< 哀歌 1 >
1 ああ哀しいかな古昔は人のみちみちたりし此都邑 いまは凄しき樣にて坐し 寡婦のごとくになれり 嗟もろもろの民の中にて大いなりし者 もろもろの州の中に女王たりし者 いまはかへつて貢をいるる者となりぬ
Sɛnea kuropɔn no adan amamfo ni, kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma! Adɛn nti na wayɛ okunafobea a kan no na anka ɔyɛ ɔkɛse wɔ amanaman no mu? Nea na ɔyɛ ɔhemmea wɔ amantam no mu no abɛyɛ afenaa nnɛ.
2 彼よもすがら痛く泣きかなしみて涙面にながる その戀人の中にはこれを慰むる者ひとりだに無く その朋これに背きてその仇となれり
Osu yayaayaw anadwo, nusu sensan nʼafono so. Nʼadɔfo nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔkyekyee ne werɛ. Ne nnamfonom nyinaa ayi no ama Wɔayɛ nʼatamfo.
3 ユダは艱難の故によりまた大いなる苦役のゆゑによりて擄はれゆき もろもろの國に住ひて安息を得ず これを追ふものみな狭隘にてこれに追しきぬ
Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommum mu. Ɔte amanaman no mu na onni ahomegyebea. Wɔn a wɔtaa no nyinaa ato no wɔ nʼahokyere mu.
4 シオンの道路は節會の上り來る者なきがために哀しみ その門はことごとく荒れ その祭司は歎き その處女は憂へ シオンもまた自から苦しむ
Akwan a ɛkɔ Sion no resu, efisɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapon nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfo si apini, ne mmabaa di yaw, na ɔwɔ yawdi a mu yɛ den mu.
5 その仇は首となり その敵は享ゆ その愆の多きによりてヱホバこれをなやませたまへるなり そのわかき子等は擄はれて仇の前にゆけり
Nʼatamfo abɛyɛ ne wuranom; wɔn a wɔne no ayɛ adɔm ho adwo wɔn. Awurade ama awerɛhow aba ne so nʼamumɔyɛ bebrebe nti. Ne mma kɔ nnommum mu. Wɔayɛ nneduafo ama ɔtamfo.
6 シオンの女よりはその榮華ことごとく離れされり またその牧伯等は草を得ざる鹿のごとくに成り おのれを追ふものの前に力つかれて歩みゆけり
Anuonyam nyinaa atu afi Ɔbabea Sion so kɔ. Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforote a wonnya adidibea; na wɔde mmerɛwyɛ aguan wɔ wɔn ataafo anim.
7 ヱルサレムはその艱難と窘迫の時むかしの代にありしもろもろの樂しき物を思ひ出づ その民仇の手におちいり誰もこれを助くるものなき時 仇人これを見てその荒はてたるを笑ふ
Nʼamanehunu ne akyinkyinakyinkyin nna mu no, Yerusalem kae ademude nyinaa a na ɛwɔ no wɔ nna a atwa mu no mu. Ne nkurɔfo kɔtɔɔ ɔtamfo no nsa mu no, na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. Nʼatamfo de wɔn ani hwɛɛ no na wɔserew ne sɛe.
8 ヱルサレムははなはだしく罪ををかしたれば汚穢たる者のごとくになれり 前にこれを尊とびたる者もその裸體を見しによりて皆これをいやしむ 是もまたみづから嗟き身をそむけて退ぞけり
Yerusalem ayɛ bɔne kɛse enti ne ho agu fi. Wɔn a wodi no ni no sopa no, efisɛ wɔahu nʼadagyaw; ɔno ankasa gu ahome na ɔdan nʼani.
9 その汚穢これが裾にあり 彼その終局をおもはざりき 此故に驚ろくまでに零落たり 一人の慰さむる者だに無し ヱホバよわが艱難をかへりみたまへ 敵は勝ほこれり
Nʼafideyɛ atu aka ne ntade mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehwe yɛ nwonwa; obiara ankyekye ne werɛ. “Awurade, hwɛ mʼamanehunu, efisɛ ɔtamfo adi nkonim.”
10 敵すでに手を伸てその財寳をことごとく奪ひたり 汝さきに異邦人等はなんぢの公會にいるべからずと命じおきたまひしに 彼らが聖所を侵しいるをシオンは見たり
Ɔtamfo no de ne nsa too nʼademude nyinaa so; ohuu sɛ amanaman rehyɛn ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛn wʼasafo mu no.
11 その民はみな哀きて食物をもとめ その生命を支へんがために財寳を出して食にかへたり ヱホバよ見そなはし我のいやしめらるるを顧りみたまへ
Ne nkurɔfo nyinaa si apini bere a wɔrehwehwɛ aduan; wɔde wɔn ademude sesa aduan de nya ahoɔden. “Awurade, hwɛ na dwene me ho, efisɛ wobu me animtiaa.”
12 すべて行路人よ なんぢら何ともおもはざるか ヱホバその烈しき震怒の日に我をなやましてわれに降したまへるこの憂苦にひとしき憂苦また世にあるべきや考がへ見よ
“Ɛmfa mo ho ana, mo a mutwa mu wɔ hɔ nyinaa? Monhwɛ na munhu. Ɔyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me de a wɔma ɛbaa me so yi, nea Awurade de baa me so wɔ nʼabufuwhyew da no ana?
13 ヱホバ上より火をくだしわが骨にいれて之を克服せしめ 網を張りわが足をとらへて我を後にむかしめ 我をして終日心さびしくかつ疾わづらはしめたまふ
“Ɔsomaa ogya fii ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Osum afiri maa mʼanan na ɔsan me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ beraw da mu nyinaa.
14 わが愆尤の軛は主の御手にて結ばれ諸の愆あひ纒はりてわが項にのれり 是はわが力をしておとろへしむ 主われを敵たりがたき者の手にわたしたまへり
“Woakyekyere me bɔne ahyɛ konnua mu; ɔde ne nsa nwen bɔɔ mu. Wɔde asɛn me kɔn mu na Awurade atwe mʼahoɔden. Ɔde me ahyɛ wɔn a merentumi nnyina wɔn anim no nsa.
15 主われの中なる勇士をことごとく除き 節會をもよほして我を攻め わが少き人を打ほろぼしたまへり 主酒榨をふむがごとくにユダの處女をふみたまへり
“Awurade apo akofo a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ asraafo atia me sɛ wɔmmɛdwerɛw me mmerante. Awurade atiatia Ɔbabea Ɔbabun Yuda so wɔ ne nsakyiamoa mu.
16 これがために我なげく わが目やわが目には水ながる わがたましひを活すべき慰さむるものわれに遠ければなり わが子等は敵の勝るによりて滅びうせにき
“Eyinom nti na misu na nusu aguare me. Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ, nea ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. Me mma agyigya efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.”
17 シオンは手をのぶれども誰もこれを慰さむる者なし ヤコブにつきてはヱホバ命をくだしてその周圍の民をこれが敵とならしめたまふ ヱルサレムは彼らの中にありて汚れたる者のごとくなりぬ
Sion trɛw ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ. Awurade ahyɛ ama Yakob se ne mfɛfo bɛyɛ nʼatamfo; Yerusalem abɛyɛ afide wɔ wɔn mu.
18 ヱホバは正し 我その命令にそむきたるなり 一切の民よわれに聽け わが憂苦をかへりみよ わが處女もわかき男も俘囚て往り
“Awurade yɛ ɔtreneeni, nanso manni nʼahyɛde so. Muntie, mo amanaman nyinaa monhwɛ me yaw. Me mmerante ne mmabaa kɔ nnommum mu.
19 われわが戀人を呼たれども彼らはわれを欺むけり わが祭司およびわが長老は生命を繋がんとて食物を求むる間に都邑の中にて氣息たえたり
“Mefrɛɛ mʼadɔfo nanso woyii me mae. Mʼasɔfo ne me mpanyimfo ase tɔree wɔ kuropɔn no mu, bere a wɔrehwehwɛ aduan adi na wɔanwuwu.
20 ヱホバよかへりみたまへ 我はなやみてをり わが膓わきかへり わが心わが衷に顛倒す 我甚しく悖りたればなり 外には劍ありてわが子を殺し 内には死のごとき者あり
“Awurade, hwɛ me mmɔbɔ! Meredi yaw wɔ me mu, na me koma mu nso minni ahotɔ, efisɛ mayɛ otuatewfo kɛse. Afoa hyɛ me awerɛhow wɔ abɔnten so; ofie nso yɛ owu nko ara.
21 かれらはわが嗟歎をきけり 我をなぐさむるもの一人だに无し わが敵みなわが艱難をききおよび 汝のこれを爲たまひしを喜こべり 汝はさきに告しらせしその日を來らせたまはん 而して彼らもつひに我ごとくに成るべし
“Nnipa ate mʼapinisi, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. Mʼatamfo nyinaa ate mʼamanehunu wɔn ani gye nea woayɛ no ho. Ma nna a woahyɛ no mmra sɛnea wɔbɛyɛ sɛ me.
22 ねがはくは彼等が與へし艱難をことごとくなんぢの御前にあらはし 前にわがもろもろの罪愆のために我におこなひし如く彼らにも行ひたまへ わが嗟歎は多くわが心はうれひかなしむなり
“Fa wɔn atirimɔdensɛm nyinaa si wʼanim; na wo ne wɔn nni sɛnea wo ne me adi; esiane mʼamumɔyɛ no nti. Mʼapinisi dɔɔso na me koma abotow.”