< 詩篇 28 >

1 ああヱホバよわれ汝をよばん わが磐よねがはくは我にむかひて暗唖となりたまふなかれ なんぢ默したまはば恐らくはわれ墓にいるものとひとしからん
Dawid dwom. Wo na mesu mefrɛ wo, Ao Awurade me Botan; nsi wʼaso wɔ me enti. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.
2 われ汝にむかひてさけび聖所の奧にむかひて手をあぐるときわが懇求のこゑをききたまへ
Tie me mmɔborɔ su ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa ɛberɛ a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
3 あしき人また邪曲をおこなふ者とともに我をとらへてひきゆき給ふなかれ かれらはその隣にやはらぎをかたれども心には殘害をいだけり
Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ wɔn a wɔyɛ bɔne no. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu.
4 その事にしたがひそのなす惡にしたがひて彼等にあたへ その手の行爲にしたがひて與へこれにその受べきものを報いたまへ
Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.
5 かれらはヱホバのもろもろの事とその手のなしわざとをかへりみず この故にヱホバかれらを毀ちて建たまふことなからん
Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti, ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio.
6 ヱホバは讃べきかな わが祈のこゑをききたまひたり
Ayɛyie nka Awurade, ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.
7 ヱホバはわが力わが盾なり わがこころこれに依賴みたれば我たすけをえたり 然るゆゑにわが心いたくよろこぶ われ歌をもてほめまつらん
Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. Mʼakoma di ahurisie na mede dwomtoɔ bɛda no ase.
8 ヱホバはその民のちからなり その受膏者のすくひの城なり
Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ; ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.
9 なんぢの民をすくひなんぢの嗣業をさきはひ且これをやしなひ之をとこしなへに懐きたすけたまへ
Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ; yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.

< 詩篇 28 >