< ヨエル書 3 >

1 觀よ我ユダとヱルサレムの俘囚人を歸さん その日その時
“Saa nna no mu, mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba.
2 萬國の民を集め之を携へてヨシヤパテの谷にくだりかしこにて我民我ゆづりの產なるイスラエルのために彼らをさばかん 彼らこれを國々に散してその地を分ち取りたればなり
Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bon mu. Ɛhɔ na mebu wɔn atɛn wɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho, efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
3 彼らは籤をひきて我民を取り童子を娼妓に換へ童女を賣り酒に換て飮めり
Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto, Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman. Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa, a wɔbɛnom.
4 ツロ、シドンよベリシテのすべての國よ 汝ら我と何のかかはりあらんや 汝ら我がなししことに返をなさんとするや 若し我に返報をなさんとならば我忽ち迅速に汝らがなししことをもてその首に歸らしめん
“Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
5 是は汝らは我の金銀を取り我のしたふべき寶を汝らの宮にたづさへゆき
Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu.
6 またユダの人とヱルサレムの人をギリシヤ人に賣りてその本國より遠く離らせたればなり
Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
7 視よ我かられを起して汝らが賣りたる處より出し汝らがなししことをもてその首にかへらしめん
“Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka.
8 我はなんぢらの男子女子をユダの人の手に賣り彼らは之を遠き民なるシバ人に賣らん ヱホバこれを言ふ
Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.
9 もろもろの國に宣つたへよ 戰爭の準備を爲し勇士をはげまし軍人をことごとくちかより來らしめよ
Mompae mu nka eyi wɔ aman so: Munsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyan asraafo! Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.
10 汝等の鋤を劍に打かへ汝らの鎌を鎗に打かへよ 弱き者も我は強しと言へ
Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa, na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw. Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se, “mewɔ ahoɔden!”
11 四周の國々の民よ汝ら急ぎ上りて集れ ヱホバよ汝の勇士をかしこに降したまへ
Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofo bra, Awurade!
12 國々の民よ起て上りヨシヤパテの谷に至れ 彼處に我座をしめて四周の國々の民をことごとく鞫かん
“Wɔnkanyan aman no; wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu, efisɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
13 鎌をいれよ 穀物は熟せり 來り踏めよ酒榨は盈ち甕は溢る 彼らの惡大なればなりと
Munhwim kantankrankyi no, efisɛ otwabere no adu so. Mommra, muntiatia bobe no so, efisɛ nsakyiamoa no ayɛ ma na ahina no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!”
14 かまびすしきかな無數の民審判の谷にありてかまびすし ヱホバの日審判の谷に近づくが故なり
Nnipadɔm, nnipadɔm wɔ gyinaesi subon no mu! Awurade da no abɛn wɔ gyinaesi subon no mu.
15 日も月も暗くなり星その光明を失ふ
Owia ne ɔsram beduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio.
16 ヱホバ、シオンよりよびとどろかしヱルサレムより聲をはなち天地を震ひうごかしたまふ 然れどヱホバはその民の避所イスラエルの子孫の城となりたまはん
Awurade bɛbobɔ mu afi Sion, ne nne gyegyeegye afi Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwosow. Nanso Awurade bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo, ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo.
17 かくて汝ら我はヱホバ汝等の神にして我聖山シオンに住むことをしるべし ヱルサレムは聖き所となり他國の人は重ねてその中をかよふまじ
“Afei mubehu sɛ, me Awurade, mo Nyankopɔn, mete Sion, me bepɔw kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafo rentu wɔn so sa bio.
18 その日山にあたらしき酒滴り岡に乳流れユダのもろもろの河に水流れヱホバの家より泉水流れいでてシッテムの谷に灌がん
“Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu, na nufusu ateɛ wɔ nkoko so; Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asuti betue afi Awurade fi, na agugu akasia subon no so nsu.
19 エジプトは荒すたれエドムは荒野とならん 是はかれらユダの子孫を虐げ辜なき者の血をその國に流したればなり
Nanso Misraim bɛdan amamfo, na Edom nso bɛyɛ nweatam, esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti. Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui.
20 されどユダは永久にすまひヱルサレムは世々に保たん
Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ na Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
21 我さきにはかれらが流しし血の罪を報いざりしが今はこれをむくいん ヱホバ、シオンに住みたまはん
So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana? Mɛtɔ kɛ.”

< ヨエル書 3 >