< 詩篇 34 >

1 われつねにヱホバを祝ひまつらんその頌詞はわが口にたえじ
Dawid dwom a ɔtoo bere a ɔboapa dan ɔbɔdamfo wɔ Abimelek anim no na ɔpanyin no gyaa no ma ɔkɔe no akyi. Mede aseda bɛma Awurade bere nyinaa; nʼayeyi wɔ mʼanom daa.
2 わがたましひはヱホバによりて誇らん 謙だるものは之をききてよろこばん
Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu; ma amanehunufo nte na wonni ahurusi.
3 われとともにヱホバを崇めよ われらともにその名をあげたたへん
Mo ne me nkamfo Awurade; momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!
4 われヱホバを尋ねたればヱホバわれにこたへ我をもろもろの畏懼よりたすけいだしたまへり
Mefrɛɛ Awurade na ogyee me so; na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu.
5 かれらヱホバを仰ぎのぞみて光をかうぶれり かれらの面ははぢあからむことなし
Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn na wɔn anim rengu ase da.
6 この苦しむもの叫びたればヱホバこれをきき そのすべての患難よりすくひいだしたまへり
Ohiani yi frɛe, na Awurade tiee no; na ogyee no fii nʼahohia nyinaa mu.
7 ヱホバの使者はヱホバをおそるる者のまはりに營をつらねてこれを援く
Awurade bɔfo wɛn wɔn a wosuro no, na ogye wɔn.
8 なんぢらヱホバの恩惠ふかきを嘗ひしれ ヱホバによりたのむ者はさいはひなり
Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade ye. Nhyira ne onipa a oguan toa no.
9 ヱホバの聖徒よヱホバを畏れよヱホバをおそるるものには乏しきことなければなり
Munsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefo, na wɔn a wosuro no no nhia hwee.
10 わかき獅はともしくして饑ることあり されどヱホバをたづぬるものは嘉物にかくることあらじ
Gyata yɛ mmerɛw na ɔkɔm de wɔn, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, ade pa biara remmɔ wɔn.
11 子よきたりて我にきけ われヱホバを畏るべきことを汝等にをしへん
Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.
12 福祉をみんがために生命をしたひ存へんことをこのむ者はたれぞや
Mo mu hena na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree?
13 なんぢの舌をおさへて惡につかしめず なんぢの口唇をおさへて虚偽をいはざらしめよ
Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.
14 惡をはなれて善をおこなひ和睦をもとめて切にこのことを勉めよ
Twe wo ho fi bɔne ho, na yɛ papa; hwehwɛ asomdwoe na tiw no.
15 ヱホバの目はただしきものをかへりみ その耳はかれらの號呼にかたぶく
Awurade ani wɔ atreneefo so na otie wɔn mpaebɔ;
16 ヱホバの聖顔はあくをなす者にむかひてその跡を地より斷滅したまふ
Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, sɛ obeyi wɔn nkae afi asase yi so.
17 義者さけびたればヱホバ之をききてそのすべての患難よりたすけいだしたまへり
Atreneefo teɛ mu su, na Awurade tie wɔn; oyi wɔn fi wɔn haw nyinaa mu.
18 ヱホバは心のいたみかなしめる者にちかく在してたましひの悔頽れたるものをすくひたまふ
Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abotow na ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn wɔ honhom mu no nkwa.
19 ただしきものは患難おほし されどヱホバはみなその中よりたすけいだしたまふ
Onipa trenee behu amane bebree nanso Awurade gye no fi ne nyinaa mu;
20 ヱホバはかれがすべての骨をまもりたまふ その一つだに折らるることなし
ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, sɛnea mu baako mpo mu remmu.
21 惡はあしきものをころさん 義人をにくむものは刑なはるべし
Bɔne bekum ɔdebɔneyɛni; ɔtreneeni atamfo benya afɔbu.
22 ヱホバはその僕等のたましひを贖ひたまふ ヱホバに依賴むものは一人だにつみなはるることなからん
Awurade gye nʼasomfo nkwa; wɔn a woguan toa no no mu biara renkɔ afɔbu mu.

< 詩篇 34 >