< ヨエル書 2 >

1 汝らシオンにて喇叭を吹け 我聖山にて音たかく之を吹鳴せ 國の民みな慄ひわななかん そはヱホバの日きたらんとすればなり すでに近づけり
Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion; hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so. Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo, efisɛ Awurade da no reba, na abɛn koraa.
2 この日は黑くをぐらき日雲むらがるまぐらき日にしてしののめの山々にたなびくが如し 數おほく勢さかんなる民むれいたらん かかる者はいにしへよりありしことなくのちの代々の年にもあることなかるべし
Sum ne kusukuukuu da. Omununkum ne sum kabii da. Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no, saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te. Wonhuu wɔn sɛso bi da, na wɔrenhu ne sɛso nso da.
3 火彼らの前を焚き火熖かれらの後にもゆ その過さる前は地エデンのごとくその過しのちは荒はてたる野の如し 此をのがれうるもの一としてあることなし
Ogya rehyew wɔ wɔn anim, ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam, hwee nguan wɔn.
4 彼らの状は馬のかたちのごとく其馳ありくことは軍馬のごとし
Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo.
5 その山の嶺にとびをどる音は車の轟聲がごとし また火の稗株をやくおとの如くしてその樣強き民の行伍をたてて戰陣にのぞむに似たり
Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wotu fa mmepɔw atifi, wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.
6 そのむかふところ諸民戰慄きその面みな色を失ふ
Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim hoa.
7 彼らは勇士の如くに趨あるき軍人のごとくに石垣に攀のぼる 彼ら各々おのが道を進みゆきてその列を亂さず
Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo; wɔforo afasu te sɛ asraafo na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, na wɔmman benkum anaa nifa.
8 彼ら互に推あはず各々その道にしたがひて進み行く 彼らは刄に觸るとも身を害はず
Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu; obiara nantew kɔ nʼanim tee. Wobu fa abandennen so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.
9 彼らは邑をかけめぐり石垣の上に奔り家に攀登り盗賊のごとくに窓より入る
Wɔtow hyɛ kuropɔn no so wotu mmirika fa afasu no so wɔforo kɔ afi mu, wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo.
10 そのむかふところ地ゆるぎ天震ひ日も月も暗くなり星その光明を失ふ
Asase wosow wɔ wɔn anim, na ɔsoro hinhim. Owia ne ɔsram duru sum, na nsoromma nhyerɛn bio.
11 ヱホバその軍勢の前にて聲をあげたまふ 其軍旅はなはだ大なればなり 其言を爲とぐる者は強し ヱホバの日は大にして甚だ畏るべきが故に誰かこれに耐ることを得んや
Awurade bobɔ mu de di nʼasraafo no anim. Nʼakofo no dɔɔso bebree, ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so. Awurade da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu; hena na obetumi agyina ano?
12 然どヱホバ言たまふ 今にても汝ら斷食と哭泣と悲哀とをなし心をつくして我に歸れ
“Na afei,” sɛnea Awurade se ni, “San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.”
13 汝ら衣を裂かずして心を裂き汝等の神ヱホバに歸るべし 彼は恩惠あり憐憫ありかつ怒ることゆるく愛憐大にして災害をなすを悔たまふなり
Sunsuan wo koma na ɛnyɛ wo ntade mu. San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye. Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so, na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
14 誰か彼のあるひは立歸り悔て祝福をその後にとめのこし汝らをして素祭と灌祭とをなんぢらの神ヱホバにささげしめたまはじと知んや
Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ na wagyaw nhyira, a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.
15 汝らシオンにて喇叭を吹きならし斷食を定め公會をよびつどへ
Hyɛn torobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru, momfrɛ nhyiamu kronkron.
16 民を集めその會を潔くし老たる人をあつめ孩童と乳哺子を集め新郎をその室より呼いだし新婦をその密室より呼いだせ
Mommoaboa nnipa no ano montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanyimfo, mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano. Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.
17 而してヱホバに事ふる祭司等は廊と祭壇の間にて泣て言へ ヱホバよ汝の民を赦したまへ 汝の產業を恥辱しめらるるに任せ之を異邦人に治めさする勿れ 何ぞ異邦人をして彼らの神は何處にあると言しむべけんや
Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam; na wɔnka se, “Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade anaa fɛwdi wɔ aman no mu. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se, ‘Wɔn Nyame no wɔ he?’”
18 然せばヱホバ己の地にために嫉妬を起しその民を憐みたまはん
Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.
19 ヱホバ應へてその民に言たまはん 視よ我穀物とあたらしき酒と油を汝におくる 汝ら之に飽ん 我なんぢらをして重ねて異邦人の中に恥辱を蒙らしめじ
Awurade bebua se, “Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo, a ɛbɛso mo ama moamee pintinn. Merenyɛ mo ahohorade mma aman no bio.
20 我北よりきたる軍を遠く汝らより離れしめうるほひなき荒地に逐やらん 其前軍を東の海にその後軍を西の海に入れん その臭味立ちその惡臭騰らん 是大なる事を爲たるに因る
“Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so. Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na ne nka betu.” Nokware wayɛ nneɛma akɛse!
21 地よ懼るる勿れ 喜び樂しめ ヱホバ大なる事を行ひたまふなり
Munnsuro, me nkurɔfo! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho. Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.
22 野の獸よ懼るる勿れ あれ野の牧草はもえいで樹は果を結び無花果樹葡萄樹はその力をめざすなり
Munnsuro, mo wuram mmoa! Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm. Nnua no resow wɔn aba; borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.
23 シオンの子等よ 汝らの神ヱホバによりて樂め喜べ ヱホバは秋の雨を適當なんぢらに賜ひまた前のごとく秋の雨と春の雨とを汝らの上に降せたまふ
Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu, efisɛ watɔ asusowsu ama mo, ne nokwaredi nti. Watɔ osu bebree ama mo wɔ ne bere mu te sɛ kan no.
24 打塲には穀物盈ち甕にはあたらしき酒と油溢れん
Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma, nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu.
25 我が汝らに遣しし大軍すなはち群ゐる蝗なめつくす蝗喫ほろぼす蝗噬くらふ蝗の觸あらせる年をわれ汝らに賠はん
“Mɛhyɛ mo anan mu, nea mohweree mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma, mmoadabi akɛse ne nkumaa, ne wɔn a aka no nyinaa, me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.
26 汝らは食ひ食ひて飽き よのつねならずなんぢらを待ひたまひし汝らの神ヱホバの名をほめ頌へん 我民はとこしへに辱しめらるることなかるべし
Mubedidi amee, na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ. Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo; me nkurɔfo ani renwu bio.
27 かくて汝らはイスラエルの中に我が居るを知り汝らの神ヱホバは我のみにて外に無きことを知らん 我民は永遠に辱かしめらるることなかるべし
Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel, mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ sɛ me; Me nkurɔfo ani renwu bio da.”
28 その後われ吾靈を一切の人に注がん 汝らの男子女子は預言せん 汝らの老たる人は夢を見 汝らの少き人は異象を見ん
“Na akyiri no, mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, mo nkwakoraa bɛsoso adae, mo mmerante benya anisoadehu.
29 その日我またわが靈を僕婢に注がん
Saa mmere no mu no, mehwie me Honhom agu mʼasomfo so, mmarima ne mmea.
30 また天と地に徴證を顯さん 即ち血あり火あり煙の柱あるべし
Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so, mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.
31 ヱホバの大なる畏るべき日の來らん前に日は暗く月は血に變らん
Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.
32 凡てヱホバの名を龥ぶ者は救はるべし そはヱホバの宣ひし如くシオンの山とヱルサレムとに救はれし者あるべければなり 其遺れる者の中にヱホバの召し給へるものあらん
Na obiara a ɔbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa. Efisɛ nkwagye bɛba ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu a Awurade afrɛ wɔn wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,” sɛnea Awurade aka no.

< ヨエル書 2 >