< コリント人への手紙第二 5 >
1 我らは知る、我らの幕屋なる地上の家、壞るれば、神の賜ふ建造物、すなはち天にある、手にて造らぬ、永遠の家あることを。 (aiōnios )
Yenim sɛ sɛ yewu na yegyaw saa nipadua yi a yebenya nipadua foforo a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. (aiōnios )
2 我等はその幕屋にありて歎き、天より賜ふ住所をこの上に著んことを切に望む。
Mprempren, yesi apini pɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho,
efisɛ sɛ wɔde kata yɛn ho a yɛn ho renna hɔ bio.
4 我等この幕屋にありて重荷を負へる如くに歎く、之を脱がんとにあらで、此の上に著んことを欲すればなり。これ死ぬべき者の生命に呑まれん爲なり。
Na sɛ yɛwɔ saa ɔhonam yi mu a, yesi apini na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yegyaw nipadua no, na mmom yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no.
5 我らを此の事に適ふものとなし、その證として御靈を賜ひし者は神なり。
Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakrae yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ nea ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyinade.
6 この故に我らは常に心 強し、かつ身に居るうちは主より離れ居るを知る、
Eyi nti, daa yɛwɔ akokoduru. Yenim sɛ mmere dodow a yɛwɔ saa nipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fi kwan ware.
Efisɛ yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so.
8 斯く心 強し、願ふところは寧ろ身を離れて主と偕に居らんことなり。
Yɛwɔ nkuranhyɛ nti ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebetu afi yɛn fi wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fi.
9 然れば身に居るも身を離るるも、ただ御心に適はんことを力む。
Sɛ yɛwɔ yɛn fi ha anaa nohɔ no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sen biribiara.
10 我等はみな必ずキリストの審判の座の前にあらはれ、善にもあれ惡にもあれ、各人その身になしたる事に隨ひて報を受くべければなり。
Efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase wɔ nipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, wobegyina so abu no atɛn.
11 斯く主の畏るべきを知るによりて人々に説き勸む。われら既に神に知られたり、亦なんぢらの良心にも知られたりと思ふ。
Efisɛ yenim sɛnea yesuro Awurade nti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yiye na mewɔ anidaso sɛ munim me nso wɔ mo koma mu.
12 我等は再び己を汝らに薦むるにあらず、ただ我等をもて誇とする機を汝らに與へ、心によらず外貌によりて誇る人々に答ふることを得させんとするなり。
Yɛrensan nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom yɛrebɔ ho mmɔden sɛnea mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde nnipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no.
13 我等もし心 狂へるならば、神の爲なり、心 慥ならば、汝らの爲なり。
Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, eye ma mo yiyedi.
14 キリストの愛われらに迫れり。我ら思ふに、一人すべての人に代りて死にたれば、凡ての人すでに死にたるなり。
Afei a yɛahu sɛ onipa baako na owu maa nnipa nyinaa wuu bi no nti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Eyi kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wu no mu kyɛfa bi.
15 その凡ての人に代りて死に給ひしは、生ける人の最早おのれの爲に生きず、己に代り死にて甦へり給ひし者のために、生きん爲なり。
Owu maa yɛn nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no.
16 されば今より後われ肉によりて人を知るまじ、曾て肉によりてキリストを知りしが、今より後は斯くの如くに知ることをせじ。
Enti ɛnsɛ sɛ yegyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo bere bi a atwam no na yegyina nnipa adwene so na yehu Kristo a, afei de, yɛrenyɛ saa bio.
17 人もしキリストに在らば新に造られたる者なり、古きは既に過ぎ去り、視よ、新しくなりたり。
Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba.
18 これらの事はみな神より出づ、神はキリストによりて我らを己と和がしめ、かつ和がしむる職を我らに授け給へり。
Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforo ntam mpata dwumadi no ahyɛ yɛn nsa.
19 即ち神はキリストに在りて世を己と和がしめ、その罪を之に負はせず、かつ和がしむる言を我らに委ね給へり。
Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoe asɛnka ho dwumadi no ahyɛ yɛn nsa.
20 されば我等はキリストの使者たり、恰も神の我等によりて汝らを勸め給ふがごとし。我等キリストに代りて願ふ、なんぢら神を和げ。
Enti yɛyɛ asomafo ma Kristo, na ɛte sɛnea Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho.
21 神は罪を知り給はざりし者を我らの代に罪となし給へり、これ我らが彼に在りて神の義となるを得んためなり。
Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn nti Onyankopɔn ma ɔfaa yɛn bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim.