< 列王記Ⅱ 10 >

1 アハブ、サマリヤに七十人の子あり茲にヱヒウ書をしたためてサマリヤにおくり邑の牧伯等と長老等とアハブの子等の師傳等とに傳へて云ふ
Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson a wɔtete Samaria. Na Yehu twerɛɛ krataa, kyekyɛ maa kuro no mpanimfoɔ, ntuanofoɔ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmammarima no so no. Na krataa no ka sɛ,
2 汝らの主の子等汝らとともにあり又汝等は車も馬も城もあり且武器もあれば此書汝らの許にいたらば
“Ɔhene mmammarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a,
3 汝らの主の子等の中より最も優れる方正き者を選みだ出してその父の位に置ゑ汝等の主の家のために戰へよ
monyi ɔhene Ahab mmammarima no mu deɛ ɔfata a ɔwɔ mu no, na monsi no mo so ɔhene, na monsiesie mo ho nko mma Ahab fie.”
4 彼ら大に恐れて言ふ二人の王等すでに彼に當ることを得ざりしなれば我儕いかでか當ることを得んと
Nanso, wɔbɔɔ huboa kaa sɛ, “Ahemfo baanu mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ?”
5 乃ち家宰邑宰長老師傳等ヱヒウに言おくりけるは我儕は汝の僕なり凡て汝が我儕に命ずる事を爲ん我儕は王を立るを好まず汝の目に善と見ゆる所を爲せ
Enti, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahemfie hɔ ne kuro no so ne ntuanofoɔ ahodoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmammarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara ɔhene. Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara no, yɛ.”
6 是においてヱヒウ再度かれらに書をおくりて云ふ汝らもし我に與き我言にしたがふならば汝らの主の子なる人々の首をとりて明日の今頃ヱズレルにきたりて吾許にいたれと當時王の子七十人はその師傳なる邑の貴人等とともに居る
Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.” Na Samaria ntuanofoɔ bi na wɔhwɛ ɔhene mmammarima aduɔson no so a wɔatete wɔn firi wɔn mmɔfraase pɛɛ.
7 その書かれらに至りしかば彼等王の子等をとらへてその七十人をことごとく殺しその首を籃につめてこれをヱズレルのヱヒウの許につかはせり
Krataa no duruiɛ ara pɛ, na ntuanofoɔ no kunkumm ɔhene no mmammarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn tiri no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel.
8 すなはち使者いたりてヱヒウに告て人衆王の子等の首をたづさへ來れりと言ければ明朝までそれを門の入口に二山に積おけと言り
Ɔbɔfoɔ kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔde ɔhene mmammarima no tiri no aba.” Enti, Yehu hyɛɛ sɛ, “Mommoaboa ano akuo mmienu wɔ kuro no ɛpono ano, na monnya hɔ nkɔsi adekyeeɛ.”
9 朝におよび彼出て立ちすべての民に言ふ汝等は義し我はわが主にそむきて之を弑したり然ど此すべての者等を殺せしは誰なるぞや
Adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔkasa kyerɛɛ ɛdɔm a ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo soboɔ. Me na mebɔɔ pɔ de tiaa me wura, nam so kumm no. Na hwan na ɔkunkumm yeinom?
10 然ば汝等知れヱホバがアハブの家につきて告たまひしヱホバの言は一も地に隕ず即ちヱホバはその僕エリヤによりて告し事を成たまへりと
Deɛ ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fie ho no ba mu. Awurade nam ne ɔsomfoɔ Elia so daa no adi sɛ yei bɛba mu.”
11 斯てヱヒウはアハブの家に屬する者のヱズレルに遺れるを盡く殺しまたその一切の重立たる者その親き者およびその祭司等を殺して彼に屬する者を一人も遺さざりき
Na Yehu kunkumm Ahab abusuafoɔ a wɔtete Yesreel no ne ne mpanimfoɔ atitire ne nnamfonom ne nʼabosomfoɔ nyinaa. Enti, anka Ahab aseni biara.
12 ヱヒウすなはち起て往てサマリヤに至りしがヱヒウ途にある時牧者の集會所において
Na Yehu firii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nnwanhwɛfoɔ ahɔhodan mu.
13 ユダの王アハジアの兄弟等に遇ひ汝等は何人なるやと言けるに我儕はアハジアの兄弟なるが王の子等と王母の子等の安否を問んとて下るなりと答へたれば
Ɔhyiaa Yudahene Ahasia abusuafoɔ bi. Ɔbisaa sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafoɔ. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmammarima ne ɔhemmaa no.”
14 彼等を生擒れと言り即ちかれらを生擒りその集會所の穴の側にて彼等四十二人を盡く殺し一人をも遺さざりき
Yehu teaam, ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan mmienu no nyinaa kunkumm wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wɔn mu biara annwane.
15 斯てヱヒウ其處より進みゆきしがレカブの子ヨナダブの己を迎にきたるに遭ければその安否をとふてこれに汝の心はわが心の汝の心と同一なるがごとくに眞實なるやと言けるにヨナダブ答へて眞實なりと言たれば然ば汝の手を我に伸よと言ひその手を伸ければ彼を挽て己の車に登らしめて
Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?” Yehonadab buaa sɛ, “Aane.” Yehu toaa so sɛ, “Sɛ wowɔ me ho adwene pa deɛ a, ɛnneɛ, kyea me.” Yehonadab tenee ne nsa ma Yehu kyeaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu.
16 言ふ我とともに來りて我がヱホバに熱心なるを見よと斯かれを己の車に乗しめ
Na Yehu kaa sɛ, “Afei, wo ne me nkɔ, na hunu sɛdeɛ mede me ho ama Awurade no.” Enti, Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔeɛ.
17 サマリヤにいたりてアハブに屬する者のサマリヤに遺れるを盡く殺して遂にその一族を滅せりヱホバのエリヤに告たまひし言語のごとし
Ɛberɛ a Yehu duruu Samaria no, ɔkunkumm Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no.
18 茲にヱヒウ民をことごとく集てこれに言けるはアハブは少くバアルに事たるがヱヒウは大にこれに事へんとす
Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ahab somm Baal kakra; Yehu bɛsom no yie.
19 然ば今バアルの諸の預言者諸の臣僕諸の祭司等を我許に召せ一人も來らざる者なからしめよ我大なる祭祀をバアルのためになさんとするなり凡て來らざる者は生しおかじと但しヱヒウ、バアルの僕等を滅さんとて偽りて斯なせるなり
Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.
20 ヱヒウすなはちバアルの祭禮を設よと言ければ之を宣たり
Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa.
21 是てヱヒウあまねくイスラエルに人をつかはしたればバアルの僕たる者皆きたれり一人も來らずして遺れるものはあらざりき彼等バアルの家にいりたればバアルの家は末より末まで充わたれり
Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire.
22 時にヱヒウ衣裳を掌どる者てむかひ禮服をとりいだしてバアルの凡の僕等にあたへよといひければすなはち禮服をとりいだせり
Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.
23 斯ありてヱヒウはレカブの子ヨナダブとともにバアルの家にいりしがバアルの僕等に言ふ汝等尋ね見て此には只バアルの僕のみあらしめヱホバの僕を一人も汝らの中にあらしめざれと
Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.”
24 彼等犠牲と燔祭を献げんとて入し時ヱヒウ八十人の者を外に置て言ふ凡てわがその手にわたすところの人を一人にても逃れしむる者は己の生命をもてその人の生命に代べしと
Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.”
25 期て燔祭を献ぐることの終りし時ヱヒウその士卒と諸將に言ふ入てかれらを殺せ一人をも出すなかれとすなはち刃をもて彼等を撃ころせり而して士卒と諸將これを投いだしてバアルの家の内殿に入り
Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu.
26 諸の像をバアルの家よりとりいだしてこれを燒り
Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no.
27 即ちかれらバアルの像をこぼちバアルの家をこぼち其をもて厠を造りしが今日までのこる
Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ.
28 ヱヒウかくイスラエルの中よりバアルを絶さりたりしかども
Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu.
29 ヱヒウは尚かのイスラエルに罪を犯させたるネバテの子ヤラベアムの罪に離るることをせざりき即ち彼なほベテルとダンにあるところの金の犢に事たり
Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ.
30 ヱホバ、ヱヒウに言たまひけらく汝わが義と視るところの事を行ふにあたりて善く事をなしまたわが心にある諸の事をアハブの家になしたれば汝の子孫は四代までイスラエルの位に坐せんと
Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu sɛ, “Woayɛ ade sɛ wotiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fiefoɔ. Ne saa enti, mɛma wʼasefoɔ adi ahene wɔ Israel, akɔsi awontoatoasoɔ ɛnan so.”
31 然るにヱヒウは心を盡してイスラエルの神ヱホバの律法をおこなはんとはせず尚かのイスラエルに罪を犯させたるヤラベアムの罪に離れざりき
Nanso, Yehu amfa nʼakoma anni Awurade, Israel Onyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛeɛ no ho.
32 是時にあたりてヱホバ、イスラエルを割くことを始めたまへりハザエルすなはちイスラエルの一切の邊境を侵し
Nna no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ tee Israel asase no kɛseɛ so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so
33 ヨルダンの東においてギレアデの全地ガド人ルベン人マナセ人の地を侵しアルノン河の邊なるアロエルよりギレアデにいたりバシヤンにおよべり
wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a Gilead nyinaa, Gad, Ruben ne Manase ka ho. Ɔdii asase a ɛfiri Aroer kuro a ɛda Arnon Subɔnhwa ho, de kɔsi atifi fam wɔ Gilead ne Basan.
34 ヱヒウのその餘の行爲とその凡て爲たる事むよびその大なる能はイスラエルの王の歴代志の書に記さるるにあらずや
Na Yehu ahennie mu nsɛm a ɛsisiiɛ, ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ ne deɛ ɔtumi yɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
35 ヱヒウその先祖等とともに寝りたればこれをサマリヤに葬りぬその子ヱホアハズこれに代て王となれり
Ɛberɛ a Yehu wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
36 ヱヒウがサマリヤにをりてイスラエルに王たりし間は二十八年なりき
Ne nyinaa mu, Yehu dii adeɛ Israel firii Samaria mfeɛ aduonu nwɔtwe.

< 列王記Ⅱ 10 >