< 詩篇 146 >

1 ヱホバを讃稱へよ わがたましひよヱホバをほめたたへよ
Monkamfo Awurade. Me kra, kamfo Awurade!
2 われ生るかぎりはヱホバをほめたたへ わがながらふるほどはわが神をほめうたはん
Mɛkamfo Awurade me nkwanna nyinaa; mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi.
3 もろもろの君によりたのむことなく 人の子によりたのむなかれ かれらに助あることなし
Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, adesamma a wɔrentumi nnye nkwa.
4 その氣息いでゆけばかれ土にかへる その日かれがもろもろの企圖はほろびん
Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu, saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.
5 ヤコブの神をおのが助としその望をおのが神ヱホバにおくものは福ひなり
Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn, nea nʼanidaso wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.
6 此はあめつちと海とそのなかなるあらゆるものを造り とこしへに眞實をまもり
Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo, po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa Awurade a ɔyɛ nokwafo daa no.
7 虐げらるるもののために審判をおこなひ 饑ゑたるものに食物をあたへたまふ神なり ヱホバはとらはれたる人をときはなちたまふ
Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. Awurade gyaa nneduafo,
8 ヱホバはめしひの目をひらき ヱホバは屈者をなほくたたせ ヱホバは義しきものを愛しみたまふ
Awurade ma anifuraefo hu ade. Awurade ma wɔn a wɔakom no so, Awurade dɔ atreneefo.
9 ヱホバは他邦人をまもり 孤子と寡婦とをささへたまふ されど惡きものの徑はくつがへしたまふなり
Awurade hwɛ ahɔho so, na ɔwowaw ayisaa ne akunafo, na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani.
10 ヱホバはとこしへに統治めたまはん シオンよなんぢの神はよろづ代まで統治めたまはん ヱホバをほめたたへよ
Awurade di hene daa daa, Ao, Sion, wo Nyankopɔn, wɔ awo ntoatoaso nyinaa so. Monkamfo Awurade.

< 詩篇 146 >