< ミカ書 2 >
1 その牀にありて不義を圖り惡事を工夫る者等には禍あるべし 彼らはその手に力あるが故に天亮におよべばこれを行ふ
Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.
2 彼らは田圃を貧りてこれを奪ひ家を貧りて是を取りまた人を虐げてその家を掠め人を虐げてその產業をかすむ
Wɔn ani bere mfuw, na wogye. Na afi nso wɔfa. Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi, na wɔn agyapade nso wogye.
3 是故にヱホバかく言たまふ 視よ我此族にむかひて災禍を降さんと謀る 汝らはその頸を是より脱すること能はじ また首をあげて歩くこと能はざるべし 其時は災禍の時なればなり
Enti, sɛnea Awurade se ni, “Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho na worentumi nyi wo ho mfi mu. Worentumi nnantew ahantan so bio, efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.
4 その日には人汝らにつきて詩を作り悲哀の歌をもて悲哀て言ん 事旣にいたれり 我等は悉く滅さる 彼わが民の產業を人に與ふ 如何なれば我よりこれを離すや 我儕の田圃を違逆者に分ち與ふ
Saa da no, nnipa bɛserew mo. Wɔde saa awerɛhow dwom yi bedi mo ho fɛw se: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu. Ogye fi me nsam! Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’”
5 然ば汝らヱホバの會衆の中には籤によりて繩をうつ者一人も有じ
Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.
6 預言する勿れ 彼らは預言す 彼らは是等の者等にむかひて預言せじ 恥辱彼らを離れざるべし
“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguase rento yɛn.”
7 汝ヤコブの家と稱へらるる者よ ヱホバの氣短からんや ヱホバの行爲是のごとくならんや 我言は品行正直者の益とならざらんや
Mo Yakobfi, so wɔnka se, “Awurade Honhom nni boasetɔ ana? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana? “Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ no yiye ana?
8 然るに我民は近頃起りて敵となれり 汝らは夫の戰爭を避て心配なく過るところの者等に就てその衣服の外衣を奪ひ
Akyiri no me nkurɔfo asɔre te sɛ ɔtamfo. Moworɔw ntade pa fi wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.
9 我民の婦女をその悦ぶところの家より逐いだしその子等より我の妝飾を永く奪ふ
Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu fi wɔn afi afɛɛfɛ mu. Mugye me nhyira fi wɔn mma nsam afebɔɔ.
10 起て去れ 是は汝らの安息の地にあらず 是は已に汚れたれば必ず汝らを滅さん 其滅亡は劇かるべし
Sɔre, fi ha kɔ! Ha nyɛ faako a wɔhome, efisɛ ho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.
11 人もし風に歩み謊言を宣べ我葡萄酒と濃酒の事につきて汝に預言せんと言ことあらばその人はこの民の預言者とならん
Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”
12 ヤコブよ我かならず汝をことごとく集へ 必ずイスラエルの遺餘者を聚めん 而して我之を同一に置てボヅラの羊のごとく成しめん 彼らは人數衆きによりて牧塲の中なる群のごとくにその聲をたてん
“Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob; nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu, te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.
13 打破者かれらに先だちて登彼ら遂に門を打敗り之を通りて出ゆかん 彼らの王その前にたちて進みヱホバその首に立たまふべし
Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim; wobebu apon no na wɔafi akɔ. Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”