< 申命記 15 >

1 七年の終に至るごとに汝放釋を行ふべし
Mfirinhyia nson biara awieeɛ, montwa mo aka mu.
2 その放釋の例は是のごとし凡てその鄰に貸ことを爲しその債主は之を放釋べしその鄰またはその兄弟にこれを督促べからず是はヱホバの放釋と稱へらるればなり
Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so nie: Ɛsɛ sɛ boseabɔni biara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, ɔde kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ wɔdan wɔn yɔnko anaa wɔn busuani ka, ɛfiri sɛ, Awurade ɛberɛ a wɔde bosea kyɛ no aduru.
3 異國の人には汝これを督促ことを得されど汝の兄弟に貸たる物は汝の手よりこれを放釋べし
Saa bosea a wɔtwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfoɔ nko ara. Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nka ho.
4 斯せば汝らの中間に貧者なからん其は汝の神ヱホバその汝に與へて產業となさしめたまふ地において大に汝を祝福たまふべければなり
Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ ba mo mu ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so.
5 只汝もし謹みて汝の神ヱホバの言に聽したがひ我が今日なんぢに命ずるこの誡命を盡く守り行ふに於ては是のごとくなるべし
Sɛ moto mo bo ase di Awurade mo Onyankopɔn mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, mobɛnya saa nhyira yi.
6 汝の神ヱホバ汝に言しごとく汝を祝福たまふべければ汝は衆多の國人に貸ことを得べし然ど借こと有じまた汝は衆多の國人を治めん然ど彼らは汝を治むることあらじ
Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea nanso mo deɛ, morenkɔ aboseabɔ da. Mobɛdi aman bebree so nanso wɔrenni mo so.
7 汝の神ヱホバの汝に賜ふ地において若汝の兄弟の貧き人汝の門の中にをらばその貧しき兄弟にむかひて汝の心を剛愎にする勿れまた汝の手を閉る勿れ
Sɛ moduru nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so na sɛ ahiafoɔ wɔ hɔ a, mommpirim mo akoma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so.
8 かならず汝の手をこれに開き必ずその要むる物をこれに貸あたへてこれが乏しきを補ふべし
Mmom, mongo mo nsam na momfɛm wɔn deɛ ɛhia wɔn.
9 汝愼め心に惡き念を起し第七年放釋の年近づけりと言て汝の貧き兄弟に目をかけざる勿れ汝もし斯之に何をも與へずしてその人これがために汝をヱホバに訴へなば汝罪を獲ん
Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ ɛka mu twa berɛ no reyɛ aduru so enti, obi bɛbisa mo bosea a moremma no. Sɛ moammɔ ahiafoɔ no bosea na sɛ wɔsu frɛ Awurade a, wɔbɛbu mo fɔ sɛ moayɛ bɔne.
10 汝かならず之に與ふることを爲べしまた之に與ふる時は心に惜むこと勿れ其は此事のために汝の神ヱホバ汝の諸の事業と汝の手の諸の働作とに於て汝を祝福たまふべければなり
Momma no akoma pa mu na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo ne biribiara a mobɛyɛ so.
11 貧き者は何時までも國にたゆること無るべければ我汝に命じて言ふ汝かならず汝の國の中なる汝の兄弟の困難者と貧乏者とに汝の手を開くべし
Ɛberɛ biara, mobɛhunu ahiafoɔ wɔ mo mu. Ɛno enti na merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mo ne ahiafoɔ ne mo nuanom Israelfoɔ nkyɛ.
12 汝の兄弟たるヘブルの男またはヘブルの女汝の許に賣れたらんに若六年なんぢに事へたらば第七年に汝これを放ちて去しむべし
Sɛ wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gya no ɛkwan.
13 汝これを放ちて去しむる時は空手にて去しむべからず
Na sɛ woregya no ɛkwan a, mma no nkɔ nsapan.
14 汝の群と禾場と搾場の中より贈物を取て之が肩に負すべし即ち汝の神ヱホバの汝を祝福て賜ふところの物をこれに與ふべし
Fa nsa a emu go gya no ɛkwan na ma no wo nnwan no, wʼayuporebea mu adeɛ ne wo nsakyimena mu adeɛ bi. Wo ne no nkyɛ wʼadonneɛ bi a Awurade, wo Onyankopɔn, de ahyira wo no bi.
15 汝記憶べし汝はエジプトの國に奴隸たりしが汝の神ヱホバ汝を贖ひ出したまへり是故に我今日この事を汝に命ず
Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn yii mo firii hɔ. Ɛno enti na mede saa mmara yi rema mo ɛnnɛ yi.
16 その人もし汝と汝の家を愛し汝と偕にをるを善として汝にむかひ我汝を離れて去を好まずと言ば
Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo sɛ, “Merennya wo hɔ nkɔ”, ɛfiri sɛ, ɔpɛ wo ne wʼabusuafoɔ asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a,
17 汝錐を取て彼の耳を戸に刺とほすべし然せば彼は永く汝の僕たるべし汝の婢にもまた是のごとくすべし
ɛnneɛ, fa fitiiɛ bɔne nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara.
18 汝これを放ちて去しむるを難き事と見るべからず其は彼が六年汝に事へて働きしは工價を取る傭人の二倍に當ればなり汝斯なさば汝の神ヱホバ汝が凡て爲ところの事に於て汝をめぐみたまふべし
Mma no nyɛ wo ya sɛ woregyaa wʼasomfoɔ no ama wɔafa wɔn ho akɔdie. Monkae sɛ, mfeɛ nsia ni no, wɔasom wo a sɛ wokɔfaa apaafoɔ sɛ wɔnsom wo a, anka wobɛtua apaafoɔ no sika mmɔho mmienu, na Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho.
19 汝の牛羊の產る初子は皆これを聖別て汝の神ヱホバに歸せしむべし汝の牛の初子をもちゐて何の工作をも爲べからず又汝の羊の初子の毛を剪べからず
Mo anantwie ne mo nnwan mmakan anini no, monyi nsi hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mo anantwie mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuo mu nkɔyɛ nnwuma na monntwitwa mo nnwan mmakan ho nwi nso.
20 汝の神ヱホバの選びたまへる處にてヱホバの前に汝と汝の家族年々にこれを食ふべし
Mmom, mo ne mo abusuafoɔ, afe biara, monnwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn bɛyi ama mo no wɔ nʼanim.
21 然どその畜もし疵ある者すなはち跛足盲目なるなど凡て惡き疵ある者なる時は汝の神ヱホバにこれを宰りて献ぐべからず
Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afira anaa wadi ɛdɛm foforɔ bi a, mommfa no mmɔ afɔdeɛ mma Awurade mo Onyankopɔn.
22 汝の門の内にこれを食ふべし汚れたる者も潔き者も均くこれを食ふを得ること牡鹿と羚羊のごとし
Mmom, momfa no nyɛ aduane mma abusuafoɔ wɔ fie. Sɛ obi ho te o, sɛ ne ho nte o, ɔtumi di bi sɛdeɛ obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no.
23 但しその血はこれを食ふべからず水のごとくにこれを地に灌ぐべし
Nanso, monnni mogya no. Monhwie ngu fam te sɛ nsuo.

< 申命記 15 >