< アモス書 5 >

1 イスラエルの家よ我が汝らに對ひて宣る此言を聽け 是は哀歎の歌なり
Tie asɛm yi, mo Israelfo, saa adwotwa yi fa mo ho:
2 處女イスラエルは仆れて復起あがらず彼は己の地に扑倒さる 之を扶け起す者なし
“Ɔbabun Israel ahwe ase a ɔrensɔre bio, wɔapo no wɔ nʼankasa asase so, na onni obi a ɔbɛma no so.”
3 主ヱホバかく言たまふ イスラエルの家においては前に千人出たる邑は只百人のみのこり前に百人出たる邑は只十人のみのこらん
Nea Otumfo Awurade se ni: “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfo apem ko ma Israel no, mu ɔha pɛ na wɔbɛka; Kurow a ɔde ahoɔdenfo ɔha no, mu du pɛ na wɔbɛka.”
4 ヱホバかくイスラエルの家に言たまふ 汝ら我を求めよ さらば生べし
Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni: “Monhwehwɛ me na munnya nkwa;
5 ベテルを求むるなかれ ギルガルに往なかれ ベエルシバに赴く勿れ ギルガルは必ず擄へられゆきベテルは無に歸せん
Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
6 汝らヱホバを求めよ 然ば生べし 恐くはヱホバ火のごとくにヨセフの家に落くだりたまひてその火これを燒ん ベテルのためにこれを熄す者一人もあらじ
Monhwehwɛ Awurade na munnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef fi te sɛ ogya; ɛbɛhyew, na Bet-El rennya obi anum no.
7 汝ら公道を茵蔯に變じ正義を地に擲つる者よ
Mo a moma atemmu yɛ nwen na mototo trenee ase.
8 昴宿および參宿を造り死の蔭を變じて朝となし晝を暗くして夜となし海の水を呼て地の面に溢れさする者を求めよ 其名はヱホバといふ
Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma, nea ɔdan sum yɛ no adekyee na ɔma awia dan adesae. Nea ɔboaboa po mu nsu ano na ohwie gu asase so, ne din ne Awurade.
9 彼は滅亡を忽然強者に臨ましむ 滅亡つひに城に臨む
Ɔsɛe abandennen ntɛm so na obubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,
10 彼らは門にありて勸戒る者を惡み正直を言ふ者を忌嫌ふ
motan nea ɔteɛteɛ wɔ asennii na mubu nea ɔka nokware animtiaa.
11 汝らは貧き者を踐つけ麥の贐物を之より取る この故に汝らは鑿石の家を建しと雖どもその中に住ことあらじ 美しき葡萄園を作りしと雖どもその酒を飮ことあらじ
Mutiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn. Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de, nanso morentena mu; ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de nanso morennom mu nsa.
12 我知る汝らの愆は多く汝らの罪は大なり 汝らは義き者を虐げ賄賂を取り門において貧き者を推抂ぐ
Na minim mo mmarato dodow ne mo bɔne akɛse no. Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii.
13 是故に今の時は賢き者默す 是惡き時なればなり
Ɛno nti, onyansafo yɛ komm saa mmere yi mu, efisɛ ɛyɛ mmere bɔne.
14 汝ら善を求めよ 惡を求めざれ 然らば汝ら生べし また汝らが言ごとく萬軍の神ヱホバ汝らと偕に在さん
Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa na ɛnyɛ bɔne. Na Asafo Awurade Nyankopɔn bɛka wo ho, sɛnea moka sɛ ɔyɛ no.
15 汝ら惡を惡み善を愛し門にて公義を立よ 萬軍の神ヱホバあるひはヨセフの遺れる者を憐れみたまはん
Munkyi bɔne, na monnɔ papa; Mummu atɛntrenee wɔ asennii. Ebia, Asafo Awurade Nyankopɔn benya ahummɔbɔ ama Yosef nkae no.
16 是故に主たる萬軍の神ヱホバかく言たまふ 諸の街衢にて啼ことあらん 諸の大路にて人哀哉哀哉と呼ん 又農夫を呼きたりて哀哭しめ啼女を招きて啼しめん
Enti nea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni: “Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa so na ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so. Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu na agyamfo abetwa adwo.
17 また諸の葡萄園にも啼こと有べし 其は我汝らの中を通るべければなり ヱホバこれを言たまふ
Wobetwa adwo wɔ bobeturo nyinaa mu, efisɛ mɛnantew mo mu,” sɛnea Awurade se ni.
18 ヱホバの日を望む者は禍なるかな 汝ら何とてヱホバの日を望むや 是は昏くして光なし
Nnome nka wɔn a wɔpɛ sɛ Awurade da no ba! Dɛn nti na mopɛ sɛ Awurade da no ba? Saa da no bɛyɛ sum, na ɛnyɛ hann.
19 人獅子の前を逃れて熊に遇ひ又家にいりてその手を壁に附て蛇に咬るるに宛も似たり
Ɛbɛyɛ te sɛ onipa a oguan fi gyata anim na okohyia sisi, sɛnea owura ne fi de ne nsa to ɔfasu so, na ɔwɔ ka no.
20 ヱホバの日は昏くして光なく暗にして耀なきに非ずや
Na Awurade da no bɛyɛ sum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ sum kabii a hann nsinsan biara nni mu.
21 我は汝らの節筵を惡みかつ藐視む また汝らの集會を悦ばじ
“Mikyi na mepo mo nyamesom mu aponto; mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
22 汝ら我に燔祭または素祭を獻ぐるとも我之を受納れじ 汝らの肥たる犢の感謝祭は我これを顧みじ
Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de, nanso merennye. Mode asomdwoe afɔre brɛ me nanso mʼani rensɔ.
23 汝らの歌の聲を我前に絶て汝らの琴の音は我これを聽じ
Momfa mo nnwonto gyegyeegye no mfi me so! Merentie mo asankuten so nnwom.
24 公道を水のごとくに正義をつきざる河のごとくに流れしめよ
Mmom, momma atɛntrenee nteɛ sɛ asubɔnten, na trenee nyɛ sɛ asuten a ɛrenyow da!
25 イスラエルの家よ汝らは四十年荒野に居し間犠牲と供物を我に獻げたりしや
“Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me mfe aduanan wɔ sare so ana?
26 かへつて汝らは汝らの王シクテを負ひ汝らの偶像キウンを負へり 是即ち汝らの神とする星にして汝らの自ら造り設けし者なり
Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
27 然ば我汝らをダマスコの外に移さん 萬軍の神ととなふるヱホバこれを言たまふ
Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Damasko nohɔ,” sɛnea Awurade a ne din ne Asafo Onyankopɔn se ni.

< アモス書 5 >