< 詩篇 35 >

1 ヱホバよねがはくは我にあらそふ者とあらそひ我とたたかふものと戰ひたまへ
Dawid dwom. Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie; ko tia wɔn a wɔko tia me.
2 干と大盾とをとりてわが援にたちいでたまへ
Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu; na sɔre bra bɛboa me.
3 戟をぬきいだしたまひて我におひせまるものの途をふさぎ且わが霊魂にわれはなんぢの救なりといひたまへ
Twe pea ne abonnua wɔ wɔn a wɔtaa me so ka kyerɛ me kra sɛ, “Mene wʼagyenkwa.”
4 願くはわが霊魂をたづぬるものの恥をえていやしめられ 我をそこなはんと謀るものの退けられて惶てふためかんことを
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no ma wɔn anim ngu ase; wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ no ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.
5 ねがはくはかれらが風のまへなる粃糠のごとくなりヱホバの使者におひやられんことを
Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo wɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn.
6 願くはかれらの途をくらくし滑らかにしヱホバの使者にかれらを追ゆかしめたまはんことを
Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro, na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so.
7 かれらは故なく我をとらへんとて網をあなにふせ 故なくわが霊魂をそこなはんとて阱をうがちたればなり
Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti
8 願くはかれらが思ひよらぬ間にほろびきたり己がふせたる網にとらへられ自らその滅におちいらんことを
ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn, na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.
9 然ときわが霊魂はヱホバによりてよろこび その救をもて樂しまん
Afei me kra ani bɛgye wɔ Awurade mu na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu.
10 わがすべての骨はいはん ヱホバよ汝はくるしむものを之にまさりて力つよきものより並くるしむもの貧しきものを掠めうばふ者よりたすけいだし給ふ 誰かなんぢに比ふべき者あらんと
Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ, “Hwan na ɔte sɛ wo, Ao Awurade? Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.”
11 こころあしき證人おこりてわが知ざることを詰りとふ
Adansekurumfoɔ sɔre; wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.
12 かれらは惡をもてわが善にむくい我がたましひを依仗なきものとせり
Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka na wɔma me kra yɛ basaa.
13 然どわれかれらが病しときには麁服をつけ糧をたちてわが霊魂をくるしめたり わが祈はふところにかへれり
Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase. Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no,
14 わがかれに作ることはわが友わが兄弟にことならず母の喪にありて痛哭がごとく哀しみうなたれたり
mekɔɔ so twaa adwo sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhoɔ sii me ti ase te sɛ deɛ meregyam me maame.
15 然どかれらはわが倒れんとせしとき喜びつどひわが知ざりしとき匪類あつまりきたりて我をせめ われを裂てやめざりき
Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano; ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.
16 かれらは洒宴にて穢きことをのぶる嘲笑者のごとく我にむかひて歯をかみならせり
Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu; wɔtwɛree wɔn se guu me so.
17 主よいたづらに見るのみにして幾何時をへたまふや 願くはわがたましひの彼等にほろぼさるるを脱れしめ わが生命をわかき獅よりまぬかれしめたまへ
Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn? Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu, gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.
18 われ大なる會にありてなんぢに感謝し おほくの民のなかにて汝をほめたたへん
Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.
19 虚偽をもてわれに仇するもののわが故によろこぶことを容したまなかれ 故なくして我をにくむ者のたがひに眴せすることなからしめたまへ
Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no nhwɛ me haa nsere. Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.
20 かれらは平安をかたらず あざむきの言をつくりまうけて國内におだやかにすまふ者をそこなはんと謀る
Wɔnnkasa asomdwoeɛ so, na mmom, wɔde ntwatosoɔ tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.
21 然のみならず我にむかひて口をあけひろげ ああ視よや視よやわれらの眼これをみたりといへり
Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane, yɛde yɛn ankasa ani ahunu.”
22 ヱホバよ汝すでにこれを視たまへり ねがはくは默したまふなかれ主よわれに遠ざかりたまふなかれ
Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano. Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade.
23 わが神よわが主よ おきたまへ醒たまへ ねがはくはわがために審判をなしわが訟ををさめたまへ
Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban! Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.
24 わが神ヱホバよなんぢの義にしたがひて我をさばきたまへ わが事によりてかれらに歓喜をえしめたまふなかれ
Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn; mma wɔn nhwɛ me haa nsere.
25 かれらにその心裡にて ああここちよきかな觀よこれわが願ひしところなりといはしめたまふなかれ 又われらかれを呑つくせりといはしめたまふなかれ
Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!” anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.”
26 願くはわが害なはるるを喜ぶもの皆はぢて惶てふためき 我にむかひてはこりかに高ぶるものの愧とはづかしめとを衣んことを
Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.
27 わが義をよみする者をばよろこび謳はしめ大なるかなヱホバその僕のさいはひを悦びたまふと恒にいはしめたまへ
Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.”
28 わが舌は終日なんぢの義となんぢの譽とをかたらん
Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee ne wʼayɛyie da mu nyinaa.

< 詩篇 35 >