< 詩篇 12 >
1 ああヱホバよ助けたまへ そは神をうやまふ人はたえ誠あるものは人の子のなかより消失るなり
Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa; nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.
2 人はみな虚偽をもてその隣とあひかたり滑なるくちびると貳心とをもてものいふ
Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
3 ヱホバはすべての滑なるくちびると大なる言をかたる舌とをほろぼし給はん
Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;
4 かれらはいふ われら舌をもて勝をえん この口唇はわがものなり誰かわれらに主たらんやと
wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim; yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”
5 ヱホバのたまはく 苦しむもの掠められ貧しきもの歎くがゆゑに我いま起てこれをその慕ひもとむる平安におかん
“Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no ne ohiani apenesie no enti, mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”
6 ヱホバの言はきよきことばなり 地にまうけたる爐にてねり七次きよめたる白銀のごとし
Awurade asɛm yɛ nokorɛ te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mprɛnson.
7 ヱホバよ汝はかれらをまもり之をたすけてとこしへにこの類より免れしめたまはん
Ao Awurade, wobɛkora yɛn na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,
8 人の子のなかに穢しきことの崇めらるるときは惡者ここやかしこにあるくなり
abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.