< コリント人への手紙第一 5 >
1 現に聞く所によれば、汝らの中に淫行ありと、而してその淫行は異邦人の中にもなき程にして、或 人その父の妻を有てりと云ふ。
Nnansa yi, wɔkeka sɛ adwaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfoɔ mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere.
2 斯くてもなほ汝ら誇ることをなし、かかる行爲をなしし者の除かれんことを願ひて悲しまざるか。
Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ ho wɔ ho na mompam saa onipa no mfiri mo mu.
3 われ身は汝らを離れ居れども、心は偕に在りて其處に居るごとく、かかる事を行ひし者を既に審きたり。
Ɛwom sɛ me deɛ, me ne mo ntam ɛkwan ware, nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ara pɛ.
4 すなはち汝ら及び我が靈の、我らの主イエスの能力をもて偕に集らんとき、主イエスの名によりて、
Mohyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no enti,
5 斯くのごとき者をサタンに付さんとす、是その肉は亡されて、其の靈は主イエスの日に救はれん爲なり。
ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne onipadua no na Awurade da no duru a, wagye ne honhom nkwa.
6 汝らの誇は善からず。少しのパン種の、粉の團塊をみな膨れしむるを知らぬか。
Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Monim sɛ, “Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no tu.”
7 なんぢら新しき團塊とならんために舊きパン種を取り除け、汝らはパン種なき者なればなり。夫われらの過越の羔羊すなはちキリスト既に屠られ給へり、
Ɛsɛ sɛ moyi saa bɔne mmɔreka dada yi firi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforɔ a mmɔreka nni mu sɛdeɛ menim mo sɛ mote dada no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Afahyɛ Odwan no abɔ afɔdeɛ no, yɛn Twam Afahyɛ no aduru so.
8 されば我らは舊きパン種を用ひず、また惡と邪曲とのパン種を用ひず、眞實と眞との種なしパンを用ひて祭を行ふべし。
Yei enti, mommma yɛmmfa mmɔreka dada a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom, yɛmfa burodo a mmɔreka nni mu na ɛyɛ kronn no nni afahyɛ no.
9 われ前の書にて淫行の者と交るなと書き贈りしは、
Krataa a metwerɛɛ mo no, mekaa wɔ mu sɛ mommfa mo ho mmɔ adwamanfoɔ ho.
10 此の世の淫行の者、または貪欲のもの、奪ふ者、または偶像を拜む者と更に交るなと言ふにあらず(もし然せば世を離れざるを得ず)
Menkyerɛ ewiase yi adwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa akorɔmfoɔ anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne yeinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wofiri ewiase koraa.
11 ただ兄弟と稱ふる者の中に、或は淫行のもの、或は貪欲のもの、或は偶像を拜む者、あるひは罵るもの、或は酒に醉ふもの、或は奪ふ者あらば、斯かる人と交ることなく、共に食する事だにすなとの意なり。
Deɛ mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho sɛ onua nanso ɔbɔ adwaman anaa ɔyɛ oniberefoɔ anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfoɔ. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.
12 外の者を審くことは我の干る所ならんや、汝らの審くは、ただ内の者ならずや。
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mebu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mobu wɔn atɛn?
13 外にある者は神これを審き給ふ。かの惡しき者を汝らの中より退けよ。
Onyankopɔn na ɔbɛbu wɔn a wɔnni asafo no mu atɛn, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Monyi onipa ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.”