< エレミヤ書 13 >

1 ヱホバかくいひたまへり汝ゆきて麻の帶をかひ汝の腰にむすべ水に入る勿れ
Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me: “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso bɔ wʼasen, nanso mma no nka nsu.”
2 われすなはちヱホバの言に遵ひ帶をかひてわが腰にむすべり
Enti metɔɔ abɔso sɛnea Awurade kyerɛe no, na mede bɔɔ mʼasen.
3 ヱホバの言ふたたび我にのぞみて云ふ
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so se,
4 汝が買て腰にむすべる帶を取り起てユフラテにゆき彼處にてこれを磐の穴にかくせと
“Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ wʼasen no kɔ Eufrate ho mprempren ara na fa kosie ɔbotan tokuru bi mu.”
5 ここに於てわれヱホバの命じたまひし如く往てこれをユフラテの涯にかくせり
Enti mede kosiee Eufrate ho, sɛnea Awurade ka kyerɛɛ me no.
6 おほくの日を經しのちヱホバ我にいひたまひけるは起てユフラテにゆきわが汝に命じて彼處にかくさしめし帶を取れと
Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔso a meka kyerɛɛ wo se fa kosie hɔ no.”
7 われすなはちユフラテにゆき帶を我隱せしところより掘取りしにその帶は朽て用ふるにたへず
Enti mekɔɔ Eufrate ho kotuu abɔso no wɔ beae a mede siei no, nanso na asuw atetew a so nni mfaso biara.
8 またヱホバの言われにのぞみて云ふ
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
9 ヱホバかくいふ我かくの如くユダの驕傲とヱルサレムの大なる驕傲をやぶらん
“Sɛɛ na Awurade se, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantankyɛnee no.
10 この惡き民はわが言を聽ことをこばみ己の心の剛愎なるにしたがひて行み且他の神に從ひてこれにつかへ之を拜す彼等は此帶の用ふるにたへざるが如くなるべし
Saa amumɔyɛfo yi a wɔmpɛ sɛ wotie mʼasɛm na wodi wɔn komaden akyi na wodi anyame afoforo akyi som wɔn, sɔre wɔn no, bɛyɛ sɛ saa abɔso yi, na wɔn so remma mfaso biara!
11 ヱホバいふ帶の人の腰に附がごとくわれイスラエルのすべての家とユダのすべての家を我に附しめ之を我民となし名となし譽となし榮となさんとせり然るに彼等はきかざりき
Sɛnea abɔso kyekyere onipa asen no, saa ara na mede Israelfi ne Yudafi nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfo a wɔbɛma me din so, aka mʼayeyi na wɔahyɛ me anuonyam, nanso wɔantie me,’ nea Awurade se ni.
12 故に汝この言を彼らに語るべしイスラエルの神ヱホバかくいふ酒壺には皆酒盈つと彼汝にこたへていはん我儕豈酒壺に酒の盈ることを知ざらんやと
“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni, Wɔmfa nsa nhyɛ nsa kotoku biara ma.’ Na sɛ wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsa hyɛ nsa kotoku biara ma a,’
13 其時汝かれらにいふべしヱホバかくいふみよわれ此地に住るすべての者とダビデの位に坐する王等と祭司と預言者およびヱルサレムに住るすべての者に醉を盈せ
afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: Mede nsabow bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahengua so, asɔfo, adiyifo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho bi.
14 彼らを此と彼と打あはせて碎かん父と子をも然すべしわれ彼らを恤まず惜まず憐まずして滅さん
Mɛtotow wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmabarima nyinaa, Awurade na ose. Meremma ahummɔbɔ anaa ayamye anaa ayamhyehye nsiw ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho kwan.’”
15 汝らきけ耳を傾けよ驕る勿れヱホバかたりたまふなり
Muntie na monyɛ aso, na monnyɛ ahantan, efisɛ Awurade akasa.
16 汝らの神ヱホバに其いまだ暗を起したまはざる先汝らの足のくらき山に躓かざる先に榮光を皈すべし汝ら光明を望まんにヱホバ之を死の蔭に變へ之を昏黑となしたまふにいたらん
Monhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn, anuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo anan ahintihintiw wɔ nkoko a ɛso reduru sum no so. Mo ani da hann so, nanso ɔbɛdan no sum kusuu na wɔasesa ayɛ no sum kabii.
17 汝ら若これを聽ずば我靈魂は汝らの驕を隱なるところに悲まん又ヱホバの群の掠めらるるによりて我目いたく泣て涙をながすべし
Nanso sɛ moantie a, mesu wɔ kokoa mu esiane mo ahantan nti; mʼani bɛtaataa nsu, na nusu aguare me, efisɛ wɔbɛfa Awurade nguankuw no akɔ nnommum mu.
18 なんぢ王と大后につげよ汝ら自ら謙りて坐せそはなんぢらの美しき冕汝らの首より落べければなり
Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmea se, “Mumfi mo ahengua so nsi fam, na mo anuonyam ahenkyɛw befi mo ti so.”
19 南の諸邑は閉てこれを啓く人なしユダは皆擄移され盡くとらへ移さる
Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apon mu, na obiara nni hɔ a obebuebue. Wɔbɛsoa Yudafo akɔ nnommum mu wobetwa wɔn asu koraa.
20 汝ら目を擧げて北より來る者をみよ汝らが賜はりし群汝のうるはしき群はいづこにあるや
Mo mpagyaw mo ani nhwɛ wɔn a wofi atifi fam reba no. Nguankuw a wɔde hyɛɛ mo nsa no, nguan a mode wɔn hoahoaa mo ho no wɔ he?
21 かれ汝の親み馴たる者を汝の上にたてて首領となさんとき汝何のいふべきことあらんや汝の痛は子をうむ婦のごとくならざらんや
Sɛ Awurade de wɔn a wɔyɛ mo nnamfonom yɛ mo so atitiriw a, dɛn na mobɛka? Na ɛrenyɛ mo yaw te sɛnea ɔbea ɔreko awo ana?
22 汝心のうちに何故にこの事我にきたるやといふか汝の罪の重によりて汝の裾は掲げられなんぢの踵はあらはさるるなり
Na sɛ wubebisa wo ho se, “Adɛn nti na eyi aba me so a?” Na efi wʼamumɔyɛ bebrebe no nti na wɔatetew wo fam atade mu ayɛ wo nipadua basaa no.
23 エテオピア人その膚をかへうるか豹その斑駁をかへうるか若これを爲しえば惡に慣たる汝らも善をなし得べし
Etiopiani betumi asesa nʼahosu ana? Na ɔsebɔ nso betumi asesa ne ho nsisimu no? Saa ara na worentumi nyɛ papa, wo a bɔneyɛ akokwaw wo no.
24 故にわれ彼らを散して野の風に吹散さるる皮壳のごとくせん
“Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a, nweatam so mframa rebɔ no.
25 ヱホバいひたまふこは汝の得べき分わが量て汝にあたふる產業なり汝我をわすれて虛假を依賴ばなり
Eyi ne nea mubenya, mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,” Awurade na ose, “efisɛ mo werɛ afi me na mode mo ho ato anyame huhuw so.
26 故にわれ汝の前の裳を剥ぎて汝の羞恥をあらはさん
Mɛtwe mo fam ntade abua mo anim na wɔahu mo ahohora.
27 われ汝の姦淫と汝の嘶と汝が岡のうへと野になせし汝の亂淫の罪と汝の憎むべき行をみたりヱルサレムよ汝は禍なるかな汝の潔くせらるるには尚いくばくの時を經べきや
Mo aguamammɔ ne mo akɔnnɔ bɔne, mo aguamammɔ a momfɛre ho! Mahu mo nneyɛe bɔne no wɔ nkoko ne sare so. Due, Yerusalem! Wobɛyɛ fi akosi da bɛn?”

< エレミヤ書 13 >