< イザヤ書 30 >

1 ヱホバのたまはく 悖るる子輩はわざはひなるかな かれら謀略をすれども我によりてせず 盟をむすべどもわが靈にしたがはず ますます罪につみをくはへん
“Monnue mmɔfra asoɔdenfoɔ,” sɛi na Awurade seɛ, “Wɔn a wɔde nhyehyɛeɛ a ɛmfiri me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a ɛmfiri me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano;
2 かれらわが口にとはずしてエジプトに下りゆきパロの力をかりておのれを强くしエジプトの蔭によらん
wɔn a wɔkɔ Misraim a wɔmmisa me ansa. Wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ banbɔ firi Farao nkyɛn. Wɔkɔ Misraim kɔpɛ hintabea,
3 パロのちからは反てなんぢらの恥となり エジプトの蔭によるは反てなんぢらの辱かしめとなるべし
nanso Farao banbɔ bɛyɛ animguaseɛ ama mo. Misraim nwunu de ahohora bɛbrɛ mo.
4 かれの君たちはゾアンにあり かれの使者たちはハネスにきたれり
Ɛwom sɛ wɔwɔ adwumayɛfoɔ wɔ Soan na wɔn ananmusifoɔ aduru Hanes deɛ,
5 かれらは皆おのれを益することあたはざる民によりて恥をいだく かの民はたすけとならず益とならず かへりて恥となり謗となれり
nanso wɔn nyinaa anim bɛgu ase nnipa bi a wɔn ho nni wɔn mfasoɔ enti. Wɔmmfa mmoa anaa mfasoɔ mma, na mmom animguaseɛ ne ahohora.”
6 南のかたの牲畜にかかる重負のよげん 曰く/かれらその財貨を若き驢馬のかたにおはせ その寳物を駱駝の背におはせて 牝獅 牡獅 まむし及びとびかける蛇のいづる苦しみと艱難との國をすぎて 己をえきすること能はざる民にゆかん
Nkɔmhyɛ a ɛfa Negeb mmoa ho: wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, deɛ agyata ne agyatabereɛ, ananka ne awɔ a wɔn ho yɛ herɛ wɔ. Ananmusifoɔ no de wɔn ahonyadeɛ soa mfunumu ne wɔn ademudeɛ wɔ nyoma afu so, de kɔ saa ɔman a ne ho nni mfasoɔ no so,
7 そのエジプトの助はいたづらにして虛し このゆゑに我はこれを休みをるラハブとよべり
de kɔ Misraim a ne mmoa ho nni mfasoɔ. Enti mefrɛ no Rahab, deɛ Ɔnka Hwee.
8 いま往てこれをその前にて牌にしるし書にのせ 後の世に傳へてとこしへに證とすべし
Kɔ afei, twerɛ wɔ twerɛpono so ma wɔn krukyire wɔ nwoma mmobɔeɛ so sɛdeɛ nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansedeɛ a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
9 これは悖れる民いつはりをいふ子輩ヱホバの律法をきくことをせざる子輩なり
Saa nnipa yi yɛ adɔnyɛfoɔ, mma asisifoɔ, mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Awurade nkyerɛkyerɛ.
10 かれら見るものに對ひていふ見るなかれと 默示をうる者にむかひていふ直きことを示すなかれ 滑かなることをかたれ虛僞をしめせ
Wɔka kyerɛ adehufoɔ sɛ, “Monnhunu mo ani so adeɛ bio!” ne adiyifoɔ no nso sɛ, “Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio! Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm.
11 なんぢら大道をさり逕をはなれ われらが前にイスラエルの聖者をあらしむるなかれと
Momfiri saa tempɔn yi so, mommane mfiri saa kwan yi ho na monnyae Israel Kronkronni a mode no ha yɛn yi!”
12 此によりてイスラエルの聖者かくいひ給ふ なんぢらこの言をあなどり暴虐と邪曲とをたのみて之にたよれり
Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛsoɔ ne nnaadaa so enti,
13 斯るがゆゑにこの不義なんぢらには凸出ておちんとするたかき垣のさけたるところのごとく その破壞にはかに暫しが間にきたらんと
saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea na ɛbu mpofirim, ama mo.
14 主これを破りあだかも陶工の瓶をくだきやぶるがごとくして惜みたまはず その碎のなかに爐より火をとり池より水をくむほどの一片だに見出すことなからん
Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo. Ɛbɛyam pasaa a esini koraa renka a wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”
15 主ヱホバ、イスラエルの聖者かくいひたまへり なんぢら立かへりて靜かにせば救をえ 平穩にして依賴まば力をうべしと 然どなんぢらこの事をこのまざりき
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ: “Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ; kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya emu biara.
16 なんぢら反ていへり 否われら馬にのりて逃走らんと この故になんぢら逃走らん 又いへりわれら疾きものに乗んと この故になんぢらを追もの疾かるべし
Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’ Enti mobɛdwane! Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ!
17 ひとり叱咤すれば千人にげはしり 五人しつたすればなんぢら逃走りて その遺るものは僅かに山嶺にある杆のごとく 岡のうへにある旗のごとくならん
Apem bɛdwane ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu enti mo nyinaa bɛdwane akɔ, kɔsi sɛ wɔbɛgya mo te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi, te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”
18 ヱホバこれにより俟てのち恩惠を汝等にほどこし これにより上りてのちなんぢらを憐れみたまはん ヱホバは公平の神にましませり 凡てこれを俟望むものは福ひなり
Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ. Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
19 シオンにをりヱルサレムにをる民よ なんぢは再びなくことあらじ そのよばはる聲に應じて必ずなんぢに惠をほどこしたまはん 主ききたまふとき直にこたへたまふべし
Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ.
20 主はなんぢらになやみの糧とくるしみの水とをあたへ給はん なんぢを敎るもの再びかくれじ 汝の目はその敎るものを恒にみるべし
Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
21 なんぢ右にゆくも左にゆくもその耳に これは道なりこれを歩むべしと後邊にてかたるをきかん
Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.”
22 又なんぢら白銀をおほひし刻める像 こがねをはりし鑄たる像をけがれとし 穢物のごとく打棄ていはん 去れと
Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.”
23 なんぢが地にまく種に主は雨をあたへ また地になりいづる糧をたまふ その土產こえて豐かならん その日なんぢの家畜はひろき牧場に草をはむべし
Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ.
24 地をたがへす牛と驢馬とは團扇にてあふぎ箕にてとほし鹽をくはへたる飼料をくらはん
Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu.
25 大なる殺戮の日やぐらのたふるる時もろもろのたかき山もろもろのそびえたる嶺に河とみづの流とあるべし
Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so.
26 かくてヱホバその民のきずをつつみ そのうたれたる創痍をいやしたまふ日には月のひかりは日の光のごとく日のひかりは七倍をくはへて七の日のひかりの如くならん
Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.
27 視よヱホバの名はとほき所よりきたり そのはげしき怒はもえあがる焰のごとく その唇はいきどほりにてみち その舌はやきつくす火のごとく
Hwɛ! Awurade firi akyirikyiri reba, ɔde abufuhyeɛ ne wisie kumɔnn; abufuo ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhye nneɛma.
28 その氣息はみなぎりて項にまでいたる流のごとし 且ほろびの篩にてもろもろの國をふるひ又まどはす韁をもろもろの民の口におきたまはん
Nʼahomeɛ te sɛ nsuworoeɛ a ɛsene ntɛm ntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwoso aman no wɔ ɔsɛeɛ sɔneɛ so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom ɛkwan hyehyɛ nnipa no nnyepi.
29 なんぢらは歌うたはん節會をまもる夜のごとし なんぢらは心によろこばん笛をならしヱホバの山にきたりイスラエルの磐につくときの如し
Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a modi afahyɛ kronkron no; mo akoma bɛdi ahurisie te sɛ ɛberɛ a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ Awurade bepɔ no so kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.
30 ヱホバはその稜威のこゑをきかしめ 烈しき怒をはなちて燒つくす火のほのほと暴風と大雨と雹とをもて その臂のくだることを示したまはん
Awurade bɛma nnipa ate nʼaberempɔn nne, na ɔbɛma wɔahunu ne basa a ɛresiane na ɛde abufuhyeɛ ne ogya a ɛhye nneɛma, osutɔ denden, aprannaa ne ampariboɔ reba.
31 ヱホバのこゑによりてアツスリヤ人はくじけん 主はこれを笞にてうち給ふべし
Awurade nne bɛdwerɛ Asiria; ɔde nʼahenpoma bɛbɔ wɔn ahwe fam.
32 ヱホバの豫じめさだめたまへる杖をアツスリヤのうへにくはへたまふごとに 鼓をならし琴をひかん 主はうごきふるふ戰闘をもてかれらとたたかひ給ふべし
Awurade bɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, na ɛberɛ biara a ɔbɛbɔ wɔn no ɛbɛyɛ sɛdeɛ akasaeɛ ne sankuten so nnwontoɔ korɔ.
33 トペテは往古よりまうけられ また王のために備へられたり これを深くしこれを廣くしここに火とおほくの薪とをつみおきたり ヱホバの氣息これを硫黄のながれのごとくに燃さん
Wɔasiesie Topet dadaada; wɔayɛ no krado ama ɔhene no. Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree wɔ ne ogya amena no a emu dɔ na ɛtrɛ no mu; Awurade ahome a ɛte sɛ sɔfe asutene no bɛsɔ mu ogya.

< イザヤ書 30 >