< 創世記 35 >

1 茲に神ヤコブに言たまひけるは起てベテルにのぼりて彼處に居り汝が昔に兄エサウの面をさけて逃る時に汝にあらはれし神に彼處にて壇をきづけと
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ woduru hɔ a, si afɔrebukyia ma me. Me na meyii me ho adi kyerɛɛ wo ɛberɛ a na woredwane afiri wo nua Esau nkyɛn no.”
2 ヤコブ乃ちその家人および凡て己とともなる者にいふ汝等の中にある異神を棄て身を清めて衣服を易よ
Enti, Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn firi amanɔne baeɛ no nyinaa. Monwira mo ho, na monsesa mo ntadeɛ nso.”
3 我等起てベテルにのぼらん彼處にて我わが苦患の日に我に應へわが往ところの途にて我とともに在せし神に壇をきづくべし
Ɔtoaa so sɛ, “Yɛrebɛtu ɛkwan akɔ Bet-El. Na sɛ yɛduru hɔ a, yɛbɛsi afɔrebukyia ama Onyankopɔn a ɔtiee me mpaeɛbɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantuo mu no.”
4 是に於て彼等その手にある異神およびその耳にある耳環を盡くヤコブに與へしかばヤコブこれをシケムの邊なる橡樹の下に埋たり
Enti, wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne nsonkawa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ.
5 斯て彼等いでたちしが神其四周の邑々をして懼れしめたまひければヤコブの子の後を追ふ者なかりき
Afei, wɔsiim. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkuro a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a, ɛno enti obiara antumi anti wɔn.
6 ヤコブ及び之と共なる諸の人遂にカナンの地にあるルズに至る是即ちベテルなり
Yakob ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no bɛduruu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no.
7 彼かしこに壇をきづき其處をエルベテルと名けたり是は兄の面をさけて逃る時に神此にて己にあらはれ給しによりてなり
Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too hɔ edin El-Bet-El, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na ɛberɛ a ɔredwane afiri ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.
8 時にリベカの乳媼デボラ死たれば之をベテルの下にて橡樹の下に葬れり是によりてその樹の名をアロンバクテ(哀哭の橡)といふ
Yei akyiri no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyegyefoɔ no wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bɔn mu no ase. Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Alon-Bakut, a asekyerɛ ne Agyaadwotwa Dum.
9 ヤコブ、パダンアラムより歸りし時神復これにあらはれて之を祝したまふ
Yakob firi Paddan-Aram bɛduruu Bet-El no, Onyankopɔn sane yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no.
10 神かれに言たまはく汝の名はヤコブといふ汝の名は重てヤコブとよぶべからずイスラエルを汝の名となすべしとその名をイスラエルと稱たまふ
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom sɛ wɔfrɛ wo Yakob deɛ, nanso ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a asekyerɛ ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asie. Enti Onyankopɔn too ne din sɛ, Israel.”
11 神また彼にいひたまふ我は全能の神なり生よ殖よ國民および多の國民汝よりいで又王等なんぢの腰よりいでん
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mene Onyankopɔn tumfoɔ no. Wʼase nnɔre, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso bɛfiri wo mu aba.
12 わがアブラハムおよびイサクに與し地は我これを汝にあたへん我なんぢの後の子孫にその地をあたふべしと
Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Aane, mede saa asase korɔ yi ara bɛma wʼasefoɔ.”
13 神かれと言たまひし處より彼をはなれて昇りたまふ
Yei akyiri no, Onyankopɔn firii beaeɛ a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.
14 是に於てヤコブ神の己と言いひたまひし處に柱すなはち石の柱を立て其上に酒を灌ぎまた其上に膏を沃げり
Afei, Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɔsane de afɔrengo sraa odum no ho.
15 而してヤコブ神の己にものいひたまひし處の名をベテルとなづけたり
Yakob too beaeɛ a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Bet-El, a asekyerɛ ne Onyankopɔn fie.
16 かくてヤコブ等ベテルよりいでたちしがエフラタに至るまでは尚路の隔ある處にてラケル產にのぞみその產おもかりき
Yakob ne ne fiefoɔ siim firii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awoɔ kaa Rahel wɔ akwantemfi.
17 彼難產にのぞめる時產婆之にいひけるは懼るなかれ汝また此男の子を得たり
Ɛberɛ a ɔreko awoɔ no, ɔbaa ɔwogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.”
18 彼死にのぞみてその魂さらんとする時その子の名をベノニ(吾苦痛の子)と呼たり然ど其父これをベニヤミン(右手の子)となづけたり
Nanso, Rahel koo awoɔ tɔeɛ. Na ɛberɛ a ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo ne babarima a wawo no no edin Ben-Oni, a asekyerɛ ne Mʼawerɛhoɔ Mu Ba. “Nanso, nʼagya sane too no edin Benyamin, a asekyerɛ ne Me dɔba.”
19 ラケル死てエフラタの途に葬らる是即ちベテレヘムなり
Rahel wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi.
20 ヤコブその墓に柱を立たり是はラケルの墓の柱といひて今日まで在り
Yakob yɛɛ nkaeɛdum sii Rahel ɛda no so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
21 イスラエル復いでたちてエダルの塔の外にその天幕を張り
Israel toaa nʼakwantuo no so, kɔsii ne ntomadan wɔ Edir abantenten no akyiri nohoa baabi.
22 イスラエルかの地に住る時にルベン往て父の妾ビルハと寢たりイスラエルこれを聞く夫ヤコブの子は十二人なり
Ɛberɛ a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda. Na Yakob wɔ mmammarima dumienu:
23 即ちレアの子はヤコブの長子ルベンおよびシメオン、レビ、ユダ、イッサカル、ゼブルンなり
Lea mma na wɔn din didi so yi: Ruben a ɔno ne Israel abakan, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.
24 ラケルの子はヨセフとベニヤミンなり
Rahel nso mmammarima baanu no ne Yosef ne Benyamin.
25 ラケルの仕女ビルハの子はダンとナフタリなり
Rahel afenaa Bilha mmammarima baanu no ne Dan ne Naftali
26 レアの仕女ジルパの子はガドとアセルなり是等はヤコブの子にしてパダンアラムにて彼に生れたる者なり
Lea afenaa Silpa nso mmammarima baanu no ne Gad ne Aser. Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.
27 ヤコブ、キリアテアルバのマムレにゆきてその父イサクに至れり是すなはちヘブロンなり彼處はアブラハムとイサクの寄寓しところなり
Akyire no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔhoɔ no.
28 イサクの齡は百八十歳なりき
Isak dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe.
29 イサク老て年滿ち氣息たえ死にて其民にくははれりその子エサウとヤコブ之をはうむる
Isak wuiɛ, ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanimfoɔ ho; na wabɔ akɔkoraa posoposo. Ne mmammarima Esau ne Yakob na wɔsiee no.

< 創世記 35 >