< ヨブ 記 7 >

1 それ人の世にあるは戰鬪にあるがごとくならずや 又其日は傭人の日のごとくなるにあらずや
“Asase so som nyɛ den mma onipa ana? Ne nkwanna nte sɛ ɔpaani de?
2 奴僕の暮を冀がふが如く傭人のその價を望むがごとく
Sɛnea akoa ani gyina anwummere sunsuma, anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,
3 我は苦しき月を得させられ 憂はしき夜をあたへらる
saa ara na wɔatwa asram hunu ato me hɔ, ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.
4 我臥ば乃はち言ふ何時夜あけて我おきいでんかと 曙まで頻に輾轉ぶ
Sɛ meda a, midwen bisa se, ‘Bere bɛn na ade bɛkye?’ Nanso anadwo twa mu nkakrankakra, na mepere kosi ahemadakye.
5 わが肉は蟲と土塊とを衣服となし 我皮は愈てまた腐る
Asunson ne aporɔporɔw afura me nipadua, me were atetew na ɛrefi nsu.
6 わが日は機の梭よりも迅速なり 我望む所なくし之を送る
“Me nna kɔ ntɛm sen ɔnwemfo akurokurowa, na ɛkɔ awiei a anidaso biara nni mu.
7 想ひ見よ わが生命が氣息なる而已 我目は再び福祉を見ること有じ
Ao, Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ɔhome; na mʼani renhu anigye bio da.
8 我を見し者の眼かさねて我を見ざらん 汝目を我にむくるも我は已に在ざるべし
Ani a ehu me mprempren no renhu me bio; mobɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ bio.
9 雲の消て逝がごとく陰府に下れる者は重ねて上りきたらじ (Sheol h7585)
Sɛnea omununkum yera na etu kɔ, saa ara na nea ɔkɔ ɔda mu no nsan mma bio. (Sheol h7585)
10 彼は再びその家に歸らず 彼の郷里も最早かれを認めじ
Ɔrensan mma ne fi da biara da bio; nʼatenae renkae no bio.
11 然ば我はわが口を禁めず 我心の痛によりて語ひ わが神魂の苦しきによりて歎かん
“Ɛno nti meremmua mʼano; mifi me honhom ahoyeraw mu akasa, mefi me kra ɔyaw mu anwiinwii.
12 我あに海ならんや鰐ならんや 汝なにとて我を守らせおきたまふぞ
So meyɛ ɛpo anaa aboa kɛse a ɔwɔ bun mu, na mode me ahyɛ ɔwɛmfo nsa yi?
13 わが牀われを慰め わが寢床わが愁を解んと思ひをる時に
Sɛ midwen sɛ minya awerɛkyekye wɔ me mpa so, na mʼakongua adwudwo mʼanwiinwii ano a,
14 汝夢をもて我を驚かし 異象をもて我を懼れしめたまふ
ɛno mpo na wode adaeso yi me hu na wode anisoadehu hunahuna me,
15 是をもて我心は氣息の閉んことを願ひ我この骨よりも死を冀がふ
ɛno nti mepɛ ɔsɛn ne owu, sen me nipadua yi.
16 われ生命を厭ふ 我は永く生るをことを願はず 我を捨おきたまへ 我日は氣のごときなり
Mimmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. Munnyaa me; na me nna nka hwee.
17 人を如何なる者として汝これを大にし 之を心に留
“Ɔdesani ne hena a ne ho hia wo sɛɛ, na wʼani ku ne ho,
18 朝ごとに之を看そなはし 時わかず之を試みたまふや
na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara na wosɔ no hwɛ bere biara?
19 何時まで汝われに目を離さず 我が津を咽む間も我を捨おきたまはざるや
Worennyi wʼani mfi me so da, anaasɛ worennyaa me bere tiaa bi mpo ana?
20 人を鑒みたまふ者よ我罪を犯したりとて汝に何をか爲ん 何ぞ我を汝の的となして我にこの身を厭はしめたまふや
Sɛ mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo, Ao adesamma so wɛmfo? Adɛn nti na watu wʼani asi me so? Mayɛ adesoa ama wo ana?
21 汝なんぞ我の愆を赦さず我罪を除きたまはざるや 我いま土の中に睡らん 汝我を尋ねたまふとも我は在ざるべし
Adɛn nti na wonkata me mmarato so na womfa me bɔne nkyɛ me? Ɛrenkyɛ biara, mɛda mfutuma mu. Wobɛhwehwɛ me nanso na minni hɔ bio.”

< ヨブ 記 7 >