたりて祭壇の前に立ち、多くの香を與へられたり。これは凡ての聖徒の祈に加へて、御座の前なる金の香壇の上に献げんためなり。
Ɔbɔfoɔ foforɔ a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhwam adaka bɛgyinaa afɔrebukyia no ho. Wɔmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Onyankopɔn nkurɔfoɔ no deɛ ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a ɛsi ahennwa no anim no so afɔdeɛ.
4 而して香の煙、御使の手より聖徒たちの祈とともに神の前に上れり。
Aduhwam no hwa ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ mpaeɛ firi abɔfoɔ no nsam kɔɔ soro.
5 御使その香爐をとり、之に祭壇の火を盛りて地に投げたれば、數多の雷霆と聲と電光と、また地震おこれり。
Afei, ɔbɔfoɔ no faa aduhwam adaka no de ogya a ɛfiri afɔrebukyia no so hyɛɛ no ma, to twenee asase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ baeɛ.
6 ここに七つのラッパをもてる七人の御使これを吹く備をなせり。
Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.
7 第一の御使ラッパを吹きしに、血の混りたる雹と火とありて、地にふりくだり、地の三分の一 燒け失せ、樹の三分の一 燒け失せ、もろもろの青 草 燒け失せたり。
Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, ɛnna wira mono nyinaa nso hyeeɛ.
8 第二の御使ラッパを吹きしに、火にて燃ゆる大なる山の如きもの海に投げ入れられ、海の三分の一 血に變じ、
Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Wɔtoo biribi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɛrederɛ twenee ɛpo mu. Ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya.
9 海の中の造られたる生命あるものの三分の一 死に、船の三分の一 滅びたり。
Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ.
10 第三の御使ラッパを吹きしに、燈火のごとく燃ゆる大なる星、天より隕ちきたり、川の三分の一と水の源泉との上におちたり。
Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa hyɛnee ne totorobɛnto. Nsoromma kɛseɛ bi a ɛrederɛ sɛ egyatɛn te firi soro bɛhwee nsuo nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mu.
11 この星の名は苦艾といふ。水の三分の一は苦艾となり、水の苦くなりしに因りて多くの人 死にたり。
Nsoromma no din de “Ɔnwono”. Nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a wɔnomeeɛ no mu bebree wuwuiɛ ɛfiri sɛ, na ayɛ nwono.
12 第四の御使ラッパを吹きしに、日の三分の一と月の三分の一と星の三分の一と撃たれて、その三分の一は暗くなり、晝も三分の一は光なく、夜も亦おなじ。
Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako seneeɛ maa no duduruu sum, enti adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.
13 また見しに、一つの鷲の中空を飛び、大なる聲して言ふを聞けり。曰く『地に住める者どもは禍害なるかな、禍害なるかな、禍害なるかな、尚ほかに三人の御使の吹かんとするラッパの聲あるに因りてなり』
Na mehwɛeɛ na metee sɛ ɔkɔdeɛ bi a watu nam soro soro teaam sɛ, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wɔnnue, wɔnnue ɛsiane totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛn no enti.”