< 詩篇 32 >

1 その愆をゆるされその罪をおほはれしものは福ひなり
Dawid dwom. Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
2 不義をヱホバに負せられざるもの心にいつはりなき者はさいはひなり
Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so, na nnaadaa nni ne honhom mu.
3 我いひあらはさざりしときは終日かなしみさけびたるが故にわが骨ふるびおとろへたり
Ɛberɛ a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛ apinie a mesii no da mu nyinaa enti.
4 なんぢの手はよるも晝もわがうへにありて重し わが身の潤澤はかはりて夏の旱のごとくなれり (セラ)
Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden saeɛ sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.
5 斯てわれなんぢの前にわが罪をあらはしわが不義をおほはざりき 我いへらくわが愆をヱホバにいひあらはさんと 斯るときしも汝わがつみの邪曲をゆるしたまへり (セラ)
Afei, megyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumuyɛ so. Mekaa sɛ, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.
6 されば神をうやまふ者はなんぢに遇ことをうべき間になんぢに祈らん 大水あふれ流るるともかならずその身におよばじ
Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ ɛberɛ a wɔhunu woɔ; ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a, ɛrenka no.
7 汝はわがかくるべき所なり なんぢ患難をふせぎて我をまもり救のうたをもて我をかこみたまはん (セラ)
Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.
8 われ汝ををしへ汝をあゆむべき途にみちびき わが目をなんぢに注てさとさん
Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ mɛtu wo fo na mahwɛ wo so.
9 汝等わきまへなき馬のごとく驢馬のごとくなるなかれ かれらは鑣たづなのごとき具をもてひきとめずば近づききたることなし
Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a ɔnni nteaseɛ enti wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
10 惡者はかなしみ多かれどヱホバに依賴むものは憐憫にてかこまれん
Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso, nanso Awurade adɔeɛ a ɛnsa da no, ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.
11 ただしき者よヱホバを喜びたのしめ 凡てこころの直きものよ喜びよばふべし
Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo teneneefoɔ; monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ.

< 詩篇 32 >