< 民数記 33 >

1 イスラエルの子孫がモーセとアロンに導かれ其軍旅にしたがひてエジプトの國より出きたりて經たる旅路は左のごとし
Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no.
2 モーセ、ヱホバの命に依りその旅路にしたがひてこれが發程を記せりその發程によればその旅路は左のごとくなり
Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu.
3 彼らは正月の十五日にラメセスより出立り即ぢ逾越の翌日にイスラエルの子孫は一切のエジプト人の目の前にて高らかなる手によりて出たり
Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii hɔ a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn.
4 時にエジプト人はヱホバに撃ころされし其長子を葬りて居りヱホバはまた彼らの神々にも罰をかうむらせたまへり
Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a Awurade kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. Awurade nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim.
5 イスラエルの子孫ラメセスより出立てスコテに營を張り
Wɔfirii Rameses no, wɔbaa Sukot.
6 スコテより出立て曠野の極端なるエタムに營を張り
Wɔfirii Sukot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Etam, ɛserɛ no ano.
7 エタムより出立てバアルゼポンの前なるピハヒロテに轉りゆきてミグドルに營を張り
Wɔfirii Etam sane wɔn akyi baa Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu, na wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ bepɔ Migdol ho.
8 ピハヒロテの前より出立ち海の中を通りて曠野にいりエタムの曠野に三日路ほど入てメラに營を張り
Wɔfiri Pihahirot, na wɔtwaa Ɛpo Kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔde nnansa nante kɔɔ Etam ɛserɛ so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Mara.
9 メラより出立てヱリムに至れりエリムには泉十二棕櫚七十本あり乃ち此に營を張り
Wɔfirii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na nsuwa dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ hɔ.
10 かくてエリムより出たちて紅海の邊に營を張り
Wɔfirii Elim no, wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.
11 紅海より出たちてシンの曠野に營を張り
Wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sin anweatam so.
12 シンの曠野より出たちてドフカに營を張り
Wɔtu firii Sin kɔɔ Dofka.
13 ドフカより出たちてアルシに營を張り
Wɔfirii Dofka kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Alus.
14 アルシより出たちてレピデムに營を張り此には民の飮む水あらざりき
Wɔfirii Alus kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Refidim, baabi a na wɔnnya nsuo mma nnipa no nnom.
15 かくてレピデムより出たちてシナイの曠野に營を張り
Wɔfirii Refidim no, wɔkɔɔ Sinai ɛserɛ so.
16 シナイの曠野より出たちてキブロテハッタワに營を張り
Wɔfirii Sinai ɛserɛ so no, wɔkɔɔ atenaeɛ wɔ Kibrot-Hataawa.
17 キブロテハッタワより出たちてハゼロテに營を張り
Wɔfirii Kibrot-Hataawa kɔɔ Haserot.
18 ハゼロテより出たちてリテマに營を張り
Wɔfirii Haserot kɔɔ Ritma.
19 リテマより出たちてリンモンバレツに營を張り
Wɔfirii Ritma kɔɔ Rimon Peres.
20 リンモンパレツより出たちてリブナに營を張り
Wɔfirii Rimon Peres kɔɔ Libna.
21 リブナより出たちてリッサに營を張り
Wɔfirii Libna kɔɔ Risa.
22 リッサより出たちてケヘラタに營を張り
Wɔfirii Risa kɔɔ Kahelata.
23 ケヘラタより出たちてシヤペル山に營を張り
Wɔfirii Kahelata kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sefer Bepɔ so.
24 シヤペル山より出たちてハラダに營を張り
Wɔfirii Sefer Bepɔ so kɔɔ Harada.
25 ハラダより出たちてマケロテに營を張り
Wɔfirii Harada kɔɔ Makhelot.
26 マケロテより出たちてタハテに營を張り
Wɔfirii Makhelot kɔɔ Tahat.
27 タハテより出たちてテラに營を張り
Wɔfirii Tahat kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Tera.
28 テラより出たちてミテカに營を張り
Wɔfirii Tera kɔɔ Mitka.
29 ミテカより出たちてハシモナに營を張り
Wɔfirii Mitka kɔɔ Hasmona.
30 ハシモナより出たちてモセラに營を張り
Wɔfirii Hasmona kɔɔ Moserot.
31 モセラより出たちてベネヤカンに營を張り
Wɔfirii Moserot kɔɔ Beneyaakan.
32 ベネヤカンより出たちてホルハギデガデに營を張り
Wɔfirii Beneyaakan kɔɔ Horhagidgad.
33 ホルハギデガデより出たちてヨテバタに營を張り
Wɔfirii Horhagidgad kɔɔ Yotbata.
34 ヨテバタより出たちてアブロナに營を張り
Wɔfirii Yotbata kɔɔ Abrona.
35 アブロナより出たちてエジオングベルに營を張り
Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber.
36 エジオングベルより出たちてカデシのチンの曠野に營を張り
Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Kades, wɔ Sin ɛserɛ so.
37 カデシより出たちてエドムの國の界なるホル山に營を張り
Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano.
38 イスラエルの子孫がエジプトの國を出てより四十年の五月の朔日に祭司アロンはヱホバの命によりてホル山に登て其處に死り
Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron sɛ ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no.
39 アロンはホル山に死たる時は百二十三歳なりき
Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so.
40 カナンの地の南に住るカナン人アラデ王といふ者イスラエルの子孫の來るを聞り
Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba nʼasase so.
41 かくてホル山より出たちてザルモナに營を張り
Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona.
42 ザルモナより出立てプノンに營を張り
Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon.
43 プノンより出たちてオボテに營を張り
Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot.
44 オボテより出たちてモアブの界なるイヱアバリムに營を張り
Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hyeɛ so.
45 イヰムより出たちてデボンガドに營を張り
Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ Dibon Gad.
46 デボンガドより出たちてアルモンデブラタイムに營を張り
Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim.
47 アルモンデブラタイムより出たちてネボの前なるアバリムの山々に營を張り
Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so.
48 アバリムの山々より出たちてヱリコに對するヨルダンの邊なるモアブの平野に營を張り
Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.
49 すなはちモアブの平野においてヨルダンの邊に營を張りベテヱシモテよりアベルシッテムにいたる
Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no.
50 ヱリコに對するヨルダンの邊なるモアブの平野においてヱホバ、モーセに告て言たまはく
Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ,
51 イスラエルの子孫に告てこれに言へ汝らヨルダンを濟りてカナンの地に入る時は
“Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a,
52 その地に住る民をことごとく汝らの前より逐はらひその石の像をことごとく毀ちその鋳たる像を毀ちその崇邱をことごとく毀ちつくすべし
mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa.
53 汝らその地の民を逐はらひて其處に住べし其は我その地を汝らの產業として汝らに與へたればなり
Mede asase no ama mo. Momfa na montena so.
54 汝らの族にしたがひ鬮をもてその地を分ちて產業となし人多きには多くの產業を與へ人少きには少しの產業を與ふべし各人の分はその鬮にあたれる處にあるべきなり汝らその先祖の支派にしたがひて之を獲べし
Mo mmusua mu nnipa dodoɔ so na wɔbɛhwɛ ama mo asase. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛseɛ na wɔn a wɔsua no nso bɛnya asase ketewa.
55 然ど汝らもしその地に住る民を汝らの前より逐はらはずば汝らが存しおくところの者汝らの目に莿となり汝の脇に棘となり汝らの住む國において汝らを惱さん
“Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nkasɛɛ. Wɔbɛha mo wɔ asase no so.
56 且また我は彼らに爲んと思ひし事を汝らに爲ん
Na mede deɛ mahyɛ sɛ mɛyɛ wɔn no bɛyɛ mo.”

< 民数記 33 >