< 詩篇 17 >

1 ああヱホバよ公義をききたまへ わが哭聲にみこころをとめたまへ いつはりなき口唇よりいづる我がいのりに耳をかたぶけたまへ
Dawid Mpaeɛbɔ. Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.
2 ねがはくはわが宣告みまへよりいでてなんぢの目公平をみたまはんことを
Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ. Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ.
3 なんぢわが心をこころみ また夜われにのぞみたまへり 斯てわれを糺したまへど我になにの惡念あるをも見出たまはざりき わが口はつみを犯すことなからん
Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee; masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne.
4 人の行爲のことをいはば我なんぢのくちびるの言によりて暴るものの途をさけたり
Nnipa nneyɛɛ fam no, wʼanomu asɛm enti matwe me ho afiri basabasayɛfoɔ akwan ho.
5 わが歩はかたくなんぢの途にたちわが足はよろめくことなかりき
Menam wʼakwan so daa; me nan nnwatiriiɛ.
6 神よなんぢ我にこたへたまふ 我なんぢをよべり ねがはくは汝の耳をかたぶけてわが陳るところをききたまへ
Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn na wobɛgye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ.
7 なんぢに依賴むものを右手をもて仇するものより救ひたまふ者よ ねがはくはなんぢの妙なる仁慈をあらはしたまへ
Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa firi wɔn atamfoɔ nsam.
8 願くはわれを瞳のごとくにまもり汝のつばさの蔭にかくし
Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwunu no ase
9 我をなやむるあしき者また我をかこみてわが命をそこなはんとする仇よりのがれしめ給へ
firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam, mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no.
10 かれらはおのが心をふさぎ その口をもて誇かにものいへり
Wɔpirim wɔn akoma, na wɔkasa ahantan so.
11 いづこにまれ往ところにてわれらを打圍み われらを地にたふさんと目をとむ
Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.
12 かれは抓裂んといらだつ獅のごとく隠やかなるところに潜みまつ壯獅のごとし
Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ.
13 ヱホバよ起たまへ ねがはくはかれに立對ひてこれをたふし御劍をもて惡きものよりわが霊魂をすくひたまへ
Sɔre, Ao Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam.
14 ヱホバよ手をもて人より我をたすけいだしたまへ おのがうくべき有をこの世にてうけ 汝のたからにてその腹をみたさるる世人より我をたすけいだし給へ かれらはおほくの子にあきたり その富ををさなごに遺す
Ao Awurade fa wo nsa gye me firi nnipa a wɔte sei nsam asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu. Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmammarima wɔ bebree, na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma.
15 されどわれは義にありて聖顔をみ目さむるとき容光をもて飽足ることをえん
Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim; sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< 詩篇 17 >