< イザヤ書 52 >
1 シオンよ醒よさめよ汝の力を衣よ 聖都ヱルサレムよなんぢの美しき衣をつけよ 今より割禮をうけざる者および潔からざるものふたたび汝にいること無るべければなり
Nyane, nyane, Ao Sion, hyɛ ahoɔden aduradeɛ no. Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ no Ao, Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapono mu bio.
2 なんぢ身の塵をふりおとせ ヱルサレムよ起よすわれ 俘れたるシオンのむすめよ汝がうなじの繩をときすてよ
Poroporo wo ho mfuturo. Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem. Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu, Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum.
3 そはヱホバかく言給ふ なんぢらは價なくして賣られたり 金なくして贖はるべし
Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.”
4 主ヱホバ如此いひ給ふ 曩にわが民エジプトにくだりゆきて彼處にとどまれり アツスリヤ人ゆゑなくして彼等をしへたげたり
Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.
5 ヱホバ宣給く わが民はゆゑなくして俘れたり されば我ここに何をなさん ヱホバのたまはく 彼等をつかさどる者さけびよばはり わが名はつねに終日けがさるるなり
“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ. “Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa, na wɔn sodifoɔ di fɛw,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛda mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.
6 この故にわが民はわが名をしらん このゆゑにその日には彼らこの言をかたるものの我なるをしらん 我ここに在り
Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din; enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Aane, ɛyɛ me.”
7 よろこびの音信をつたへ平和をつげ 善おとづれをつたへ救をつげ シオンに向ひてなんぢの神はすべ治めたまふといふものの足は山上にありていかに美しきかな
Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba, wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion sɛ, “Mo Onyankopɔn di ɔhene.”
8 なんぢが斥候の聲きこゆ かれらはヱホバのシオンに歸り給ふを目と目とあひあはせて視るが故にみな聲をあげてもろともにうたへり
Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ Awurade sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu.
9 ヱルサレムの荒廢れたるところよ聲をはなちて共にうたふべし ヱホバその民をなぐさめヱルサレムを贖ひたまひたればなり
Mommɔ mu nto anigye nnwom, mo Yerusalem mmubuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ; wagye Yerusalem.
10 ヱホバそのきよき手をもろもろの國人の目のまへにあらはしたまへり 地のもろもろの極までもわれらの神のすくひを見ん
Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.
11 なんぢら去よされよ 彼處をいでて汚れたるものに觸るなかれ その中をいでよ ヱホバの器をになふ者よ なんぢら潔くあれ
Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ! Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Mommfiri ho na mo ho nte, mo a mokurakura Awurade nkuruwa.
12 なんぢら急ぎいづるにあらず趨りゆくにあらず ヱホバはなんぢらの前にゆきイスラエルの神はなんぢらの軍後となり給ふべければなり
Monntutu mmirika mfiri ha anaa monnwane; ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim, Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.
13 視よわがしもべ智慧をもておこなはん 上りのぼりて甚だたかくならん
Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ.
14 曩にはおほくの人かれを見ておどろきたり(その面貌はそこなはれて人と異なりその形容はおとろへて人の子とことなれり)
Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn. Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛ na ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ.
15 後には彼おほく國民にそそがん 王たち彼によりて口を緘まん そはかれら未だつたへられざることを見いまだ聞ざることを悟るべければなり
Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔn na ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti. Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.