< イザヤ書 23 >
1 ツロに係るおもにの預言 いはく/タルシシのもろもろの舟よなきさけべ ツロは荒廢れて屋なく入べきところなければなり かれら此事をキツテムの地にて告しらせらる
Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho: Tarsis ahyɛn, muntwa adwo! Efisɛ wɔasɛe Tiro na wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea. Wufi Kipro asase so abɛka asɛm akyerɛ wɔn.
2 うみべの民よもだせ 曩には海をゆきかふシドンの商賣くさぐさの物をかしこに充せたり
Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no so ne mo Sidon aguadifo a po so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo.
3 ツロは大なる水をわたりくるシホルの種物とナイルがはの穀物とによりて収納をえたり ツロはもろもろの國のつどふ市なりき
Nsu akɛse no so na aduan fi Sihor nam bae; Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto, na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.
4 シドンよはづべし そは海すなはち海城かくいへり曰く われ苦しまずうまず壯男をやしなはず處女をそだてざりきと
Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen, efisɛ po akasa se, “Menkyemee da, na menwoo da; mentetew mmabarima anaa mmabea da.”
5 この音信のエジプトにいたるとき彼等ツロのおとづれによりて甚くうれふべし
Sɛ asɛm no du Misraim a, wobedi yaw wɔ nkra a efi Tiro no ho.
6 なんぢらタルシシにわたれ 海邊のたみよ汝等なきさけぶべし
Muntwa nkɔ Tarsis; muntwa adwo, mo a mowɔ supɔw no so.
7 これは上れる世いにしへよりありし邑おのが足にてうつり遠くたびずまひせる邑なんぢらの樂しみの邑なりしや
Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no, teteete kuropɔn no, nea wɔatu akɔtena akyirikyiri nsase so no ana?
8 斯のごとくツロに對ひてはかりしは誰なるか ツロは冕をさづけし邑 その中のあきうどは君 その中の貿易するものは地のたふとき者なりき
Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro, nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw, nea nʼaguadifo yɛ ahenemma, na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?
9 これ萬軍のヱホバの定め給ふところにして すべて華美にかざれる驕奢をけがし地のもろもろの貴者をひくくしたまはんが爲なり
Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se, ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso ase na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
10 タルシシの女よナイルのごとく己が地にあふれよ なんぢを結びかたむる帶ふたたびなかるべし
Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho no Tarsis Babea, efisɛ wunni hyɛngyinabea bio.
11 ヱホバその手を海の上にのべて國々をふるひうごかし給へり ヱホバ、カナンにつきて詔命をいだしその保砦をこぼたしめたまふ
Awurade ama ne nsa so wɔ po no so ama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo. Wahyɛ Kanaan ho mmara se, wɔnsɛe nʼaban.
12 彼いひたまはく虐げられたる處女シドンのむすめよ 汝ふたたびよろこぶことなかるべし 起てキツテムにわたれ彼處にてなんぢまた安息をえじ
Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara, Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo! “Sɔre, twa kɔ Kipro; hɔ mpo worennya ahotɔ.”
13 カルデヤ人のくにを視よ この民はふたたびあることなし アツスリヤ人この國を野のけものの居所にさだめたり かれら櫓をたてもろもろの殿をこぼちて荒墟となせり
Monhwɛ Babiloniafo asase no saa nnipa a mprempren wɔnka hwee no! Asiriafo ayɛ no baabi a nweatam so mmoa te; wosisii wɔn anotua aban bebree, wodwiriw nʼaban gui ma ɛdan nnwiriwii.
14 タルシシのもろもろの舟よなきさけべ なんぢの保砦はくだかれたり
Muntwa adwo, Tarsis ahyɛn; wɔasɛe wʼaban!
15 その日ツロは七十年のあひだ忘れらるべし ひとりの王のながらふる日のかずなり七十年終りてのちツロは妓女のうたの如くならん
Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no:
16 さきに忘れられたるうかれめよ琴をとりて城市をへめぐり 巧に弾じておほくの歌をうたひ人にふたたび記念らるべし
“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu, oguamanfo a wɔnnkae wo; bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree, sɛnea wɔbɛkae wo.”
17 七十年をはりてヱホバまたツロを顧みたまはん ツロはふたたびその利潤をえて地のおもてにあるもろもろの國と淫をおこなふべし
Mfe aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua.
18 その貿易とその獲たる利潤とはきよめてヱホバに獻ぐべければ之をたくはへず積ことをせざるなり その貿易はヱホバの前にをるものの用となり飽くらふ料となり華美なるころもの料とならん
Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa.