< 申命記 14 >

1 汝らは汝等の神ヱホバの子等なり汝ら死る者のために己が身に傷くべからずまた己が目の間にあたる頂の髮を剃べからず
Moyɛ Awurade mo Onyankopɔn mma. Ɛno enti mommotabota mo ho anaa monnnyi mo moma so mma awufoɔ,
2 其は汝は汝の神ヱホバの聖民なればなりヱホバは地の面の諸の民の中より汝を擇びて己の寶の民となし給へり
ɛfiri sɛ, moyɛ nnipa kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.
3 汝穢はしき物は何をも食ふ勿れ
Monnni akyiwadeɛ biara.
4 汝らが食ふべき獣畜は是なり即ち牛 羊 山羊
Yeinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwie, odwan, abirekyie
5 牡鹿 羚羊 小鹿 麣 麞 麈 麖など
ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abereɛ.
6 凡て獣畜の中蹄の分れ割て二つの蹄を成る反芻獣は汝ら之を食ふべし
Na monni atɔteboa biara a ne tɔte mu apae mmienu na ɔpu wesa.
7 但し反芻者と蹄の分れたる者の中汝らの食ふべからざる者は是なり即ち駱駝 兎および山鼠是らは反芻ども蹄わかれざれば汝らには汚れたる者なり
Nanso, ntɔteboa a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apae mmienu koraa mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ, wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpaeɛ; wɔn ho nte mma mo.
8 また豚是は蹄わかるれども反芻ことをせざれば汝らには汚たる者なり汝ら是等の物の肉を食ふべからずまたその死體に捫るべからず
Ɔprako nso ho nte. Ɛwom sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa sɔ ne funu mu koraa.
9 水にをる諸の物の中是のごとき者を汝ら食ふべし即ち凡て翅と鱗のある者は皆汝ら之を食ふべし
Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we.
10 凡て翅と鱗のあらざる者は汝らこれを食ふべからず是は汝らには汚たる者なり
Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo.
11 また凡て潔き鳥は皆汝らこれを食ふべし
Anomaa biara a ne ho te no, monwe.
12 但し是等は食ふべからず即ち鵰黄鷹鳶
Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe nie: ɔkɔdeɛ, opete, asuo so ɔkɔdeɛ,
13 鸇鷹 黑鷹の類
ɔkompete, nkorɔma ahodoɔ nyinaa
14 各種の鴉の類
kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa,
15 駝鳥 梟 鴎 雀鷹の類
sohori, anadwo akorɔma, ɛpo so asomfena ne akorɔma ahodoɔ nyinaa,
16 鸛 鷺 白鳥
ɔpatuo, ɔpatukɛseɛ, bakanoma
17 鸅鸕 大鷹 鵜
nantwinoma, opete ne ɛpo so anene,
18 鶴 鸚鵡の類 鷸および蝙蝠
ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan.
19 また凡て羽翼ありて匍ところの者は汝らには汚たる者なり汝らこれを食ふべからず
Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe.
20 凡て羽翼をもて飛ところの潔き物は汝らこれを食ふべし
Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe.
21 凡そ自ら死たる者は汝ら食ふべからず汝の門の内にをる他國の人に之を與へて食しかべし又これを異邦人に賣も可し汝は汝の神ヱホバの聖民なればなり汝山羊羔をその母の乳にて煮べからず
Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn. Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.
22 汝かならず年々に田畝に種蒔て獲ところの產物の什一を取べし
Mo mfuo mu nnɔbaeɛ no, monyi mu ntotosoɔ dudu a ɛyɛ nkyɛmu edu mu baako wɔ mo nnɔbaeɛ mu afe biara otwaberɛ mu.
23 而して汝の神ヱホバの前すなはちヱホバのその名を置んとて擇びたまはん處において汝の穀物と酒と油の什一を食ひまた汝の牛羊の首出を食ひ斯して汝の神ヱホバを常に畏るることを學ぶべし
Momfa saa ntotosoɔ dudu yi mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo na momfa nkamfo ne din na monni wɔ nʼanim. Mo aburoo, mo nsa, mo ngo ne mo anantwie ne mo nnwan abakan mmarima nso, monyɛ wɔn saa ara. Ntotosoɔ dudu no botaeɛ ne sɛ, ɛkyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ daa mosuro Awurade, mo Onyankopɔn.
24 但しその路行に勝がたくして之を携へいたること能はざる時または汝の神ヱホバのその名を置んとて擇びたまへる處汝を離るること餘りに遠き時は汝もし汝の神ヱホバの恩惠に潤ふ身ならば
Sɛ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no kwan ware firi mo fie a,
25 その物を金に易へその金を包みて手に執り汝の神ヱホバの擇びたまへる處に往き
motumi tɔn mo afudeɛ ne mo nyɛmmoa ntotosoɔ dudu no kyɛfa gye sika de kɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, akyerɛ mo hɔ.
26 凡て汝の心の好む物をその金に易べし即ち牛羊葡萄酒濃酒など凡て汝が心に欲する物をもとめ其處にて汝の神ヱホバの前にこれを食ひ汝と汝の家族ともに樂むべし
Sɛ moduru hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwie, odwan, bobesa, anaa nsã biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a mo kra pɛ na monni wɔ hɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim, na mo ne mo fiefoɔ ani nnye.
27 汝の門の内にをるレビ人を棄る勿れ是は汝の中間に分なく產業なき者なればなり
Lewifoɔ a wɔfra mo mu no, mommma mo werɛ mfiri wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnni kyɛfa biara a wɔdi so sɛdeɛ mowɔ no.
28 三年の末に到る毎にその年の產物の十分の一を盡く持出してこれを汝の門の内に儲蓄ふべし
Mfeɛ mmiɛnsa biara awieeɛ no, momfa mo mfudeɛ ntotosoɔ dudu no mmra mmɛkora no wɔ kuro a ɛbɛn mu.
29 然る時は汝の中間に分なく產業なきレビ人および汝の門の内にをる他國の人と孤子と寡婦など來りてこれを食ひて飽ん斯せば汝の神ヱホバ汝が手をもて爲ところの諸の事において汝に福祉を賜ふべし
Momfa mma Lewifoɔ a wɔnni kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so no, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so sɛdeɛ wɔbɛtumi adidi amee. Na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nnwuma nyinaa so.

< 申命記 14 >