< ヨブ 記 23 >

1 ヨブこたへて曰く
Na Hiob buaa sɛ,
2 我は今日にても尚つぶやきて服せず わが禍災はわが嘆息よりも重し
“Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den; ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi.
3 ねがはくは神をたづねて何處にか遇まつるを知り其御座に參いたらんことを
Sɛ menim baabi a mɛhunu no; anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a,
4 我この愁訴をその御前に陳べ口を極めて辨論はん
anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim na magye akyinnyeɛ bebree.
5 我その我に答へたまふ言を知り また其われに言たまふ所を了らん
Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me, na madwene deɛ ɔbɛka ho.
6 かれ大なる能をもて我と爭ひたまはんや 然らじ反つて我を眷みたまふべし
Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa? Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.
7 彼處にては正義人かれと辨爭ふことを得 斯せば我を鞫く者の手を永く免かるべし
Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ.
8 しかるに我東に往くも彼いまさず 西に往くも亦見たてまつらず
“Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ; sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no.
9 北に工作きたまへども遇まつらず 南に隱れ居たまへば望むべからず
Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no; sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho.
10 わが平生の道は彼知たまふ 彼われを試みたまはば我は金のごとくして出きたらん
Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ; na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ.
11 わが足は彼の歩履に堅く隨がへり 我はかれの道を守りて離れざりき
Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; na manante nʼakwan so a mammane.
12 我はかれの唇の命令に違はず 我が法よりも彼の口の言語を重ぜり
Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.
13 かれは一に居る者にまします 誰か能かれをして意を變しめん 彼はその心に慾する所をかならず爲たまふ
“Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.
14 然ば我に向ひて定めし事を必らず成就たまはん 是のごとき事を多く彼は爲たまふなり
Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me; ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree.
15 是故に我かれの前に慄ふ 我考ふれば彼を懼る
Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim; na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no.
16 神わが心を弱くならしめ 全能者われをして懼れしめたまふ
Onyankopɔn ama mʼakoma aboto; Otumfoɔ ama mabɔ huboa.
17 かく我は暗の來らぬ先わが面を黑暗の覆ふ前に打絶れざりき
Nanso esum no mma menka mʼano ntom, esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo.

< ヨブ 記 23 >