< ホセア書 12 >

1 エフライムは風をくらひ東風をおひ日々に詐僞と暴逆とを増くはへアッスリヤと契約を結び油をエジプトに餽れり
Efraim de mframa ayɛ aduan; odi apuei mframa akyi daa na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree. Ɔne Asiria yɛ apam na ɔde ngo kɔ Misraim.
2 ヱホバはユダと爭辨をなしたまふヤコブをその途にしたがひて罰しその行爲にしたがひて報いたまふ
Awurade wɔ sobo de bɔ Yuda; ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho na watua no ne nneyɛe so ka.
3 ヤコブは胎にゐし時その兄弟の踵をとらへまた己が力をもて神と角力あらそへり
Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin; onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.
4 かれは天の使と角力あらそひて勝ちなきて之に恩をもとめたり彼はベテルにて神にあへり其處にて神われらに語ひたまへり
Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim; ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom. Ohuu no wɔ Bet-El ne no kasaa wɔ hɔ.
5 これは萬軍の神ヱホバなりヱホバは其記念の名なり
Asafo Awurade Nyankopɔn, Awurade ne ne din a ahyeta!
6 然ばなんぢの神にかへり矜恤と公義とをまもり恒になんぢの神を仰ぐべし
Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn. Tena ɔdɔ ne trenee mu, na twɛn wo Nyankopɔn daa.
7 彼はカナン人(商賈)なりその手に詭詐の權衡をもち好であざむき取ことをなす
Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma; nʼani gye asisi ho.
8 エフライムはいふ誠にわれは富る者となれり我は身に財寳をえたり凡てわが勞したることの中に罪をうべき不義を見いだす者なかるべし
Efraim hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefo; manya me ho. Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu amumɔyɛ biara wɔ me ho.”
9 我ヱホバはエジプトの國をいでしより以來なんぢらの神なり我いまも尚なんぢを幕屋にすまはせて節會の日のごとくならしめん
“Mene Awurade wo Nyankopɔn, a miyii wo fii Misraim. Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no.
10 我もろもろの預言者にかたり又これに益々おほく異象をしめしたり我もろもろの預言者に托して譬喩をまうく
Mekasa kyerɛɛ adiyifo, memaa wɔn anisoadehu bebree na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.”
11 ギレアデは不義なる者ならずや彼らは全く虚しかれらはギルガルにて牛を犠牲に献ぐかれらの祭壇は圃の畝につみたる石の如し
Gilead yɛ otirimɔdenfo ana? Emu nnipa no yɛ ahuhufo! Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana? Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so.
12 ヤコブはアラムの野ににげゆけりイスラエルは妻を得んために人に事へ妻を得んために羊を牧へり
Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so; Israel som de nyaa ɔyere, ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa.
13 ヱホバ一人の預言者をもてイスラエルをエジプトより導きいだし一人の預言者をもて之を護りたまへり
Awurade nam odiyifo so yii Israel fii Misraim, ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.
14 エフライムは怒を激ふること極てはなはだしその主かれが流しし血をかれが上にとどめその恥辱をかれに歸らせたまはん
Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw; nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so na obetua nʼanimtiaabu no so ka.

< ホセア書 12 >