< コロサイ人への手紙 3 >
1 汝 等もしキリストと共に甦へらせられしならば、上にあるものを求めよ、キリスト彼處に在りて神の右に坐し給ふなり。
Wɔanyan mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei munnwen ɔsoro nneɛma ho, faako a Kristo te, Onyankopɔn nifa so, di hene no.
2 汝ら上にあるものを念ひ、地に在るものを念ふな、
Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnyɛ asase yi so nneɛma.
3 汝らは死にたる者にして、其の生命はキリストとともに神の中に隱れ在ればなり。
Efisɛ moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahintaw wɔ Onyankopɔn mu.
4 我らの生命なるキリストの現れ給ふとき、汝らも之とともに榮光のうちに現れん。
Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanuonyam mu.
5 されば地にある肢體、すなはち淫行・汚穢・情 慾・惡 慾・また慳貪を殺せ、慳貪は偶像 崇拜なり。
Munyi wiase akɔnnɔ te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom no mfi mo abrabɔ mu.
6 神の怒は、これらの事によりて不 從順の子らに來るなり。
Eyinom nti Onyankopɔn abufuw reba.
7 汝らもかかる人の中に日を送りし時は、これらの惡しき事に歩めり。
Bere bi a atwam no, esiane mo akɔnnɔ nti na mobɔ saa bra yi.
8 されど今は凡て此 等のこと及び怒・憤恚・惡意を棄て、譏と恥づべき言とを汝らの口より棄てよ。
Afei munnyae saa nneyɛe yi nyinaa: abufuw, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeyaw obi anaa mommma kasa a ɛho ntew mmfi mo anom.
9 互に虚言をいふな、汝らは既に舊き人とその行爲とを脱ぎて、
Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene
10 新しき人を著たればなり。この新しき人は、これを造り給ひしものの像に循ひ、いよいよ新になりて知識に至るなり。
de nipadua foforo asi anan mu. Moayɛ nnipa afoforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resakra mo wɔ ne suban so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.
11 かくてギリシヤ人とユダヤ人、割禮と無 割禮、あるひは夷狄、スクテヤ人・奴隷・自主の別ある事なし、それキリストは萬の物なり、萬のものの中にあり。
Esiane saa nti, amanamanmufo ne Yudafo, twetiatwafo ne momonotoyɛ, awudifo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu.
12 この故に汝らは神の選民にして聖なる者また愛せらるる者なれば、慈悲の心・仁慈・謙遜・柔和・寛容を著よ。
Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo sɛ ne de, enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre.
13 また互に忍びあひ、若し人に責むべき事あらば互に恕せ、主の汝らを恕し給へる如く汝らも然すべし。
Mommoaboa mo ho mo ho na momfa mo ho mo ho mfomso nkyekyɛ mo ho mo ho. Momfa nkyɛ sɛnea Awurade de kyɛ mo no.
14 凡て此 等のものの上に愛を加へよ、愛は徳を全うする帶なり。
Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
15 キリストの平和をして汝らの心を掌どらしめよ、汝らの召されて一體となりたるはこれが爲なり、汝ら感謝の心を懷け。
Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi.
16 キリストの言をして豐に汝らの衷に住ましめ、凡ての知慧によりて、詩と讃美と靈の歌とをもて、互に教へ互に訓戒し、恩惠に感じて心のうちに神を讃美せよ。
Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.
17 また爲す所の凡ての事、あるひは言あるひは行爲、みな主イエスの名に頼りて爲し、彼によりて父なる神に感謝せよ。
Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
18 妻たる者よ、その夫に服へ、これ主にある者のなすべき事なり。
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea ɛsɛ wɔ Awurade mu.
19 夫たる者よ、その妻を愛せよ、苦をもて之を待ふな。
Okununom, monnodɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew.
20 子たる者よ、凡ての事みな兩親に順へ、これ主の喜びたまふ所なり。
Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
21 父たる者よ、汝らの子供を怒らすな、或は落膽することあらん。
Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu.
22 僕たる者よ、凡ての事みな肉につける主人にしたがへ、人を喜ばする者の如く、ただ眼の前の事のみを勤めず、主を畏れ、眞心をもて從へ。
Asomfo, muntie mo wuranom asɛm wɔ ade nyinaa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ.
23 汝ら何事をなすにも人に事ふる如くせず、主に事ふる如く心より行へ。
Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.
24 汝らは主より報として嗣業を受くることを知ればなり。汝らは主キリストに事ふる者なり。
Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no.
25 不義を行ふ者はその不義の報を受けん、主は偏り視 給ふことなし。
Na obiara a ɔyɛ nea ɛnteɛ no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na obenya a nhwɛanim biara nni mu.