< ネヘミヤ 記 1 >

1 ハカリヤの子ネヘミヤの言詞/第二十年キスレウの月我シユシヤンの都にありける時
Hakalia babarima Nehemia nsɛm nie: Ɔbosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.
2 わが兄弟の一人なるハナニ數人の者とともにユダより來りしかば我俘虜人の遺餘なる夫の逃れかへりしユダヤ人の事およびヱルサレムの事を問たづねしに
Me nuanom mmarima mu baako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wɔfiri Yuda ba bɛsraa me. Mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔatumi atena nnommumfa mu no ho asɛm ne sɛdeɛ nsɛm rekɔ so wɔ Yerusalem.
3 彼ら我に言けるは俘虜人の遺餘なる夫の州内の民は大なる患難に遭ひ凌辱に遭ふ又ヱルサレムの石垣は打崩され其門は火に焚たりと
Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”
4 我この言を聞坐りて泣き數日の間哀しみ斷食し天の神に祈りて言ふ
Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ.
5 天の神ヱホバ大なる畏るべき神己を愛し己の誡命を守る者にむかひて契約を保ち恩惠を施こしたまふ者よ
Afei, mekaa sɛ, “Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no,
6 ねがはくは耳を傾むけ目を開きて僕の祈祷を聽いれたまへ我いま汝の僕なるイスラエルの子孫のために日夜なんぢの前に祈り我儕イスラエルの子孫が汝にむかひて犯せし罪を懺悔す誠に我も我父の家も罪を犯せり
tie me mpaeɛbɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpaeɛ ma Israelfoɔ anadwo ne awia. Mepae mu ka sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. Aane, mpo, me ara me fiefoɔ ne mʼankasa ayɛ bɔne!
7 我らは汝にむかひて大に惡き事を行ひ汝の僕モーセに汝の命じたまひし誡命をも法度をも例規をも守らざりき
Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.
8 請ふ汝の僕モーセに命じたまひし言を憶ひたまへ其言に云く汝ら若罪を犯さば我汝らを國々に散さん
“Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose sɛ, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtete mo mu akɔ amanaman so.
9 然れども汝らもし我にたちかへり我誡命を守りてこれを行なはば暇令逐れゆきて天の涯にをるとも我そこより汝等をあつめ我名を住はせんとて撰びし處にきたらしめんと
Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’
10 そもそも是等の者は汝が大なる能力と強き手をもて贖ひたまひし汝の僕なんぢの民なり
“Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no.
11 主よ請ふ僕の祈祷および汝の名を畏むことを悦こぶ汝の僕等の祈祷に耳を傾けたまへ願くは今日僕を助けて此人の目の前に憐憫を得させたまへこの時我は王の酒人なりき
Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.” Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.

< ネヘミヤ 記 1 >