< イザヤ書 21 >

1 うみべの荒野にかかる重負のよげん いはく/荒野よりおそるべき地より南のかたの暴風のふきすぐるが如くきたれり
Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho: Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no, saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba. Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.
2 われ苛き默示をしめされたり 欺騙者はあざむき荒すものはあらすべし エラムよ上れメデアよかこめ 我すでにすべての歎息をやめしめたり
Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me: Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ. Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim! Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.
3 この故にわが腰は甚だしくいたみ 產にのぞめる婦人の如き苦しみ我にせまれり われ悶へ苦しみて聞ことあたはず我をののきて見ことあたはず
Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu, ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no; deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so, deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.
4 わが心みだれまどひて慴き怖ること甚だし わが樂しめる夕はかはりて懼れとなりぬ
Mʼakoma bɔ paripari, ehu ma me ho popo; na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.
5 彼らは席をまうけ筵をしきてくひのみす もろもろの君よたちて盾にあぶらぬれ
Wɔto ɛpono, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam, wɔdidi, na wɔnom! Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ, momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!
6 ヱホバかく我にいひ給へり 汝ゆきて斥候をおきその見るところを告しめよ
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.
7 かれ馬にのりて二列にならび來るものを見 また驢馬にのりたると駱駝にのりたるとをみば 耳をかたぶけて詳細にきくことをせしめよと
Sɛ ɔhunu nteaseɛnam ne apɔnkɔ akuakuo, wɔn a wɔtete mfunumu so ne wɔn a wɔtete nyoma so a, ɔnwɛn nʼaso wɛn pa ara.”
8 かれ獅の如く呼はりて曰けるは わが主よわれ終日やぐらに立よもすがら斥候の地にたつ
Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so anadwo biara, megyina hɔ.
9 馬にのりて二列にならびたる者きたれり 彼こたへていはくバビロンは倒れたり 倒れたりそのもろもろの神の像はくだけて地にふしたり
Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, ‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’”
10 蹂躙らるるわが民よわが打場のたなつものよ 我イスラエルの神萬軍のヱホバに聞るところのものを汝につげたり
Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase meka deɛ mateɛ kyerɛ mo, deɛ ɛfiri Asafo Awurade, deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.
11 ドマに係るおもにの預言 いはく/人ありセイルより我をよびていふ 斥候よ夜はなにのときぞ 斥候よ夜はなにの時ぞ
Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me firi Seir, “Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye? Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”
12 ものみ答へていふ 朝きたり夜またきたる 汝もしとはんとおもはば問 なんぢら歸りきたるべし
Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ, “Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa. Sɛ wobɛbisa bio a sane bra bɛbisa.”
13 アラビヤにかかる重負のよげん 曰く/デダンの客商よなんぢらはアラビヤの林にやどらん
Adehunu a ɛfa Arabia ho: Mo Dedan akwantufoɔ a mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,
14 テマの地のたみよ水をたづさへて渇ける者をむかへ 糧をもて逃遁れたるものを迎へよ
Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ adwanefoɔ aduane.
15 かれらは刃をさけ 旣にぬきたる劍すでに張たる弓およびたたかひの艱難をさけて逃きたれり
Wɔdwane firi akofena a watwe tadua a wɔakuntun mu ne ɔko a ɛgyina mu ano.
16 そは主われにいひたまはく 傭人の期にひとしく一年のうちにケダルのすべての榮華はつきはてん
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.
17 そののこれる弓士のかずとケダルの子孫のますらをとは少なかるべし 此はイスラエルの神ヱホバのかたり給へるなり
Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.

< イザヤ書 21 >