< エレミヤ書 30 >
Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie:
2 イスラエルの神ヱホバかく告ていふ我汝に言し言をことごとく書に錄せ
“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu.
3 ヱホバいふわれ我民イスラエルとユダの俘囚人を返す日きたらんヱホバこれをいふ我彼らをその先祖にあたへし地にかへらしめん彼らは之をたもたん
Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.”
4 ヱホバのイスラエルとユダにつきていひたまひし言は是なり
Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:
5 ヱホバかくいふ我ら戰慄の聲をきく驚懼あり平安あらず
“Deɛ Awurade seɛ nie: “‘Akomatuo nteateam na mete, mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.
6 汝ら子を產む男あるやを尋ね觀よ我男が皆子を產む婦のごとく手をその腰におき且その面色皆靑く變るをみるこは何故ぞや
Mommisa na monhunu: Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa? Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu, na anim biara ayɛ bosaa saa?
7 哀しいかなその日は大にして之に擬ふべき日なし此はヤコブの患難の時なり然ど彼はこれより救出されん
Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa! Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob, nanso, wɔbɛyi no afiri mu.
8 萬軍のヱホバいふ其日我なんぢの項よりその軛をくだきはなし汝の繩目をとかん異邦人は復彼を使役はざるべし
“‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ, ‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu, na matete wɔn nkyehoma no mu; ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
9 彼らは其神ヱホバと我彼らの爲に立んところの其王ダビデにつかふべし
Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn ne Dawid wɔn ɔhene, a mɛpagya no ama wɔn.
10 ヱホバいふ我僕ヤコブよ懼るる勿れイスラエルよ驚く勿れ我汝を遠方より救ひかへし汝の子孫を其とらへ移されし地より救ひかへさんヤコブは歸りて平穩と寧靜をえん彼を畏れしむる者なかるべし
“‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’ deɛ Awurade seɛ nie. ‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ na obiara renhunahuna no bio.
11 ヱホバいふ我汝と偕にありて汝を救はん設令われ汝を散せし國々を悉く滅しつくすとも汝をば滅しつくさじされど我道をもて汝を懲さん汝を全たく罰せずにはおかざるべし
Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no, nanso merensɛe mo korakora. Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ, na ɛnni asaeɛ.
Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuro no rennya aduro, na worennya ayaresa.
14 汝の愛する者は皆汝を忘れて汝を求めず是汝の愆の多きと罪の數多なるによりて我仇敵の撃がごとく汝を撃ち嚴く汝を懲せばなり
Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe, ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.
15 何ぞ汝の創のために叫ぶや汝の患は愈ることなし汝の愆の多きと罪の數多なるによりて我これを汝になすなり
Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho, wo yeadie a ano nni aduro ho? Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.
16 然どすべて汝を食ふ者は食はれすべて汝を虐ぐる者は皆とらはれ汝を掠むる者は掠められん凡て汝の物を奪ふ者は我これをして奪はるる事にあはしむべし
“‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn. Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.
17 ヱホバいふ我汝に膏藥を貼り汝の傷を醫さんそは人汝を棄られし者とよび尋る者なきシオンといへばなり
Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wo apirakuro,’ Awurade na ɔseɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ, Sion a wo ho nhia obiara.’
18 ヱホバかくいふ視よわれかの擄移されたるヤコブの天幕をかへし其住居をあはれまん斯邑はその故の丘垤に建られん城には宜き樣に人住はん
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: “‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no; wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so, na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.
19 感謝と歡樂者の聲とその中よりいでん我かれらを增ん彼ら少からじ我彼らを崇せん彼ら藐められじ
Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodoɔ no so rente; mɛhyɛ wɔn animuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa.
20 其子は疇昔のごとくあらん其集會は我前に固く立ん凡かれを虐ぐる者は我これを罰せん
Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
21 其首領は本族よりいで其督者はその中よりいでん我彼をちかづけ彼に近かん誰かその生命を繋て我に近くものあらんやとヱホバいふ
Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako; na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu. Mɛka no abata me ho na wabɛn me, na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama sɛ ɔbɛbɛn me?’ Awurade na ɔseɛ.
‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ mo Onyankopɔn.’”
23 みよヱホバの暴風あり怒と旋轉風いでて惡人の首をうたん
Hwɛ, Awurade ahum bɛtu abufuhyeɛ mu, ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ amumuyɛfoɔ mpampam.
24 ヱホバの烈き忿はかれがその心の思を行ひてこれを遂るまでは息じ末の日に汝ら明にこれを曉らん
Awurade abufuo rennwo kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte yei ase.