< ヨブ 記 38 >

1 茲にヱホバ大風の中よりヨブに答へて宣まはく
Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,
2 無智の言詞をもて道を暗からしむる此者は誰ぞや
“Hena ne nea ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu kata me nhyehyɛe so?
3 なんぢ腰ひきからげて丈夫のごとくせよ 我なんぢに問ん 汝われに答へよ
Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mebisa wo nsɛm, na wubebua me.
4 地の基を我が置たりし時なんぢは何處にありしや 汝もし穎悟あらば言へ
“Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he? Sɛ wote ase, ka ɛ.
5 なんぢ若知んには誰が度量を定めたりしや 誰が準繩を地の上に張りたりしや
Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim! Hena na ɔtwee susuhama faa ani?
6 その基は何の上に奠れたりしや その隅石は誰が置たりしや
Dɛn so na egyina, anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no,
7 かの時には晨星あひともに歌ひ 神の子等みな歡びて呼はりぬ
bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no?
8 海の水ながれ出で 胎内より涌いでし時誰が戸をもて之を閉こめたりしや
“Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi, bere a epue fii ɔyafunu mu,
9 かの時我雲をもて之が衣服となし 黑暗をもて之が襁褓となし
bere a mede omununkum yɛɛ nʼadurade na mede sum kabii kyekyeree no,
10 これに我法度を定め關および門を設けて
bere a metoo ɔhye maa no na misisii nʼapon ne nʼadaban,
11 曰く此までは來るべし此を越べからず 汝の高浪ここに止まるべしと
bere a mekae se, ‘Ɛha ara na wubedu na worentra ha; ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?’
12 なんぢ生れし日より以來朝にむかひて命を下せし事ありや また黎明にその所を知しめ
“So woahyɛ mmara ama adekyee da? Na woakyerɛ ahemadakye nso afa,
13 これをして地の縁を取へて惡き者をその上より振落さしめたりしや
sɛ ɛnkɔka asase ano na ontu amumɔyɛfo mfi so?
14 地は變りて土に印したるごとくに成り 諸の物は美はしき衣服のごとくに顯る
Asase fa ne bɔbea sɛ dɔte a ɛhyɛ nsɔwano ase; na ɛsow tebea da wɔn ho adi te sɛ atade.
15 また惡人はその光明を奪はれ 高く擧たる手は折らる
Wɔde amumɔyɛfo hann akame wɔn, na wɔn abasa a wɔama so no mu abu.
16 なんぢ海の泉源にいたりしことありや 淵の底を歩みしことありや
“So woapɛɛpɛɛ mu ahu nea po aniwa wɔ anaa woanantew ne bun mu pɛn?
17 死の門なんぢのために開けたりしや 汝死蔭の門を見たりしや
So wɔde owu apon akyerɛ wo? Woahu owu sunsuma apon ana?
18 なんぢ地の廣を看きはめしや 若これを盡く知ば言へ
Woate wiase a ɛda hɔ tamaa no ase ana? Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me.
19 光明の在る所に往く路は孰ぞや 黑暗の在る所は何處ぞや
“Ɔkwan bɛn na ɛkɔ hann atenae? Na ɛhe na sum te?
20 なんぢ之をその境に導びき得るや その家の路を知をるや
Wubetumi de wɔn akɔ wɔn sibea? Wunim akwan a ɛkɔ wɔn atenae?
21 なんぢ之を知ならん汝はかの時すでに生れをり また汝の經たる日の數も多ければなり
Ampa ara wunim, efisɛ na wɔawo wo dedaw. Woanyin yiye!
22 なんぢ雪の庫にいりしや 雹の庫を見しや
“Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da anaa woahu mparuwbo adekoradan
23 これ我が艱難の時にために蓄はへ 戰爭および戰鬪の日のために蓄はへ置くものなり
a makora so ama ahohia bere, ɔsa ne akodi nna?
24 光明の發散る道 東風の地に吹わたる所の路は何處ぞや
Ɔkwan bɛn na ɛkɔ faako a anyinam fi ba, anaa faako a apuei mframa fi na ɛbɔ fa asase so?
25 誰が大雨を灌ぐ水路を開き雷電の光の過る道を開き
Hena na otwaa ɛka maa osuhweam, ne ɔkwan maa aprannaa mmubomu,
26 人なき地にも人なき荒野にも雨を降し
sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte so so, nweatam a obiara nni so,
27 荒かつ廢れたる處々を潤ほし かつ若菜蔬を生出しむるや
na ama asase kesee a ɛda mpan afɔw na sare afifi wɔ so?
28 雨に父ありや 露の珠は誰が生る者なるや
Osu wɔ agya ana? Hena na ɔyɛ agya ma obosu a ɛsosɔ?
29 氷は誰が胎より出るや 空の霜は誰が產むところなるや
Hena yafunu mu na sukyerɛmma fi? Hena na ɔwoo sukyerɛmma mporoporowa fi soro
30 水かたまりて石のごとくに成り 淵の面こほる
bere a nsu kyen dan sɛ ɔbo, na bun ani kyen?
31 なんぢ昴宿の鏈索を結びうるや 參宿の繋繩を解うるや
“Wubetumi de hama akyekyere Akokɔbeatan ne ne mma? Wubetumi asan Nyankrɛnte hama ana?
32 なんぢ十二宮をその時にしたがひて引いだし得るや また北斗とその子星を導びき得るや
Wubetumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne bere mu anaasɛ wubetumi ayi sisi ne ne mma afi hɔ?
33 なんぢ天の常經を知るや 天をして其權力を地に施こさしむるや
So wunim mmara a ɛfa ɔsoro ho? Wubetumi de Onyankopɔn ahenni aba asase so ana?
34 なんぢ聲を雲に擧げ滂沛の水をして汝を掩はしむるを得るや
“Wubetumi ama wo nne adu omununkum so na wode nsu akata wo ho ana?
35 なんぢ閃電を遣はして往しめ なんぢに答へて我儕は此にありと言しめ得るや
Wutumi ma anyinam twa? Wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenni’ ana?
36 胸の中の智慧は誰が與へし者ぞ 心の内の聰明は誰が授けし者ぞ
Hena na ɔde nyansa ma koma anaasɛ ɔde ntease hyɛ adwene mu?
37 たれか能く智慧をもて雲を數へんや たれか能く天の瓶を傾むけ
Hena na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum? Hena na obetumi akyea ɔsoro nsu nkotoku,
38 塵をして一塊に流れあはしめ土塊をしてあひかたまらしめんや
bere a mfutuma ayɛ den ama dɔte atɔwatɔw keka bɔ mu.
39 なんぢ牝獅子のために食物を獵や また小獅子の食氣を滿すや
“Wokɔ ahayɛ ma gyatabere ma gyata didi mee
40 その洞穴に伏し 森の中に隱れ伺がふ時なんぢこの事を爲うるや
bere a wobutubutuw wɔn abon ano anaasɛ wɔtetɛw adɔtɔ ase?
41 また鴉の子 神にむかひて呼はり 食物なくして徘徊る時 鴉に餌を與ふる者は誰ぞや
Hena na ɔma kwaakwaadabi aduan bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn na wonni aduan nti wokyinkyin?

< ヨブ 記 38 >