< 詩篇 115 >

1 ヱホバよ榮光をわれらに歸するなかれ われらに歸するなかれ なんぢのあはれみと汝のまこととの故によりてただ名にのみ歸したまへ
Ɛnyɛ yɛn, Ao Awurade, ɛnyɛ yɛn na wo din na animuonyam nka, wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti.
2 もろもろの國人はいかなればいふ 今かれらの神はいづくにありやと
Adɛn enti na aman no bisa sɛ, “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”
3 然どわれらの神は天にいます 神はみこころのままにすべての事をおこなひ給へり
Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro; deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ.
4 かれらの偶像はしろかねと金にして人の手のわざなり
Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
5 その偶像は口あれどいはず目あれどみず
Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa; wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ.
6 耳あれどきかず鼻あれどかがず
Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa.
7 手あれどとらず脚あれどあゆまず喉より聲をいだすことなし
Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante. Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu.
8 此をつくる者とこれに依賴むものとは皆これにひとしからん
Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
9 イスラエルよなんぢヱホバに依賴め ヱホバはかれらの助かれらの盾なり
Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.
10 アロンの家よなんぢらヱホバによりたのめ ヱホバはかれらの助かれらの盾なり
Ao Aaron fie, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.
11 ヱホバを畏るるものよヱホバに依賴め ヱホバはかれらの助かれらの盾なり
Mo a mosuro no, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm.
12 ヱホバは我儕をみこころに記たまへり われらを惠みイスラエルの家をめぐみアロンのいへをめぐみ
Awurade kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn: Ɔbɛhyira Israel fie, ɔbɛhyira Aaron fie
13 また小なるも大なるもヱホバをおそるる者をめぐみたまはん
Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro Awurade, nkumaa ne akɛseɛ nyinaa.
14 願くはヱホバなんぢらを増加へ なんぢらとなんぢらの子孫とをましくはへ給はんことを
Awurade mma wʼase nnɔre, wo ne wo mma.
15 なんぢらは天地をつくりたまへるヱホバに惠まるる者なり
Awurade nhyira wo, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.
16 天はヱホバの天なり されど地は人の子にあたへたまへり
Ɔsorosoro yɛ Awurade dea, nanso asase deɛ, ɔde ama onipa.
17 死人も幽寂ところに下れるものもヤハを讃稱ふることなし
Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo Awurade, wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo Awurade.
18 然どわれらは今より永遠にいたるまでヱホバを讃まつらむ 汝等ヱホバをほめたたへよ
Yɛn na yɛma Awurade so ɛnnɛ ne daa nyinaa. Monkamfo Awurade.

< 詩篇 115 >